Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 7:34 - KYERƐW KRONKRON

34 Onipa ba no aba, odidi na ɔnom, na muse: Hwɛ, onipa didifo ne ɔsanomfo, towgyefo ne nnebɔneyɛfo adamfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

34 Onipa ba no aba, ɔdidi na ɔnom, na mose: Hwɛ, onipa didifoɔ ne ɔsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Onipa Ba no nso aba a odidi na ɔnom a muse, ‘Monhwɛ odidifo ne ɔkɔwensani a ɔyɛ towgyefo ne “nnebɔneyɛfo” adamfo!’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

34 Onipa ba no aba, ɔdidi na ɔnom, na mose: Hwɛ, onipa didifoɔ ne ɔsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Onipa Ba no nso aba a ɔdidi na ɔnom a mose, ‘Monhwɛ odidifoɔ ne ɔsanomfoɔ a ɔyɛ ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo!’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

34 Onipa ba no aba, odidi na ɔnom, na muse: Hwɛ, onipa didifo ne ɔsanomfo, towgyefo ne nnebɔneyɛfo adamfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 7:34
13 Iomraidhean Croise  

Onipa ba no bae, odidi na ɔnom, na wose: Hwɛ, odidifo ne ɔsanomfo, towgyefo ne nnebɔneyɛfo adamfo. Nanso nyansa nam ne nnwuma so di bem.


Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, akatua bɛn na munya? Towgyefo nso nyɛ saa anaa?


Na Farisifo no hui no, wɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo didi yi?


Na ɔrekasa no, Farisini bi srɛɛ no sɛ ɔne no nkodidi; enti ɔkɔɔ mu kɔtenaa ase.


Na ɛbae sɛ homeda bi, ɔkɔɔ Farisifo panyin bi fi no, na wɔretɛw no.


Na Farisifo ne akyerɛwfo no nwiinwii kae sɛ: Oyi gye nnebɔneyɛfo, na ɔne wɔn didi.


Na nkurɔfokuw no hui no, wɔn nyinaa nwiinwii kae sɛ: Ɔkɔ akɔsoɛ ɔbarima a ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo.


Na Lewi tow no pon kɛse bi wɔ ne fi; na towgyefo ne nnipa foforo pii ne wɔn bɛtenaa hɔ.


Na Yohane suboni aba, onnidi na ɔnnom nsa, na muse: Ɔwɔ honhommɔne.


Nanso nyansa mma nyinaa bu no bem.


Na Farisifo no mu biako hyiaa no adidi; na ɔkɔɔ Farisini no fi kɔtenaa adidii.


Ɛnna wɔtow no pon wɔ hɔ, na Marta somee; na Lasaro de, na ɔyɛ wɔn a wɔne no te adidii no mu biako.


Na wɔahyia Yesu ne n’asuafo no nso aba ayeforo no ase bi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan