Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 11:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na Yesu see wɔn sɛ: Mobɔ mpae a, monka sɛ: Agya, wo din ho ntew, w’ahenni mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔsee wɔn sɛ: Mobɔ mpaeɛ a, monka sɛ: Agya, wo din ho nte, w’ahennie mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ morebɔ mpae a, monka se, “‘Agya, wo din ho ntew, wʼahenni mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔsee wɔn sɛ: Mobɔ mpaeɛ a, monka sɛ: Agya, wo din ho nte, w’ahennie mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ morebɔ mpaeɛ a, monka sɛ, “‘Agya, wo din ho nte, wʼahennie mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na Yesu see wɔn sɛ: Mobɔ mpae a, monka sɛ: Agya, wo din ho ntew, w’ahenni mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 11:2
45 Iomraidhean Croise  

wo ara tie ɔsoro, wo tenabea hɔ, na yɛ sɛ ɔhɔho no su frɛ wo no nyinaa, nea ɛbɛyɛ na asase so aman nyinaa ahu wo din na wɔasuro wo, sɛ wo man Israel, na wɔahu sɛ wo din na wɔde frɛ ɔdan a masi yi.


Enti, AWURADE yɛn Nyankopɔn, gye yɛn fi ne nsam, na asase so ahenni nyinaa nhu sɛ wo AWURADE ne Nyankopɔn, wo nkutoo ara nko!


na ɔkae sɛ: AWURADE, yɛn agyanom Nyankopɔn, so ɛnyɛ wone Onyankopɔn ɔsoro, na wo ara na wudi amanaman ahenni nyinaa so, na wo nsam na tumi ne mmaninyɛ wɔ, na obi nni hɔ a obetumi agyina w’anim.


AWURADE abɔfo, munhyira no, ahoɔdenfo a mudi n’asɛm so na mutie ne kasa no.


Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro, na ma w’anuonyam so asase nyinaa so.


AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron mu, AWURADE ahengua wɔ ɔsoro, n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛw kari wɔn hwɛ.


Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro, ma w’anuonyam so asase nyinaa so.


Mma w’ano nnyɛ birebire, na wo koma nso mmpɛ ntɛm mmma asɛm bi mmfi, Onyankopɔn anim, na Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na wo de, wowɔ asase so; enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.


Na wo ara wone yɛn agya; na Abraham nnim yɛn, na Israel nhu yɛn: Wo, AWURADE ara ne yɛn agya, yɛn gyefo ne wo din fi tete bemee.


Na mɛyɛ me din kokuroko a wɔahura ho, amanaman mu, na moahura ho wɔ wɔn mu no kronkron, na amanaman no ahu sɛ mene AWURADE, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, sɛ mereyi me kronkronyɛ adi, mo mu, wɔn aniwa mu;


nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a oyi ahintasɛm adi, na wakyerɛ ɔhene Nebukadnesar nea ɛbɛba daakye. Wo dae ne w’anisoade a woda wo mpa so no wuhui no ni:


Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asa, na ɛno de, ebegyina daa.


Na ɔsorosoroni no ahotefo bɛfa ahenni no, na wɔanya ahenni no daa daa mmeresanten.


na wɔde ɔsoro nyinaa ase ahemman so ahenni ne tumi ne kɛseyɛ bɛma ɔsorosoroni no akronkronfo man; n’ahenni yɛ daa ahenni, na tumi nyinaa bɛsom no atie no.


Momfa nsɛm nkura nsan mmra AWURADE nkyɛn; monka nkyerɛ no sɛ: Fa amumɔyɛ nyinaa kyɛ, na gye papa, na yɛmfa yɛn ano nyɛ anatwinini mmɛbɔ afɔre.


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ ɛno ne nea AWURADE kae sɛ: Wɔn a wotwiw bɛn me no mu na mɛyɛ me ho kronkron, na ɔman no nyinaa anim na mɛhyɛ me ho anuonyam.


Na nantwi anaa oguan a ne ho biribi boro so anaasɛ watɔ ape no, ayamye afɔre de, fa no bɔ, na aboade de, ɛnsɔ ani.


Na afei AWURADE anuonyam ho nimdeɛ, bɛhyɛ asase so ma sɛ nsu kata ɛpo so.


Enti obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, me nso mɛbɔ ne din m’agya a ɔwɔ soro no anim;


sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.


Ne saa nti, momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.


Na ɛbae sɛ ɔwɔ baabi rebɔ mpae na ogyaee no, n’asuafo no mu biako ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ, sɛnea Yohane nso kyerɛɛ n’asuafo no.


Me Paulo, mekyerɛw de kɔma Onyankopɔn adɔfo a wɔwɔ Roma nyinaa, a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefo no: Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu nka mo.


Na moannya akoayɛ honhom a mode besuro bio, na mmom moanya abagye honhom a ɛno mu na yɛteɛm sɛ: Abba, Agya!


Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.


Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.


Ɔno na yɛn bɔne nti ɔde ne ho mae, na wayi yɛn afi wiase bɔne yi mu, sɛnea yɛn Agya Onyankopɔn pɛ no te.


Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.


Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.


Yɛn agya Onyankopɔn na wɔmfa anuonyam mma no daa daa. Amen.


de kɔma Kristo mu anuanom, ahotefo ne agyidifo, a wɔwɔ Kolose: Adom ne asomdwoe a efi yɛn agya Onyankopɔn nka mo.


Paulo ne Silwano ne Timoteo de kɔma Tesalonikafo asafo a ɛwɔ agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu. Ɔdom ne asomdwoe nka mo.


na daa yɛkae mo gyidi adwuma ne mo dɔ mmɔdemmɔ ne yɛn Awurade Yesu Kristo ho anidaso mu boasetɔ, yɛn Nyankopɔn ne agya anim.


Na ɔno, yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn Agya Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn na wama yɛn daa awerɛkyekye ne anidaso pa adom mu no,


Na ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛnee ne torobɛnto no. Na ɛnne akɛse gyigyegyigyei ɔsoro sɛ: Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne Kristo no de, na obedi hene daa daa.


Awurade, hena na ɔrensuro wo na ɔnhyɛ wo din anuonyam? Efisɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkotow w’anim, efisɛ w’asɛntrenee ada adi.


Na metee nne bi a ɛte sɛ nkurɔfokuw kɛse nne ne nsu bebree nne ne aprannaa a emu yɛ den nne sɛ: Haleluia, efisɛ Awurade yɛn Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo no, adi hene.


Na mihuu nhengua bi, na wɔn a wɔtete so no, wɔde atemmu maa wɔn. Na mihuu wɔn a Yesu adanse ne Nyankopɔn asɛm nti wotwitwaa wɔn ti no akra ne wɔn a wɔankotow aboa no anaa ne honi na wɔannye agyirae no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa so no. Na wonyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirihyia apem.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan