Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 1:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na wɔn baanu nyinaa teɛ Onyankopɔn anim di Awurade ahyɛde ne treneede nyinaa so a ɛho nni asɛm,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na wɔn baanu nyinaa tene wɔ Nyankopɔn anim di Awurade ahyɛdeɛ ne teneneedeɛ nyinaa so a ɛho nni asɛm,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Na Sakaria ne ne yere Elisabet som Onyankopɔn nokware mu a wɔn ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na wɔn baanu nyinaa tene wɔ Nyankopɔn anim di Awurade ahyɛdeɛ ne teneneedeɛ nyinaa so a ɛho nni asɛm,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Na Sakaria ne ne yere Elisabet som Onyankopɔn nokorɛm a wɔn ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na wɔn baanu nyinaa teɛ Onyankopɔn anim di Awurade ahyɛde ne treneede nyinaa so a ɛho nni asɛm,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 1:6
33 Iomraidhean Croise  

Na Abram dii mfirihyia aduakron akron no, AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ no sɛ: Mene Nyankopɔn, Tweaduampɔn, nantew m'anim, na yɛ pɛ.


Eyi ne Noa ho asɛm: Noa yɛ onipa trenee a ɔyɛ pɛ, wɔ ne bere so nnipa mu. Noa ne Onyankopɔn na ɛnantewee.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Noa sɛ: Wo ne wo fi nyinaa, monkɔ adaka no mu, efisɛ wo na mahu wo ɔtreneeni m'anim bere yi mu.


efisɛ Dawid yɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, na wamman amfi biribiara a ɔhyɛɛ no ho, ne nkwa nna nyinaa, gye Hetini Uria asɛm no nko mu.


Na wo de, sɛ wonantew m’anim sɛnea w’agya Dawid nantewee no, koma mu pɛyɛ ne tee mu, sɛ wobɛyɛ sɛnea mahyɛ wo nyinaa, na woadi m’ahyɛde ne m’atemmude so a,


Ao, AWURADE, kae sɛnea manantew w’anim nokware ne koma a ɛyɛ pɛ mu, na mayɛ nea eye w’ani so. Na Hesekia suu osu kɛse.


na mmom n’agya Nyankopɔn na ɔhwehwɛɛ no, na ne mmara nsɛm so na ɔnantewee, na ɛnyɛ sɛ Israel nneyɛe no.


Ɔbarima bi tenaa Us asase so a ne din de Hiob; na odi mu, ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: So woadwen m’akoa Hiob nso ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho.


Ampa ara, minim sɛ ɛte sa, na ɔdesani bɛteɛ Onyankopɔn anim dɛn?


Sɛ mehwɛ wo mmara nsɛm nyinaa a, ɛnne anka m’ani renwu.


nanso na wonni ba, efisɛ na Elisabet yɛ obonin, na wɔn baanu nyinaa anyinnyin pa ara.


Na osee wɔn sɛ: Moyɛ nnipa a wobu wɔn ho bem nnipa anim, nanso Onyankopɔn de, onim mo koma mu. Na nea ɛyɛ kɛse nnipa mu no yɛ akyide Onyankopɔn anim.


Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon; saa onipa yi teɛ, osuro Nyame, na ɔretwɛn Israel awerɛkyekye no, na Honhom Kronkron wɔ no so.


Na Dawid kaa ne ho asɛm sɛ: Mihu Awurade m’anim daa, efisɛ ɔwɔ me nifa na manhinhim.


Na Paulo gyen n’ani hwɛɛ baguafo no kae sɛ: Anuanom, me de, ahonim pa nyinaa na mede mabɔ me bra mama Onyankopɔn mede mabesi nnɛ yi.


Na eyi mu na mesɔ me ho mehwɛ, sɛ menya ahonim a enni fɔ Onyankopɔn ne nnipa fam daa.


Wunni asɛm yi mu kyɛfa anaa apɛgyade, efisɛ wo koma nteɛ Onyankopɔn anim.


sɛ mmara no asɛntrenee mmra mu wɔ yɛn a yɛnnantew ɔhonam fam, na mmom yɛnam honhom de mu no ho.


Na miyi mo ayɛ sɛ mokae me ade nyinaa mu, na mukura atetesɛm a mede mehyɛɛ mo nsa no mu.


Na yɛn ahohoahoa ne sɛ, yɛn ahonim di yɛn adanse, sɛ yɛnam Onyankopɔn kronkronyɛ ne ahotew mu, na ɛnyɛ ɔhonam mu nyansa mu, na mmom Onyankopɔn adom mu na yɛnam bɔɔ yɛn bra ewiase, ne titiriw no mo ntam.


ɔkwan a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no nyinaa so na monnantew na moanya nkwa, na asi mo yiye, na mo nna aware asase a morekonya no so.


na moayɛ nnipa a asɛm nni wɔn ho, a wɔyɛ kronn, Onyankopɔn mma a nkekae nni wɔn ho wɔ nnɛ mma abusua a wɔakɔntɔn na wɔakyea a mohyerɛn wɔn mu sɛ akanea wɔ wiase,


afei ɔnam owu so apata mo ne no ntam wɔ ne honam nipadua mu, sɛ ɔde mo besi hɔ sɛ nnipa kronkron a wonni dɛm a asɛm bi nni wɔn ho wɔ n’anim;


na wahyɛ mo koma den a mo ho nni asɛm, kronkronyɛ mu, yɛn Nyankopɔn ne Agya anim, yɛn Awurade Yesu ne n’ahotefo nyinaa ba mu.


Enti, adɔfo, sɛ moretwɛn eyinom nti, mommɔ mmɔden na wɔahu mo sɛ nnipa a wonni nkekae ne dɛm asomdwoe mu,


Sɛ munim sɛ ɔyɛ ɔtreneeni a, anka mobehu sɛ obiara a ɔyɛ adetrenee no, ɔno na Onyankopɔn awo no.


Na, sɛ yedi n’ahyɛde so a, ɛno ara na yɛde hu sɛ yenim no.


Mma nkumaa, mommma obiara nnnaadaa mo. Nea ɔyɛ nea ɛteɛ no, ɔteɛ sɛnea ɔno nso teɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan