Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 17:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Anka eye ma no sɛ wɔde owiyammo kyekyere ne kɔn mu kɔtow no kyene po mu sen sɛ ɔbɛto nketewa yi mu biako hintidua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Anka ɛyɛ ma no sɛ wɔde ayuyammoɔ kyekyere ne kɔn mu kɔto no twene ɛpo mu sene sɛ ɔbɛto nketewa yi mu baako suntidua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Eye ma saa onipa no sɛ wɔde ɔbo a mu yɛ duru bi bɛsen ne kɔn mu atow no akyene po mu sen sɛ ɔbɛto nkumaa yi mu baako hintidua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Anka ɛyɛ ma no sɛ wɔde ayuyammoɔ kyekyere ne kɔn mu kɔto no twene ɛpo mu sene sɛ ɔbɛto nketewa yi mu baako suntidua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛyɛ ma saa onipa no sɛ wɔde ɛboɔ a emu yɛ duru bi bɛsɛn ne kɔn mu ato no atwene ɛpo mu sene sɛ ɔbɛto nkumaa yi mu baako suntidua ama wayɛ bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Anka eye ma no sɛ wɔde owiyammo kyekyere ne kɔn mu kɔtow no kyene po mu sen sɛ ɔbɛto nketewa yi mu biako hintidua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 17:2
13 Iomraidhean Croise  

Ɔbɛyɛn ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo, obeturu nguammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nguan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛoo.


Afoa, sɔre hyɛ me guanhwɛfo ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no, asafo Awurade asɛm ni; bɔ oguanhwɛfo no, na nguan no mpete, na mɛdan me nsa aba nkumaa no so.


Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na yɛrento wɔn hintidua nti, kɔ mpoano kɔto darewa, na apataa a ɔbɛba kan no, wubue n’anom a, wubehu dwetɛbona wɔ mu, ɛno na fa kɔma ma me ne wo.


Monhwɛ, na moammu nkumaa yi mu biako abomfiaa; na mise mo sɛ ɔsoro no, wɔn abɔfo hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa.


Saa ara na ɛnyɛ mo agya a ɔwɔ soro no apɛde sɛ nkumaa yi mu biako bɛyera.


Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw ne ho de, nanso onipa a obeyi Onipa Ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka eye ma no.


Na obiara a ɔbɛto nketewa yi a wogye me di no mu biako hintidua no, eye ma no mmom sɛ wɔde owiyammo kɛse sɛn ne kɔn mu, na wɔde no kɔto po mu.


Ɛnna wodidi wiei no, Yesu see Simon Petro sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me sen eyinom? Osee no sɛ: Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛn me nguammaa!


Na me de, mamfa eyinom biara anyɛ hwee. Na mankyerɛw eyinom sɛ wɔnyɛ no saa mma me; na eye ma me mmom sɛ anka miwu kyɛn sɛ obi bɛma m’ahohoahoa ayɛ kwa.


Wɔn a wɔyɛ mmerɛw no, meyɛɛ me ho sɛnea ɔyɛ mmerɛw memaa wɔn, na manya wɔn a wɔyɛ mmerɛw no; mede me ho meyɛɛ ade nyinaa memaa nnipa nyinaa, na ɛyɛ dɛn ara a, magye ebinom nkwa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan