Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 16:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔfrɛɛ no see no sɛ: Ɛdɛn na mete wɔ wo ho yi! Bebu wo panyinni ho akontaa, na worenni panyin bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔfrɛɛ no see no sɛ: Ɛdeɛn na mete no wo ho yi? Bɛbu wo paninnie ho nkonta, na worenni panin bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔtee saa asɛm no, ɔfrɛɛ ne fi sohwɛfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Dɛn na metete fa wo ho yi? Bebu wʼadwuma ho akontaa kyerɛ me na merentumi ne wo nyɛ adwuma bio.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔfrɛɛ no see no sɛ: Ɛdeɛn na mete no wo ho yi? Bɛbu wo paninnie ho nkonta, na worenni panin bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔtee saa asɛm yi no, ɔfrɛɛ ne efie sohwɛfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɛdeɛn na metete fa wo ho yi? Bɛbu wʼadwuma ho nkonta kyerɛ me na merentumi ne wo nyɛ adwuma bio.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔfrɛɛ no see no sɛ: Ɛdɛn na mete wɔ wo ho yi! Bebu wo panyinni ho akontaa, na worenni panyin bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 16:2
23 Iomraidhean Croise  

Na nneyɛe nyinaa na Onyankopɔn de bɛba atemmu mu, na nea ahintaw nyinaa nso, papa oo, bɔne oo, wabu so atɛn.


Na mise mo sɛ, asɛnhunu biara a nnipa bɛka no, wobebu ho akontaa atemmuda.


Na eduu anwummere no, bobe turo wura no ka kyerɛɛ n’abofra panyin sɛ: Frɛ adwumayɛfo no, na ma wɔn wɔn apaabɔde fi wɔn a wodi akyiri so kosi wɔn a wodi kan so.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkwasea, anadwo yi wobegye wo kra afi wo nsam; na nneɛma a woasiesie no bɛyɛ hena dea?


Na Awurade se: Hena ne ofiepanyin nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no bedi ne fifo so sɛ ɔmma wɔn wɔn aduan a ɛyɛ wɔn de bere a ɛsɛ mu?


Na ɔka kyerɛɛ asuafo no nso sɛ: Ɔdefo bi wɔ hɔ a ɔwɔ ofiepanyin bi, na wɔbɔɔ no amanneɛ sɛ ɔresɛe n’ade.


Na ofiepanyin no kae ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn, efisɛ me wura rebegye me panyinni afi me nsam? Minni ahoɔden a mede betutu, na ahua nso yɛ me aniwu.


Enti afei yɛn nyinaa bebu yɛn ho akontaa mmiako mmiako akyerɛ Onyankopɔn.


Na, me nuanom, Kloe fifo abeyi me mo ho asotiw sɛ kunsunkunsun wɔ mo mu.


Na afei, nea wɔhwehwɛ ofiehwɛfo hɔ ne sɛ obiara behu sɛ ɔyɛ ɔnokwafo.


Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn, kosi sɛ bere no bedu ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde nea ahintaw sum mu bɛba hann mu, na wayi komam agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyi bɛma no.


Na etwa yɛn nyinaa sɛ yekopue Kristo atemmu agua anim hɔ, na obiara anya nea ɔnam nipadua so yɛe no, papa oo, bɔne oo, sɛnea ɔyɛe no.


Mma wo mu adom akyɛde a wɔnam nkɔmhyɛ ne mpanyimfo nsa a wɔde guu wo so de maa wo no nnna hɔ kwa.


Nnipa binom bɔne da adi de wɔn rekɔ atemmu mu, na ebinom de nso di wɔn akyi.


Sɛnea mo nyinaa nyinyaa adom akyɛde no, momfa nsonsom mo ho mo ho sɛ Onyankopɔn adom ahorow no ho afiehwɛfo pa.


Wɔn na wobeyi ano akyerɛ nea wasiesie ne ho sɛ ɔrebebu ateasefo ne awufo atɛn no.


Na mihuu awufo, nketewa ne akɛse, sɛ wogyinagyina ahengua no anim; na wobuebuee nhoma mu. Na wobuee nhoma foforo bi a ɛyɛ nkwa nhoma no mu; na wɔnam nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no so bubuu awufo atɛn sɛnea wɔn nnwuma te.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan