Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 4:41 - KYERƐW KRONKRON

41 Na ahonhommɔne nso fii nnipa pii mu kɔe, na wɔteɛɛm sɛ: Wone Nyankopɔn ba no! Na ɔteɛteɛɛ wɔn, wamma wɔankasa, efisɛ wonim sɛ ɔne Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

41 Na ahonhommɔne nso firii nnipa pii mu kɔe, na wɔteaa mu sɛ: Wone Nyankopɔn ba no! Na ɔteateaa wɔn, wamma wɔankasa, ɛfiri sɛ wɔnim sɛ ɔne Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Ahohommɔne fii nnipa no pii mu a na wɔreteɛteɛ mu se, “Wone Onyankopɔn Ba no.” Nanso Yesu kaa wɔn anim, hyɛɛ wɔn sɛ wommua wɔn ano, efisɛ na ahonhommɔne no nim sɛ ɔno ne Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

41 Na ahonhommɔne nso firii nnipa pii mu kɔe, na wɔteaa mu sɛ: Wone Nyankopɔn ba no! Na ɔteateaa wɔn, wamma wɔankasa, ɛfiri sɛ wɔnim sɛ ɔne Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Ahohommɔne firii nnipa no pii mu firiiɛ a na wɔreteateam sɛ, “Wone Onyankopɔn Ba no.” Nanso, Yesu kaa wɔn anim, hyɛɛ wɔn sɛ wɔmmua wɔn ano, ɛfiri sɛ, na ahonhommɔne no nim sɛ ɔno ne Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

41 Na ahonhommɔne nso fii nnipa pii mu kɔe, na wɔteɛɛm sɛ: Wone Nyankopɔn ba no! Na ɔteɛteɛɛ wɔn, wamma wɔankasa, efisɛ wonim sɛ ɔne Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 4:41
14 Iomraidhean Croise  

Na Yesu muaa n’ano. Na ɔsɔfo panyin no ka kyerɛɛ no sɛ: Meka Onyankopɔn teasefo no sɛ, sɛ wone Kristo, Onyankopɔn ba no a, ka kyerɛ yɛn.


Na ɔsɔhwɛfo no baa ne nkyɛn besee no sɛ: Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na abo yi nnan abodoo.


Na eduu anwummere no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne bebree brɛɛ no; na ɔde n’anom asɛm tuu ahonhommɔne no, na ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yare.


Na hwɛ, wɔteɛteɛɛm sɛ: Dɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Onyankopɔn ba? Wobaa ha sɛ wobɛyɛ yɛn ayayade ansa na bere no adu anaa?


Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, na kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na kɔma ayɛyɛde a Mose hyɛe no, na ɛnyɛ wɔn adanse.


Na Yesu teɛteɛɛ no sɛ: Mua w’ano na fi no mu kɔ!


Na eduu anwummere a owia kɔtɔe no, wɔde wɔn a wɔn ho nyɛ wɔn den ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne nyinaa brɛɛ no.


Na ɔsaa nnipa bebree a wɔyare nyarewa ahorow pii yare, na otuu ahonhommɔne bebree, na wamma ahonhommɔne no kwan sɛ wɔnkasa, efisɛ wonim no.


Na ahonhom fi nso hu no a, wɔhwehwe ase n’anim, na wɔteɛm sɛ: Wone Nyankopɔn ba no.


Na obegyinaa n’atifi teɛteɛɛ atiridii no, na egyaa no. Na amonom hɔ ara ɔsɔre bɛsom wɔn.


Na eyinom na wɔakyerɛw sɛ munnye nni sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn Ba, na mugye di a, moanya nkwa ne din mu.


Wugye di sɛ Onyankopɔn yɛ biako; woyɛ no yiye; ahonhommɔne nso gye di, na wɔn ho popo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan