Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 4:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Na ɔbaa Nasaret a wɔtetew no wɔ hɔ no, na homeda, sɛnea ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔsɔre gyinae sɛ ɔrebɛkenkan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na ɔbaa Nasaret a wɔtetee no wɔ hɔ no, na homeda, sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔsɔre gyinae sɛ ɔrebɛkenkan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Yesu baa Nasaret, kurow a ne mmofraase wɔtetew no wɔ mu no mu. Na sɛnea ɔtaa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu homeda. Ɔsɔre kɔɔ anim sɛ ɔrekɔkenkan Kyerɛwsɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Na ɔbaa Nasaret a wɔtetee no wɔ hɔ no, na homeda, sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔsɔre gyinae sɛ ɔrebɛkenkan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Yesu baa Nasaret, kuro a ne mmɔfraase wɔtetee no wɔ mu no mu. Na sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu homeda. Ɔsɔre kɔɔ anim sɛ ɔrekɔkenkan Atwerɛsɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na ɔbaa Nasaret a wɔtetew no wɔ hɔ no, na homeda, sɛnea ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔsɔre gyinae sɛ ɔrebɛkenkan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 4:16
14 Iomraidhean Croise  

Na ɔba bɛtenaa kurow bi a wɔfrɛ no Nasaret mu, na nea odiyifo no kae no aba mu sɛ: Wɔbɛfrɛ no Nasareni.


Na wowiee amanne nyinaa yɛ sɛnea Awurade mmara kyerɛ no, wɔsan kɔɔ wɔn kurow Nasaret a ɛwɔ Galilea mu.


Na odii mfirihyia dumien no, wɔkɔe sɛnea afahyɛ no ho amanne te.


Na ɔne wɔn siim san kɔɔ Nasaret, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn. Na ne na de nsɛm yi nyinaa siee ne komam.


Na ɔkyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na wɔn nyinaa hyɛɛ no anuonyam.


Na wɔde odiyifo Yesaia nhoma hyɛɛ ne nsa; na ɔtrɛw nhoma no mu huu faako a wɔakyerɛw sɛ:


Na ofii ase ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnnɛ na kyerɛwsɛm yi aba mu mo asom.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ampa ara, mode bɛ yi bebu me sɛ: Ɔsafo, sa wo ho yare! Nneɛma a yɛate sɛ woyɛe Kapernaum no, yɛ bi w’agya kurom ha nso!


Yesu buaa no sɛ: Me de, mekasae pefee mekyerɛɛ wiase; daa mekyerɛkyerɛe hyiadan mu ne asɔrefi, faako a Yudafo nyinaa ahyia, na kokoam de menkaa hwee.


Na sɛnea Paulo taa yɛ no, ɔkɔɔ wɔn nkyɛn homeda abiɛsa ne wɔn kɔyɛɛ Kyerɛw nsɛm no ho mpɛnsɛmpɛnsɛmu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan