Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 1:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na ɛbae sɛ eduu n’asɔfokuw so na ɔreyɛ n’asɔfodwuma Onyankopɔn anim no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na ɛbaa sɛ ɛduruu n’asɔfokuo so na ɔreyɛ n’asɔfodwuma wɔ Nyankopɔn anim no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Da bi a eduu Sakaria asɔfokuw so sɛ wɔyɛ asɔredan mu adwuma no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɛbaa sɛ ɛduruu n’asɔfokuo so na ɔreyɛ n’asɔfodwuma wɔ Nyankopɔn anim no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛda bi a ɛduruu Sakaria asɔfokuo so sɛ wɔyɛ asɔredan mu adwuma no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na ɛbae sɛ eduu n’asɔfokuw so na ɔreyɛ n’asɔfodwuma Onyankopɔn anim no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 1:8
16 Iomraidhean Croise  

Eyi ne wɔn adwumayɛ dibea, sɛ wɔn som no te, sɛ wɔnhyɛn AWURADE fi sɛ wɔn atɔremude a ɛnam wɔn agya Aaron so bae no, sɛnea AWURADE Israel Nyankopɔn hyɛɛ no no.


Na Nadab ne Abihu dii wɔn agya anim wuwui a wonni mma. Na Eleasar ne Itamar bedii asɔfo.


Na Lewifo no gyigyaw wɔn nkurow ho mfikyisaase ne wɔn agyapade, na wɔbaa Yuda ne Yerusalem, efisɛ Yeroboam ne ne mma tutuu wɔn sɛ wonnni AWURADE asɔfo,


Na Aaron mma, asɔfo no a wɔwɔ wɔn nkurow ho mfikyisaase so mfuw mu, mmarima a wɔabobɔ wɔn din wowɔ nkurow no nyinaa mmiako mmiako mu ma wɔn sɛ wɔmfa kyɛfa no mmoma asɔfo no mu mmarima nyinaa ne wɔn a wɔakan wɔn Lewifo no mu no nyinaa.


Na Hesekia de asɔfo ne Lewifo no nkyekyem no sisii wɔn nkyekyem so, obiara sɛ ne som te, asɔfo no ne Lewifo no, sɛ wɔmmobɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre na wɔnsom na wɔnna ase nyi ayɛ AWURADE nsra apon mu.


Na sɛ n’agya Dawid atɔremude te no, ɔde asɔfo no nkyekyem no sisii wɔn som so, ne Lewifo no nso, wɔn som nnwuma so, sɛ wonyi ayɛ na wɔnsom asɔfo no anim, sɛnea ehia da biara; ne aponanohwɛfo no, wɔn nkyekyem mu, ɔpon ne ɔpon ano: Na saa na Onyankopɔn nipa Dawid hyɛe.


Na wɔde asɔfo no sisii wɔn mpaepaemu so, ne Lewifo no, wɔn nkyekyem so, maa Onyankopɔn som Yerusalem, sɛnea wɔkyerɛwee Mose nhoma no mu no.


Afei, ma wo nua Aaron ne ne mmabanin mfi Israelfo mu mmra wo nkyɛn, na wɔabɛyɛ m'asɔfo: Aaron, Nadab ne Abihu, Eleasar ne Itamar, Aaron mma no.


Na fa hyehyɛ wo nua Aaron ne ne mma a wɔka ne ho no, na sra wɔn ngo, na hyɛ wɔn asɔfo, na dwira wɔn, na wonni me sɔfo.


Na eyi na yɛ fa dwira wɔn, na wonni me sɔfo: Fa nantwiforo biako ne adwennini abien a wonni dɛm,


Na mɛma ahyiae ntamadan ne afɔremuka no ayɛ kronkron, na mɛma Aaron ne ne mma ayɛ kronkron, na wɔadi me asɔfo.


Na fa abɔso bobɔ Aaron ne ne mma no mu, na bobɔ wɔn abotiri; na asɔfodwuma nyɛ wɔn de sɛ daa atɔremude: sɛɛ na hyɛ Aaron ne ne mma asɔfo.


Na sra Aaron ne ne mma no ngo yɛ wɔn kronkron, na wonni me asɔfo.


Na wo ne wo mma a wɔka wo ho no nhwɛ mo asɔfodi no, afɔremuka no ho nsɛm nyinaa mu, ne ntwamu mmɔhɔɔ no mu de no mu mfa nsom: mede mo asɔfodi no mama mo sɛ akyɛde som adwuma; na obi foforo biara a ɔbɛn no, wonkum no.


Yuda hene Herode bere so no, ɔsɔfo bi tenaa ase a wɔfrɛ no Sakaria a ofi Abia asɔfokuw mu, na ne yere yɛ Aaron mmabea no mu bi a wɔfrɛ no Elisabet.


nanso na wonni ba, efisɛ na Elisabet yɛ obonin, na wɔn baanu nyinaa anyinnyin pa ara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan