Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 16:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na ofiepanyin no kae ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn, efisɛ me wura rebegye me panyinni afi me nsam? Minni ahoɔden a mede betutu, na ahua nso yɛ me aniwu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na efiepanin no kaa ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn? Ɛfiri sɛ me wura rebɛgye me paninnie afiri me nsam. Menni ahoɔden a mede mɛtutuo, na ahwa nso yɛ me aniwuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 “Ofi sohwɛfo no kaa wɔ ne tirim se, ‘Menyɛ dɛn ni? Nnɛ a wɔrepam me afi fie ha yi, ɛhe na mɛfa? Minni ahoɔden a mede bɛdɔw, na mefɛre nso sɛ mɛsrɛsrɛ ade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na efiepanin no kaa ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn? Ɛfiri sɛ me wura rebɛgye me paninnie afiri me nsam. Menni ahoɔden a mede mɛtutuo, na ahwa nso yɛ me aniwuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “Efie sohwɛfoɔ no kaa wɔ ne tirim sɛ, ‘Menyɛ ɛdeɛn ni? Ɛnnɛ a wɔrepam me afiri efie ha yi, ɛhe na mɛfa? Menni ahoɔden a mede bɛdɔ, ɛnna mefɛre nso sɛ mɛsrɛsrɛ adeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ofiepanyin no kae ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn, efisɛ me wura rebegye me panyinni afi me nsam? Minni ahoɔden a mede betutu, na ahua nso yɛ me aniwu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 16:3
26 Iomraidhean Croise  

Na Haman baa mu. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Dɛn na wɔnyɛ onipa a ɔhene pɛ no nidi no? Na Haman see ne koma mu sɛ: Hena bio mpo na ɔhene pɛ sɛ odi no ni sen me ara?


Onihawfo kra kɔn dɔ, na onnya, na nsiyɛfo kra bɛdɔ srade.


Onihawfo kwan te sɛ nsɔe ban, na teefo kwan yɛ petee.


Nea ɔtoto n’adwuma ase nso, ɔdesɛefo nua ne no.


Anihaw yɛ nnahɔɔ, na ɔkra kwaadwofo bedi kɔm.


Awɔw nti Ɔkwadwofo mfɛtɛw, enti twabere mu ɔbɛhwehwɛ biribi, nso ɔrennya hwee.


Nea ɔkokɔ n’akoa fi ne mmofraase no, akyiri no ɔbɛyɛ sɛ ɔba.


Na mobɛyɛ dɛn asotwe da no ne ɔsɛe a efi akyirikyiri reba no mu? Hena nkyɛn na mubeguan akogye ɔboa, na ɛhe na mubegyaw mo agyapade no?


Adiyifo hyɛ nkɔntoro, na asɔfo nam wɔn so di wɔn koko so asɛm; me man nso pɛ no sa, nanso n’awiei no, mobɛyɛ no dɛn?


Dɛn na mobɛyɛ afahyɛ da no ne AWURADE dapɔnna no?


Na eduu anwummere no, bobe turo wura no ka kyerɛɛ n’abofra panyin sɛ: Frɛ adwumayɛfo no, na ma wɔn wɔn apaabɔde fi wɔn a wodi akyiri so kosi wɔn a wodi kan so.


Na woduu Yeriko. Na ɔne n’asuafo no ne nkurɔfokuw bebree refi Yeriko akɔ no, na Timeo ba Bartimeo, onifuraefo no, te kwankyɛn resrɛsrɛ ade.


Na osusuw ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn? Efisɛ minni nea mede me nnɔbae mesie.


Na ɔfrɛɛ no see no sɛ: Ɛdɛn na mete wɔ wo ho yi! Bebu wo panyinni ho akontaa, na worenni panyin bio.


Na ohiani bi a watutu akuru nso tenaa ase a wɔfrɛ no Lasaro a wɔde no akɔto n’abobow ano.


Na ɛbae sɛ ohiani no wui, na abɔfo bɛsoaa no kɔɔ Abraham kokom. Na ɔdefo no nso wui, na wosiee no.


Yiw, mahu nea mɛyɛ, na wotu me fi me panyinni so a, wɔagye me akɔ wɔn afi.


Na wampene ma ɛkyɛe kakra. Na akyiri yi ɔkae ne tirim sɛ: Minsuro Onyankopɔn na memfɛre nnipa de,


Ɛnna afipamfo ne wɔn a kan wohuu no sɛ ɔyɛ ɔsrɛsrɛfo no kae sɛ: Ɛnyɛ oyi na ɔte hɔ srɛsrɛ ade no?


Na wɔso ɔbarima bi a ɔyɛ obubuafo fi ne na yam, a daa wɔde no bɛto asɔrefi pon a wɔfrɛ no Fɛfɛ no ano sɛ ɔnsrɛ wɔn a wɔrekɔ asɔrefi no hɔ no mmɔborohunu ade;


Sɔre kɔ kurow no mu, na wɔbɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ.


Na yɛte sɛ ebinom wɔ hɔ a wɔnenam basabasa wɔ mo mu, na wɔnnyɛ adwuma, na mmom wɔyɛ tɛretɛre.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan