Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 16:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔka kyerɛɛ asuafo no nso sɛ: Ɔdefo bi wɔ hɔ a ɔwɔ ofiepanyin bi, na wɔbɔɔ no amanneɛ sɛ ɔresɛe n’ade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no nso sɛ: Ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a ɔwɔ efiepanin bi, na wɔkɔbɔɔ no kwaadu sɛ ɔsɛe n’adeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Ɔdefo bi wɔ hɔ a na ɔwɔ ofi sohwɛfo bi. Ɔdefo yi tetee sɛ ne fi sohwɛfo no resɛe ne nneɛma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no nso sɛ: Ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a ɔwɔ efiepanin bi, na wɔkɔbɔɔ no kwaadu sɛ ɔsɛe n’adeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a na ɔwɔ efie sohwɛfoɔ bi. Ɔdefoɔ yi tetee sɛ ne efie sohwɛfoɔ no resɛe ne nneɛma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔka kyerɛɛ asuafo no nso sɛ: Ɔdefo bi wɔ hɔ a ɔwɔ ofiepanyin bi, na wɔbɔɔ no amanneɛ sɛ ɔresɛe n’ade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 16:1
19 Iomraidhean Croise  

Na Abram se: AWURADE Nyankopɔn, ɛdɛn na wode bɛma me? Minni ba na menam, so nea obedi m'ade ne Damaskoni Eliesa anaa?


Na wotwiw bɛn Yosef fie panyin no ne no kasae wɔ ofi no pon ano


Na Dawid hyiahyiaa Israel mmapɔmma nyinaa, mmusuakuw so mmapɔmma ne nkyekyɛmu so asafohene a wɔsom ɔhene no, ne mpem so asafohene ne ɔha ha so asafohene, ne ɔhene ne ne mma ahode ne mmoa nyinaa so asafohene, wɔne mpiadifo ne nnɔmmarima a wonim akodi yiye no ne mmarima a wotumi nyinaa baa Yerusalem.


Nea ɔtoto n’adwuma ase nso, ɔdesɛefo nua ne no.


Na ɔno de, onnim sɛ me na memaa no awi ne nsa ne ngo, na memaa ne dwetɛ dɔe, ne ne sika a wɔhwere maa Baal no.


Na eduu anwummere no, bobe turo wura no ka kyerɛɛ n’abofra panyin sɛ: Frɛ adwumayɛfo no, na ma wɔn wɔn apaabɔde fi wɔn a wodi akyiri so kosi wɔn a wodi kan so.


Na Awurade se: Hena ne ofiepanyin nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no bedi ne fifo so sɛ ɔmma wɔn wɔn aduan a ɛyɛ wɔn de bere a ɛsɛ mu?


Na anni da bi na ɔba akumaa no boaboaa ne nyinaa ano, na otuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so; ɛhɔ na ɔkɔbɔɔ ahohwi bra sɛee n’ahode nyinaa.


Na wo ba yi a ɔne nguaman adi w’ahode no bae ara pɛ de, woakum nantwi ba a wadɔ srade no ama no.


Na ɔdefo bi tenaa ase a ɔhyɛ ntade papa a ne bo yɛ den, na ɔde asetena fɛfɛ gye n’ani daa.


Na ɔfrɛɛ no see no sɛ: Ɛdɛn na mete wɔ wo ho yi! Bebu wo panyinni ho akontaa, na worenni panyin bio.


Na ɔfoforo bae bɛkae sɛ: Owura, hwɛ, wo bɛnnaa a wode maa me no mede mehyɛɛ dukuu mu


ne Yohana, Herode fiepanyin Kusa yere, ne Susana ne afoforo bebree a wɔde wɔn ahode bi som no.


Na nea ɛsɛ ɔhwɛfo ne sɛ: Wonni ne ho asɛm bi ka, sɛ Onyankopɔn fiehwɛfo. Ɔnyɛ ɔhopɛfo, obufufafo, ɔsadweam, pupopupo, anaa odifudepɛfo,


Mubisa na munnya, efisɛ mubisa no bɔne, sɛ mobɛhwere no mo anigyede mu.


Sɛnea mo nyinaa nyinyaa adom akyɛde no, momfa nsonsom mo ho mo ho sɛ Onyankopɔn adom ahorow no ho afiehwɛfo pa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan