Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 4:7 - KYERƐW KRONKRON

7 enti sɛ wokotow sɔre me a, ne nyinaa bɛyɛ wo dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 enti sɛ wokoto sɔre me a, ne nyinaa bɛyɛ wo dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “Sɛ wobɛkotow, asom me a, mede ahenni ahorow yi ne mu tumi ne anuonyam nyinaa a wɔde ahyɛ me nsa yi bɛma wo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 enti sɛ wokoto sɔre me a, ne nyinaa bɛyɛ wo dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “Sɛ wobɛkoto, asom me a, mede ahennie ahodoɔ yi ne emu tumi ne animuonyam nyinaa a wɔde ahyɛ me nsa yi bɛma wo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 enti sɛ wokotow sɔre me a, ne nyinaa bɛyɛ wo dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 4:7
11 Iomraidhean Croise  

Na ahene nyinaa bɛkotow asɔre no, amanaman nyinaa bɛsom no.


Sɛ AWURADE se ni: Misraim adwumade ne Etiopia aguade a wonyae, ne Sebafo, mmarima atenten no, bɛsen aba wo nkyɛn abɛyɛ wo de. Wobedi w’akyi; nkyehama mu na wɔbɛsen aba abɛsɔre wo, na wɔabɔ wo mpae sɛ: Ampa, wo mu na Onyankopɔn wɔ, na obi nni hɔ bio; Onyankopɔn bi nni baabi.


Wɔn a, wohwie sika fi fotow mu, na wɔde nsenia kari dwetɛ; wɔbɔ sikadwumfo paa sɛ ɔnyɛ no onyame, wɔkotow, na wɔsɔre no.


Na wɔkɔɔ dan no mu no, wohuu abofra no ne ne na Maria, na wɔkotow sɔree no; na wobuee wɔn fotow so yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne aduhuam ne kurobow.


na ɔde n’anim butuw fam wɔ ne nan ase daa no ase. Ɔno de, ɔyɛ Samariani.


Na ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: Wo na mede tumi yi nyinaa ne emu anuonyam mɛma wo; na wɔde ahyɛ me nsa, na obiara a mepɛ no, mede ma no;


Na Yesu buaa no sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Sɔre Awurade wo Nyankopɔn, na ɔno nko na som no!


Na ohuu Yesu no, ɔteɛɛm dennen hwee ase n’anim, na ɔde nne kɛse kae sɛ: Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Mesrɛ wo sɛ nhaw me!


Na me, Yohane, ne nea ohuu nneɛma yi na ɔtee. Na metee na mihui no, mehwee ase sɛ merekotow ɔbɔfo a ɔkyerɛɛ me nneɛma yi nan ase.


mpanyimfo aduonu anan no hwehwe nea ɔte ahengua no so no anim ase, na wɔkotow nea ɔte ase daa daa no, na woyiyi wɔn abotiri no gu ahengua no anim to dwom sɛ:


Na ogyee nhoma no no, ateasefo baanan no ne mpanyimfo aduonu anan no hwehwee oguammaa no anim, wɔn nyinaa kurakura asanku ne sika ayowa a ohuam ayɛ no mama a ɛyɛ ahotefo mpaebɔ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan