Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 10:2 - KYERƐW KRONKRON

2 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Otwa adwuma no so, na adwumayɛfo no de, wosua; enti monsrɛ otwa wura no, na ontu adwumayɛfo mmra ne twa no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Otwa adwuma no so, na adwumayɛfoɔ no deɛ, wɔsua; enti monsrɛ otwa no wura no, na ɔntu adwumayɛfoɔ mmra ne twa no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Otwa adwuma no dɔɔso, nanso adwumayɛfo no sua. Enti monsrɛ adwumawura no na ɔmma adwumayɛfo bebree mmra ne twa adwuma no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Otwa adwuma no so, na adwumayɛfoɔ no deɛ, wɔsua; enti monsrɛ otwa no wura no, na ɔntu adwumayɛfoɔ mmra ne twa no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Otwa adwuma no dɔɔso, nanso adwumayɛfoɔ no sua. Enti, monsrɛ adwumawura no na ɔmma adwumayɛfoɔ bebree mmra ne twa adwuma no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Otwa adwuma no so, na adwumayɛfo no de, wosua; enti monsrɛ otwa wura no, na ontu adwumayɛfo mmra ne twa no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 10:2
48 Iomraidhean Croise  

Na Elia ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Me de, me nko ara mene AWURADE diyifo a waka, na Baal adiyifo de, wosi mmarima ahanan aduonum.


AWURADE bɛka n’anom asɛm, mmea a wɔka nkonim asɛmpa no asafo so.


Na mɛma mo ahwɛfo sɛ me koma pɛ, na wɔde nhumu ne nimdeɛ ayɛn mo.


O me nguanhwɛfo hunu a ogyaw nguankuw no nnue! Afoa bɛba ne basa so ne n’aniwa nifa so; ne basa bewu, na n’aniwa nifa afura.


a wɔn a wɔtɔɔ wɔn no kunkum wɔn na wonni so, na wɔn a wɔtɔn wɔn no ka sɛ: Nhyira nka Awurade, na manya ade, na wɔn ahwɛfo nso nkyɛe wɔn so no.


Na mesian me ne wo abɛkasa, na mede honhom a ɛwɔ wo so no bi magu wɔn so na wɔne wo aso ɔman no adesoa no mu, na wo nko woankura.


Na Mose ka kyerɛɛ no sɛ: Woretwe me ho ninkunu? Ka me nko a, anka AWURADE man nyinaa adannan adiyifo, na AWURADE de ne honhom agu wɔn so.


Na ɔsoro ahenni te sɛ onipa bi a ɔyɛ ofiwura a ofii adi anɔpatutu sɛ ɔrekɔbɔ adwumayɛfo paa akɔ ne bobe turom.


Ɛte sɛ onipa a watu kwan agyaw ne fi, na wama ne nkoa tumi, na wama wɔn nyinaa adwuma mmiako mmiako, na wahyɛ ɔpon ano hwɛfo sɛ ɔnwɛn.


Na osee wɔn sɛ: Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔde nyinaa.


Na wɔn de, wofii hɔ kɔe kɔkaa asɛm no mmaa nyinaa, na Awurade ne wɔn yɛɛ adwuma nam nsɛnkyerɛnne a ɛka ho no so hyɛɛ asɛm no den.


Na ɔfrɛɛ dumien no hyiae maa wɔn ahonhommɔne nyinaa ne ayaresa so tumi ne ahoɔden.


Afei wɔn a ɔhaw a ɛsɔree Stefano so no nti wɔhwetee no kyinii koduu Foenike ne Kipro ne Antiokia, na wɔanka asɛm no ankyerɛ obiara sɛ Yudafo nko.


Na wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron kae sɛ: Munyi Barnaba ne Saulo mma me nkɔ adwuma a enti mafrɛ wɔn no mu.


Na afei Honhom Kronkron somaa wɔn saa no, wosiim kɔɔ Seleukia, na wofi hɔ nam suhyɛn mu kɔɔ Kipro.


Enti monhwɛ mo ho ne nguankuw nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfo sɛ monyɛn Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa mogya anya wɔn no yiye.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ, na mɛsoma wo mafi ha akɔ akyirikyiri, amanaman mu.


Ɛnna wɔn a wɔhwetee no kyinkyin kɔkaa asɛmpa no.


Na Onyankopɔn de ebinom asi asafo no mu sɛ asomafo kan, nea ɛto so abien, adiyifo, nea ɛto so abiɛsa, akyerɛkyerɛfo, bio nso tumide, ne ayaresa adom akyɛde, aboafo, mpanyin nnwuma, kasa ahorow.


na Onyankopɔn adom nti na mete sɛnea mete yi, na n'adom a ɔde dom me no anyɛ ɔkwa, na mmom meyɛ adwuma bebree mesen wɔn nyinaa, nanso ɛnyɛ me, na mmom ɛyɛ Onyankopɔn adom a ɛka me ho no nti.


Na yɛn a yɛne no bom yɛ adwuma no tu mo fo nso sɛ munnnye Onyankopɔn adom no kwa.


efisɛ wɔn nyinaa hwehwɛ wɔn ara de, na ɛnyɛ nea ɛyɛ Kristo Yesu de.


Nanso masusuw ho sɛ ehia sɛ mesoma Epafrodito a ɔyɛ me nua ne yɔnko dwumayɛfo ne yɔnko sraani ne mo somafo ne me dɛɛfo, ma ɔba mo nkyɛn;


Efisɛ Kristo adwuma nti na ɔbɛn owu, na ɔde ne kra too hɔ sɛ obesi mo ananmu asom me wɔ nneɛma nyinaa mu.


Ɛno ho nso na meyɛ adwuma mebrɛ, na midi apere, sɛnea n’ahoɔden adwuma a ɔyɛ me mu tumi so no te.


Kristo Yesu akoa Epafra a ofi mo mu no kyia mo. Daa odi ma mo dennennen wɔ mpaebɔ mu, sɛ munnyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na moayɛ ma Onyankopɔn apɛde nyinaa mu.


Na anuanom, mokae yɛn mmɔdemmɔ adwuma ne ɔbrɛ, yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara, na yɛde kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo.


Na yɛsrɛ mo, anuanom, sɛ munhu wɔn a wɔyɛ mo mu adwuma na wodi mo so mpanyin Awurade mu na wɔkasa kyerɛ mo,


Nea edi akyiri no, anuanom, mommɔ mpae mma yɛn, na Awurade asɛm nnya kwan nkɔ so, na wɔnhyɛ no anuonyam, sɛnea ɛte mo hɔ nso.


Eyi nti na yɛyɛ adwuma brɛ na yɛpere, efisɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefo a ɔyɛ nnipa nyinaa, ne titiriw no gyidifo, Agyenkwa no so.


Na wo de, ma w’ani nna hɔ ade nyinaa mu, mia w’ani hu amane, yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, wie wo som no koraa.


Paulo, Kristo Yesu deduani, ne onua Timoteo de kɔma Filemon, yɛn dɔfo ne yɛn yɔnko dwumayɛni,


Na Kristo de, odi ne fi so sɛ ɔba; nso ne fi no ne yɛn, nanso gye sɛ yeso anidaso no ho nnam ne ahohoahoa mu pintinn kosi awiei.


Efeso asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na nea okura nsoromma ason ne nifa mu, nea ɔnam sika akaneadua ason no mfinimfini no se:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan