Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 21:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔkae sɛ: Nokware mise mo sɛ, okunafo hiani yi de bebree abegu mu sen wɔn nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔkaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, okunafoɔ hiani yi de bebree abɛgu mu sene wɔn nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Yesu ka kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ asɔredan mu hɔ no se, “Nokware ni, afɔre a okunafo hiani yi bɛbɔɔ no som bo sen afɔre akɛseakɛse a asikafo no bɛbɔɔ no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔkaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, okunafoɔ hiani yi de bebree abɛgu mu sene wɔn nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Yesu ka kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ asɔredan mu hɔ no sɛ, “Nokorɛ mu, afɔdeɛ a okunafoɔ hiani yi bɛbɔeɛ no som bo sene afɔdeɛ akɛseakɛseɛ a asikafoɔ no bɛbɔeɛ no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔkae sɛ: Nokware mise mo sɛ, okunafo hiani yi de bebree abegu mu sen wɔn nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 21:3
13 Iomraidhean Croise  

Nokware mise mo sɛ, ɔbɛma wadi nea ɔwɔ nyinaa so.


Na ohuu ɔbea kunafo hiani bi nso a ɔde mpɛsewa abien beguu mu.


Na eyinom nyinaa fi nea wɔwɔ na aboro wɔn so no mu na wɔde bi abegu mu, nanso oyi de, ofi ne hia mu de n’asetena mu ade a ɔwɔ nyinaa na abegu mu.


Na meka no nokwarem, Elia bere so a ɔsoro mu toe mfirihyia abiɛsa ne asram asia na ɔkɔm kɛse baa asase no nyinaa so no, akunafo pii wɔ Israel de,


Na nokware mise mo sɛ: Wɔn a wogyina ha yi mu binom wɔ hɔ a wɔrenka owu nhwɛ kosi sɛ wobehu Onyankopɔn ahenni ansa.


Na Petro buee n’ano kae sɛ: Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim,


Na wohyiae ampa tiaa w’abofra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman,


Na sɛ koma a ɛpɛ wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛnea onii no wɔ ade, na ɛnyɛ sɛnea onni.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan