Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 5:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na Simon Petro hui no, ɔhwee Yesu anan ase kae sɛ: Fi me nkyɛn kɔ, Awurade, na meyɛ onipa debɔneyɛfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na Simon Petro hunuiɛ no, ɔhwee Yesu nan ase kaa sɛ: Firi me nkyɛn kɔ, Awurade, na meyɛ onipa debɔneyɛni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Simon Petro huu nea aba no, obuu Yesu nkotodwe kae se, “Me wura, mesrɛ wo fi me nkyɛn kɔ na meyɛ ɔdebɔneyɛni a mensɛ sɛ wobɛn me.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na Simon Petro hunuiɛ no, ɔhwee Yesu nan ase kaa sɛ: Firi me nkyɛn kɔ, Awurade, na meyɛ onipa debɔneyɛni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Simon Petro hunuu deɛ aba no, ɔbuu Yesu nkotodwe kaa sɛ, “Me wura, mesrɛ wo, firi me nkyɛn kɔ na meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a mensɛ sɛ wobɛn me.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na Simon Petro hui no, ɔhwee Yesu anan ase kae sɛ: Fi me nkyɛn kɔ, Awurade, na meyɛ onipa debɔneyɛfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 5:8
19 Iomraidhean Croise  

Na Dawid suroo AWURADE da no na ɔkae sɛ: AWURADE adaka no bɛba me nkyɛn dɛn?


Na ɔbea no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Wo Onyankopɔn nipa, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Wobaa me nkyɛn sɛ worebɛma wɔakae me bɔne na wɔakum me ba!


Hwɛ, misua, dɛn na memfa mimmua wo? Me nsa na mede meto m’ano.


Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo na wo ne yɛn nkasa, na yebetie; na mma Onyankopɔn ne yɛn nnkasa, na yɛanwuwu.


Ɛnna mekae sɛ: Minnue, na mayera: Na meyɛ onipa a m’ano ho ntew, na mete ɔman a wɔn ano ho ntew mu, efisɛ ɔhene, asafo AWURADE, na m’aniwa ahu no yi.


Na asuafo no tee no, wɔde wɔn anim butubutuw fam, na wosuroe yiye.


Na wɔkɔɔ dan no mu no, wohuu abofra no ne ne na Maria, na wɔkotow sɔree no; na wobuee wɔn fotow so yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne aduhuam ne kurobow.


Na asraafo ha so panyin no buae sɛ: Owura, mensɛ sɛ wobɛhyɛn me suhyɛ ase, na ka asɛm nko, na m’abofra no ho bɛyɛ no den.


Na wonyamaa wɔn mfɛfo a wɔwɔ ɔkorow biako no mu no sɛ wɔmmra mmeso wɔn mu; na wɔbae, na wɔhyɛɛ akorow abien no mama ma anka ɛreyɛ amem.


Na ɔne wɔn a wɔka ne ho nyinaa, mpataa dodow a woyii no nti, wɔn ho dwiriw wɔn;


Ɛnna Maria duu faako a Yesu wɔ hɔ na ohuu no no, ɔkotow ne nan ase ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuammarima anwu.


Na sesɛɛ de, yɛnam ahwehwɛ so hu ade wɔ bɛ mu, na ɛno mu de, anim ne anim; sesɛɛ de, mihu ade fa-ne-fa, na ɛno mu de, mehu ade mua sɛnea wɔahu me nso yi.


Na mihuu no no, mehwee ne nan ase sɛ owufo, na ɔde ne nsa nifa too me so ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, mene ɔkannifo ne okyidifo,


Na Manoa ka kyerɛɛ ne yere sɛ: Owu na yɛrebewuwu, sɛ yɛahu Nyankopɔn yi.


Na Bet-semesfo no kae sɛ: Hena na obetumi agyina AWURADE, Onyankopɔn kronkronni yi anim, na hena nkyɛn na omfi yɛn nkyɛn nkɔ?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan