Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 7:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na ɔbɛn kurow no pon akyi no, hwɛ, wɔso obi a wawu a ɔyɛ ne na ba koro refi adi, na ɔbea no yɛ okunafo; na kurom hɔfo pii ka ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na ɔbɛn kuro no pono akyiri no, hwɛ, na wɔso obi a wawu a ɔyɛ ne na babarima korɔ a wɔde no refiri adie. Na ɔbaa no yɛ okunafoɔ; na na kurom hɔfoɔ pii ka ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Woduu kurotia no, ohuu sɛ wɔrekosie obi. Na owufo no yɛ ɔbea kunafo bi a ɔwɔ kurow no mu no ba barima koro. Na adɔfo bebree di amu no akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Na ɔbɛn kuro no pono akyiri no, hwɛ, na wɔso obi a wawu a ɔyɛ ne na babarima korɔ a wɔde no refiri adie. Na ɔbaa no yɛ okunafoɔ; na na kurom hɔfoɔ pii ka ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔduruu kurotia no, ɔhunuu sɛ wɔrekɔsie obi. Na owufoɔ no yɛ ɔbaa kunafoɔ bi a ɔwɔ kuro no mu no ba barima korɔ. Na adɔfoɔ bebree di amu no akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na ɔbɛn kurow no pon akyi no, hwɛ, wɔso obi a wawu a ɔyɛ ne na ba koro refi adi, na ɔbea no yɛ okunafo; na kurom hɔfo pii ka ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 7:12
20 Iomraidhean Croise  

Na ose: Mfa wo nsa nka abarimaa no, nso nyɛ no hwee, na afei mahu sɛ wusuro Onyankopɔn, na woankame me wo ba koro no.


Na ɔkae sɛ: Fa wo ba, wo ba koro a wodɔ no, Isak, kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ hɔ, wɔ mmepɔw no mu biako a mɛkyerɛ wo so.


Na hwɛ, abusua no nyinaa asɔre ahyɛ w’afenaa na wose: Yi nea ɔbɔɔ ne nua no ma, na ne nua a wadi no awu no kra nti yenkum no na yɛnsɛe ɔdedifo no nso. Na wɔde rebɛhyew m’ase nyinaa, na wɔannyaw din anaa okyikafo bi amma me kunu, asase ani.


Na ose: Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn te ase yi, atode biara nni me nsam, gye asikresam nsa ma a ɛwɔ kuruwa mu ne ngo kakra a ɛwɔ toa mu, na hwɛ, merepɛ mmobaa abien bi makɔ makɔto, na me ne me ba adi na yɛawu.


Na ɔbea no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Wo Onyankopɔn nipa, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Wobaa me nkyɛn sɛ worebɛma wɔakae me bɔne na wɔakum me ba!


Na Elia faa abofra no de no sian fii abansoro pia mu baa ɔdan no mu, na ɔde no brɛɛ ne na, na Elia se: Hwɛ, wo ba no anya nkwa.


Sɔre kɔ Sarefat a ɛyɛ Sidonfo de no, na kɔtena hɔ; na hwɛ, mahyɛ ɔbea kunafo bi hɔ sɛ ɔnhwɛ wo.


Na ɔkae sɛ: Afedan sesɛɛ bere yi mu no, wobɛwo ɔba. Na ose: Nyɛ sa, me wura, Onyankopɔn nipa, nni atoro nkyerɛ w’afenaa.


Na ɔmaa no so de no brɛɛ ne na; na ɔde no tenaa ne nankoroma so kosii owigyinae, na owui.


Nea ɔyɛ ayera no nhyira ba me so, na mema ɔbea kunafo nya abotɔyam.


Na mehwie ɔdom ne nkotɔsrɛ honhom magu Dawid fi ne Yerusalemfo so, na wɔahwɛ nea wɔahwirew me mu no, na wɔatue no so su sɛ ɔba koro so su, na wɔabɔ no so abubuw a ɛyɛ yaw ara sɛ abakan so de.


Na ɛbae sɛ n’adekyee no, ɔkɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Nain mu, na n’asuafo ne nkurɔfo pii ne no kɔe.


Na Awurade huu ɔbea no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na osee no sɛ: Nsu!


na ɔwɔ ɔbabea koro a wadi bɛyɛ sɛ mfirihyia dumien, na ɔda hɔ rewu. Na ɔrekɔ no, na nkurɔfo akuwakuw no kyere no so.


Na wɔn nyinaa resu, na wɔregyam no. Na ose: Munnsu! Na onwui ɛ, na wada.


na Yudafo no mu pii aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wobegyam wɔn, wɔn nua no nti.


Na Petro sɔre ne wɔn kɔe. Na oduu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu, na akunafo no nyinaa begyinaa ne ho a wɔresu, na wɔde ntade ne ntama a Dorka ne wɔn wɔ hɔ no ɔyɛe no kyerɛe.


Na ɔteɛɛ ne nsa de maa no so; na ɔfrɛɛ ahotefo ne akunafo no de no anikan kyerɛɛ wɔn.


Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fi agya Onyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu, na oyi ne ho fi wiase nkekae mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan