Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 13:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na obua see no sɛ: Owura, ma ensi hɔ afe yi nso nkosi sɛ mefunufunu ho magugu ase sumina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na ɔbua see no sɛ: Owura, ma no nsi hɔ afe yi nso nkɔsi sɛ mɛfunifuni ho na magu aseɛ sumina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “Turo no sohwɛfo no srɛɛ no se, ‘Me wura, ma ensi hɔ afe yi nso na mingugu ase sumina nhwɛ

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɔbua see no sɛ: Owura, ma no nsi hɔ afe yi nso nkɔsi sɛ mɛfunifuni ho na magu aseɛ sumina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “Turo no sohwɛfoɔ no srɛɛ no sɛ, ‘Me wura, ma ɛnsi hɔ afeɛ yi nso na mengugu aseɛ sumina nhwɛ

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na obua see no sɛ: Owura, ma ensi hɔ afe yi nso nkosi sɛ mefunufunu ho magugu ase sumina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 13:8
17 Iomraidhean Croise  

Na ose anka ɔbɛsɛe wɔn, nanso Mose a oyii no no kogyinaa n’anim siw abu no ano, sɛ ɔrepam n’abufuw no, na wansɛe wɔn.


na ɔkae sɛ: AWURADE, sɛ manya w'anim dom a, mesrɛ wo, ma AWURADE ntena yɛn mu ne yɛn nkɔ, efisɛ wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asen; na fa yɛn amumɔyɛ ne yɛn bɔne firi yɛn, na fa yɛn yɛ wo de.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ Mose ne Samuel po begyina m’anim a, me kra renkom nkɔ ɔman yi so; ma womfi m’anim na wɔnkɔ.


So wɔmfa bɔne nhyɛ papa ananmu? Nso wɔatu amoa ama me kra, Kae sɛnea migyinaa w’anim sɛ mereka papa mama wɔn, na mede asan w’abufuw afi wɔn so.


Ma asɔfo, AWURADE asomfo no nsu, ntwironoa ne afɔremuka no ntam, nka sɛ: AWURADE, kyɛe wo man so, na mfa w’agyapade mma ahohora, na amanaman nnnidi wɔn atɛm. Ɛdɛn nti na wɔnka aman mu sɛ: Ɛhe na wɔn Nyankopɔn no wɔ?


Na ɔka kyerɛɛ turomhwɛfo no sɛ: Hwɛ, mfirihyia abiɛsa ni a maba mabɛhwehwɛ borɔdɔma yi so aba, na mannya bi. Twa kyene! Adɛn nti na agye asase no akɛntɛn so?


Na ebia ɛbɛsow; na sɛ ansow ansa a, woatwa akyene.


Ɛmfata fam anaa sumina so, na wɔtow gu. Nea ɔwɔ aso betie no, ontie!


Anuanom, me koma mu ade a mepɛ ne me nkotɔ a mekotɔ mesrɛ Onyankopɔn mema wɔn ne sɛ wobenya nkwa.


sɛ ebia mɛma wɔn a wɔyɛ me mfɛfo Yudafo no atwe ninkunu, na magye wɔn mu binom nkwa.


Awurade nkyɛ ne bɔhyɛ ho, sɛnea ebinom bu sɛ ɛkyɛ, na mmom ɔma ne bo dwo kyɛ ma mo, ɔmpɛ sɛ nnipa bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan