Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 4:25 - KYERƐW KRONKRON

25 Na meka no nokwarem, Elia bere so a ɔsoro mu toe mfirihyia abiɛsa ne asram asia na ɔkɔm kɛse baa asase no nyinaa so no, akunafo pii wɔ Israel de,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

25 Na meka no nokorɛ mu, Elia berɛ so a ɔsoro mu too mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia, na ɛkɔm kɛseɛ baa asase no nyinaa soɔ no, akunafoɔ pii wɔ Israel deɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Nokware ni, Elia bere so no, na mmea akunafo bebree wɔ Israelman mu. Saa bere no osu antɔ mfe abiɛsa ne asram asia enti ɛmaa ɔkɔm kɛse baa ɔman no nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

25 Na meka no nokorɛ mu, Elia berɛ so a ɔsoro mu too mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia, na ɛkɔm kɛseɛ baa asase no nyinaa soɔ no, akunafoɔ pii wɔ Israel deɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Nokorɛ mu, Elia ɛberɛ so no, na mmaa akunafoɔ bebree wɔ Israelman mu. Saa ɛberɛ no osuo antɔ mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia enti ɛmaa ɛkɔm kɛseɛ baa ɔman no nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Na meka no nokwarem, Elia bere so a ɔsoro mu toe mfirihyia abiɛsa ne asram asia na ɔkɔm kɛse baa asase no nyinaa so no, akunafo pii wɔ Israel de,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 4:25
12 Iomraidhean Croise  

Na Tisbini Elia a ofi Gilead atubrafo no mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a migyina n’anim te ase yi, obosu anaa osu rentɔ mfe yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!


Na ɛnyɛ m’adwene ne mo adwene na ɛnyɛ mo akwan ne m’akwan, AWURADE asɛm ni;


anaasɛ minni ho kwan sɛ mede me ara m’ade meyɛ nea mepɛ anaa? Sɛ me yam ye nti na w’ani abere yi?


Ɛdɔn no ara mu ne ho san no honhom mu, na ɔkae sɛ: Agya, ɔsoro ne asase Wura, miyi wo ayɛ sɛ wode nneɛma yi ahintaw anyansafo ne animdefo, na woayi akyerɛ nkokoaa. Yiw, Agya, ne saa na ɛyɛ anisɔ wɔ w’anim.


Na osee Mose sɛ: Nea mihu no mmɔbɔ no ara na mehu no mmɔbɔ, na nea me yam hyehye me ma no no ara na me yam bɛhyehye me ama no.


Ɛnne, onipa, hena ne wo a wutuatua Onyankopɔn asɛm ano? So annwene bese ɔnwemfo sɛ: Dɛn nti na woyɛɛ me sɛɛ?


Ɔno ara Kristo mu na wɔayɛ yɛn adedifo nso, sɛnea ɔyɛ nneɛma nyinaa, ne pɛ agyinatu so no, bɔɔ ne tirim hyehyɛ too hɔ no,


Ɔma yehuu ne pɛ ahintasɛm, sɛnea n’anisɔ a ɛyɛ n'atirimpɔw no te.


Na Elia yɛ onipa te sɛ yɛn ara, na ɔbɔɔ mpae dennen sɛ osu nntɔ. Na osu antɔ asase so mfirihyia abiɛsa ne asram asia.


Eyinom wɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu na osu ntɔ wɔn adiyi nna no mu, na wɔwɔ nsu so tumi sɛ wɔma ɛdan mogya, ne sɛ wɔde haw biara haw asase da biara a wɔpɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan