Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 11:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn, efisɛ yɛn nso de kyɛ obiara a ɔde yɛn aka. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn, ɛfiri sɛ yɛn nso de kyɛ obiara a ɔde yɛn aka. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Fa yɛn bɔne kyɛ yɛn sɛnea yɛn nso, yɛde wɔn a wɔfom yɛn no bɔne kyɛ wɔn no. Na nnyaa yɛn mma yɛnnkɔ sɔhwɛ mu.’”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn, ɛfiri sɛ yɛn nso de kyɛ obiara a ɔde yɛn aka. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Fa yɛn bɔne kyɛ yɛn sɛdeɛ yɛde wɔn a wɔfom yɛn no bɔne kyɛ wɔn no. Na mma yɛnkɔ sɔhwɛ mu.’”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn, efisɛ yɛn nso de kyɛ obiara a ɔde yɛn aka. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 11:4
31 Iomraidhean Croise  

abɔfo a woyii me bɔne nyinaa mu no nhyira mmofra yi, na wɔmfa me din ne m'agyanom Abraham ne Isak din mfrɛ wɔn, na wɔnnɔɔso nyɛ pii wɔ asase mfinimfini.


ɛnne wo ara tie ɔsoro, na fa wo man Israel bɔne firi, na san wɔn bra asase a wode maa wɔn agyanom no so.


ɛnne wo ara tie ɔsoro, na fa wo nkoa ne wo man Israel bɔne kyɛ, na kyerɛ wɔn ɔkwan pa a wɔmfa so, na ma osu ntɔ ngu w’asase a wode maa wo man sɛ agyapade no so.


AWURADE bɛhwɛ wo so, bɔne nyinaa ho, ɔbɛhwɛ wo kra so.


AWURADE, wo din nti fa me bɔne kyɛ me, na ɛdɔɔso pii.


Hwɛ m’amane ne m’ahometew, na fa me bɔne nyinaa kyɛ me.


Ao, AWURADE, tie, Ao, AWURADE tie, fakyɛ, Ao AWURADE, yɛ aso na yɛ! Ntwentwɛn wo nan ase, wo, me Nyankopɔn ara nti, na wo din na wɔabɔ, wo kurow ne wo man so.


Momfa nsɛm nkura nsan mmra AWURADE nkyɛn; monka nkyerɛ no sɛ: Fa amumɔyɛ nyinaa kyɛ, na gye papa, na yɛmfa yɛn ano nyɛ anatwinini mmɛbɔ afɔre.


Saa ara na sɛ mo mu biara amfi ne komam amfa ne nua mfomso ankyɛ no a, me soro agya nso bɛyɛ no nen.


Monwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ de, na ɔhonam na ɛyɛ mmerɛw.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mu hena na ɔwɔ adamfo, na ɔbɛkɔ ne nkyɛn ɔdasum mu akɔka akyerɛ no sɛ: Damfo, fɛm me abodoo abiɛsa,


Anaasɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu hwee wɔn so na ekum wɔn no, mususuw sɛ wɔyɛ nnebɔneyɛfo sen nnipa a wɔte Yerusalem nyinaa?


na osee wɔn sɛ: Adɛn na moda? Monsɔre mmɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu.


Ɔbotan so de no ne wɔn a wɔte asɛm no a, wɔde anigye gye, nanso eyinom nni ntini, na wogye di ma ɛkyɛ kakra, na sɔhwɛ bere ba a, na wɔagyae.


Mensrɛ sɛ: Yi wɔn fi wiase, na mmom sɛ: Bɔ wɔn ho ban fi ɔbɔnefo no ho.


Sɔhwɛ bi ntoo mo ɛ, gye nea ɛyɛ nipa de; na Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ mmoro nea mubetumi so, na mmom ɔbɛma kwan a mode befi sɔhwɛ no mu abɛda ho, na moatumi agyina.


Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mmoma mo ho, na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea Awurade de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.


Ɔnokwafo ne Awurade a ɔbɛhyɛ mo den na wahwɛ mo so ɔbɔnefo no ho no.


Na Awurade beyi me afi bɔne nyinaa mu na wagye me akɔ ne soro ahenni no mu; ɔno na anuonyam wɔ no mmeresanten nnasanten. Amen.


Na mmɔborohunu nni atemmu mu mma nea wanhu mmɔbɔ, na mmɔborohunu hoahoa ne ho di atemmu so nim.


Nsuro amane a worebehu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom begu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mubehu amane dadu. Di nokware kodu wu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.


Esiane sɛ woadi me boasetɔ asɛm so nti, me nso mɛkora wo, sɔhwɛ bere a ɛbɛba wiase nyinaa so, sɛ wɔbɛsɔ wɔn a wɔte asase so ahwɛ, no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan