Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 2:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Eyi ne ɔkan a edi kan bere a Kirenio yɛ Siria amrado no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Yei ne ɔkan a ɛdi kan berɛ a na Kirenio yɛ Siria amrado no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Saa nnipakan yi ne nea edi kan wɔ Kirenio a ɔyɛ amrado wɔ Siria no bere so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Yei ne ɔkan a ɛdi kan berɛ a na Kirenio yɛ Siria amrado no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Saa nnipakan yi ne deɛ ɛdi ɛkan a wɔkanee wɔ Kirenio a ɔyɛ amrado wɔ Siria no berɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Eyi ne ɔkan a edi kan bere a Kirenio yɛ Siria amrado no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 2:2
9 Iomraidhean Croise  

Na ne ho asɛm trɛw kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyare, wɔn a ɔhaw horow akita wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wɔyare otwa, ne wɔn a wɔyare mmubui nyinaa brɛɛ no na ɔsaa wɔn yare.


Nna no mu no, mmara bi fi Kaesare Augusto nkyɛn bae sɛ wɔnkan wiasefo nyinaa nkyerɛw wɔn din.


Na nnipa no nyinaa kɔɔ wɔn kurom kɔkyerɛw wɔn din.


Na Kaesare Tiberio ahenni afe a ɛto so dunum mu no, na Pontio Pilato di Yudea amrado, na Herode di Galilea mansinhene, na ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti asase so, Lisania di Abilene mansinhene,


Ɔno na na ɔka amrado Sergio Paulo a ɔyɛ ɔbadwemma ho. Ɔno na ɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, efisɛ ɔpɛ Onyankopɔn asɛm atie.


Na Galio di Akaia amrado no, Yudafo no de anokoro sɔre hyɛɛ Paulo, na wɔde no kɔɔ asɛnni agua anim


Klaudio Lisia de eyi kyia amrado pa Felike.


Na ɔhene ne amrado ne Berenike ne wɔn a wɔne wɔn te hɔ no sɔree,


Oyi akyi no, Galileani Yuda sɔree kan nna no mu, na ɔtwee nkurɔfo bebree dii n’akyi; na ɔno nso wui, na wɔn a wotiee no nyinaa bɔ petee.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan