Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 2:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na Awurade bɔfo begyinaa wɔn nkyɛn, na Awurade anuonyam haran twaa wɔn ho hyiae, na ehu kɛse kaa wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na Awurade bɔfoɔ bɛgyinaa wɔn nkyɛn, na Awurade animuonyam hran twaa wɔn ho hyiae, na ehu kɛseɛ kaa wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Mpofirim, ɔsoro ɔbɔfo baa wɔn nkyɛn, na Onyankopɔn anuonyam hyerɛn twaa wɔn ho hyia maa wɔn ho dwiriw wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na Awurade bɔfoɔ bɛgyinaa wɔn nkyɛn, na Awurade animuonyam hran twaa wɔn ho hyiae, na ehu kɛseɛ kaa wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Mpofirim, ɔsoro ɔbɔfoɔ baa wɔn nkyɛn, na Onyankopɔn animuonyam hyerɛn twaa wɔn ho hyiaeɛ, na ɛmaa wɔn ho dwirii wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na Awurade bɔfo begyinaa wɔn nkyɛn, na Awurade anuonyam haran twaa wɔn ho hyiae, na ehu kɛse kaa wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 2:9
27 Iomraidhean Croise  

Na omununkum no nti amma asɔfo no antumi annyina ansom, efisɛ AWURADE anuonyam ahyɛ AWURADE dan no ma.


Na Aaron rekasa akyerɛ Israelfo asafo nyinaa no, wɔdannan wɔn ani kyerɛɛ sare so, na hwɛ, Awurade anuonyam yii adi omununkum no mu.


na anɔpa na mubehu Awurade anuonyam, efisɛ wate mo anwiinwii a munwiinwii hyɛ Awurade no; na yɛn de, dɛn ne yɛn na munwiinwii hyɛ yɛn?


nhwiren ara na ebegu, ahosɛpɛw ne osebɔ mu ara na ebedi ahurusi; wɔde Lebanon anuonyam, Karmel ne Saron ahyehyɛde, bɛma no; wobehu AWURADE anuonyam, yɛn Nyankopɔn ahyehyɛde no.


Na AWURADE anuonyam beyi ne ho adi, na ɔhonam nyinaa abom ahu, efisɛ AWURADE ano na aka.


Sɔre haran, na wo hann aba, na AWURADE anuonyam apue wo so.


Ɛnna mesɔre mifi mekɔɔ obon no mu, na hwɛ, AWURADE anuonyam no gyina hɔ sɛ anuonyam a mihui asu Kebar ho no; na mede m’anim mibutuw fam.


Na ɔredwennwene eyinom no, hwɛ, Awurade bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ no ɔdae mu sɛ: Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na nea ɔyem no no fi Honhom Kronkron mu.


Na ɔbɔfo no baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Ei, ma w’ani nnye, wo a wɔadom wo! Awurade ka wo ho.


Na nguanhwɛfo bi wɔ saa asase no so da wuram rewɛn wɔn nguankuw anadwo.


Na ɛbae sɛ eyi yɛɛ wɔn tirim keserenee no, hwɛ, mmarima baanu begyinaa wɔn nkyɛn a wɔhyɛ ntade a ɛhyerɛn.


Yesaia kaa eyinom, efisɛ ohuu n’anuonyam, na ne ho asɛm na ɔkae.


Na hwɛ, Awurade bɔfo begyinaa ne nkyɛn, na ɔdan no mu hɔ haranee; na ɔbɔɔ Petro nkyɛn mu nyan no sɛ: Sɔre ntɛm! Na ne nkɔnsɔnkɔnsɔn no fii ne nsa gui.


Na anadwo yi, Onyankopɔn a meyɛ ne de na mesom no no bɔfo begyinaa me nkyɛn


Na Awurade bɔfo behiɛɛ afiase no apon anadwo, na ɔde wɔn fii adi kae sɛ:


Na yɛn nyinaa de yɛn ani a ɛso da hɔ hwɛ Awurade anuonyam no, sɛ wɔhwɛ ahwehwɛ mu, na wɔsakra yɛn kɔ suban koro no ara mu fi anuonyam mu kɔ anuonyam mu, na eyi fi Awurade honhom no ara.


Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkae sɛ hann mfi sum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn koma mu, sɛ Onyankopɔn anuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ nharan.


Na ade a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahintasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi ɔhonam mu, wobuu no bem honhom mu, oyii ne ho kyerɛɛ abɔfo, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wogyee no dii ewiase, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, anuonyam mu.


Na nea epuei no yɛ hu pii nti, Mose kae sɛ: Misuro, na me ho popo!


Na eyinom akyi no, mihuu ɔbɔfo foforo sɛ ofi soro resian ba, na ɔwɔ tumi kɛse, na n’anuonyam nti asase haranee.


Na mihuu ahengua fitaa kokuroo ne nea ɔte so a asase ne ɔsoro guan n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan