Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 4:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no san fii Yordan ho, na Honhom no de no kɔɔ sare so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no sane firii Yordan ho, na Honhom no de no kɔɔ ɛserɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no fii Asubɔnten Yordan ho maa Honhom no de no kɔɔ Yudea sare so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no sane firii Yordan ho, na Honhom no de no kɔɔ ɛserɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no firii Asubɔnten Yordan ho maa Honhom no de no kɔɔ Yudea ɛserɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no san fii Yordan ho, na Honhom no de no kɔɔ sare so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 4:1
19 Iomraidhean Croise  

Na sɛ me de, mifi wo nkyɛn mekɔ a, AWURADE honhom bɛma wo so akɔ baabi a minnim, na sɛ meka mekyerɛ Ahab na wanhu wo a, obekum me. Na me, w’akoa de, mifi me mmofraase misuro AWURADE.


Na ɔno de, ɔnantew sare so da koro kwan na ɔkɔtenaa sisia bi ase, na ɔsrɛe sɛ ne kra nwu. Na ɔkae sɛ: Ɛdɔɔso, afei, AWURADE, fa me kra, na minnye mensen m’agyanom.


AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, efisɛ AWURADE asra me sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufo; wasoma me sɛ memmɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ mempae ahofadi menkyerɛ nnommum, ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfo;


Na honhom no maa me so faa me kɔe: Mede awerɛhow na ɛkɔe, me honhom anibere no mu, na AWURADE nsa yɛɛ me so den.


Na wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, ofii nsu no mu, na hwɛ, ntɛm ara ɔsoro bue maa no, na ohuu Onyankopɔn Honhom sɛ ɛresian sɛ aborɔnoma reba no so.


Na Honhom no ma ɔkɔɔ asɔrefi hɔ; na abofra Yesu no awofo de no bae sɛ wɔrebɛyɛ sɛnea mmara no te ama no no,


Na ɔbaa Yordan ho, asase nyinaa so bɛkaa adwensakra asubɔ a ɛde kɔ bɔnefakyɛ mu,


Enos ba, Set ba, Adam ba, Onyankopɔn ba.


Na Yesu nam Honhom Kronkron no ahoɔden mu san baa Galilea, na ne ho asɛm trɛwee asase a atwa ahyia no so nyinaa.


Awurade honhom wɔ me so, na enti wasra me sɛ memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafo; wasoma me sɛ memmɛka ogye menkyerɛ nnommum ne adehu menkyerɛ anifuraefo, na memmrɛ wɔn a wɔapɛtɛw wɔn no fawohodi,


Na Yohane dii adanse sɛ: Mihuu Honhom no sɛ ofi soro resian sɛ aborɔnoma, na ɔbɛtenaa no so.


Na nea Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm; na Onyankopɔn nsusuw Honhom ansa na ɔde ma.


de besii da a ɔnam Honhom Kronkron so maa asomafo a ɔpaw wɔn no ahyɛde, na wɔfaa no kɔɔ soro no ho no.


Yesu a ofi Nasaret: sɛnea Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na okyinii yɛɛ yiye, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn so no yare, efisɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Na wofi asu no mu reba no, Awurade honhom hwim Filipo, na opiani no anhu no bio; na ɔde anigye kɔɔ ne kwan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan