Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 1:51 - KYERƐW KRONKRON

51 Ɔde ne basa ayɛ ahoɔdenne; wapansam wɔn a wɔyɛ ahantan wɔn koma nsusuwii mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

51 Ɔde ne basa ayɛ ahoɔdenneɛ; wapansam wɔn a wɔyɛ ahantan wɔn akoma nsusuiɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

51 Ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no abɔ ahomasofo ne ahantanfo ne wɔn nsusuwii apete.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

51 Ɔde ne basa ayɛ ahoɔdenneɛ; wapansam wɔn a wɔyɛ ahantan wɔn akoma nsusuiɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

51 Ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no abɔ ahomasofoɔ ne ahantanfoɔ ne wɔn nsusuiɛ apete.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

51 Ɔde ne basa ayɛ ahoɔdenne; wapansam wɔn a wɔyɛ ahantan wɔn koma nsusuwii mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 1:51
32 Iomraidhean Croise  

Na efi hɔnom na AWURADE bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani, na wogyaee kurow no kyekye.


Na AWURADE hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.


Na AWURADE tee afɔre no huam, na ɔkae ne komam sɛ: Onipa nti meremmɔ asase dua bio, efisɛ onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase, na merensɛe nea ɛte ase nyinaa bio, sɛnea mayɛ yi.


Osebɔ ne nim gyigye treneefo ntamadan mu, AWURADE nifa di abaninsɛm.


AWURADE ma amanaman agyina dan hunu, ɔma aman adwene yɛ ɔkwa.


Meyi wo ayɛ sɛ wo na woyɛe, na mɛtwɛn wo din, efisɛ eye, w’ahotefo anim.


Ɛbɛmee me kra sɛ hon ne srade, na mede ahosan mu anotew meyi wo ayɛ.


Wo na woabubu Rahab pasaa sɛ ɔtɔfo, wode wo tumi nsa abɔ w’atamfo apansam.


Tumi basa wɔ wo, wo nsa yɛ den, wɔama wo nifa so.


Monto dwom foforo mma AWURADE, na wayɛ anwonwade, ne nifa ne ne basa kronkron adi nim ama no.


Afei na mahu sɛ AWURADE yɛ kɛse sen anyame nyinaa, efisɛ oyii ɔman no fii Misraim nsam, bere a wɔredi wɔn so ahantansɛm.


Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn de tumi reba, na ne basa bedi nim ama no; hwɛ, n’akatua ka no ho, na n’ananmuhyɛ di n’anim.


Sɔre ɛ, sɔre ɛ, nya ahoɔden, AWURADE basa! Nyan sɛ kan nna no mu, teteete awo ntoatoaso mu. So ɛnyɛ wone nea otwitwaa Rahab na ohwirew asuboa kɛse no mu no?


AWURADE ayi ne basa kronkron no ho, amanaman nyinaa anim, na asase ano nyinaa ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye.


Nea ɔmaa n’anuonyam basa no dii Mose nifa, nea ɔpaee nsu mu, wɔn anim de gyee daa din fae no?


Na hwɛ, mayɛ wo amanaman mu ketewa ma wɔabu wo animtiaa nnipa mu.


Afei me, Nebukadnesar, mekamfo ɔsoro hene mema no so miyi no ayɛ, sɛ ne nneyɛe nyinaa yɛ nokware, na n’akwan yɛ atɛntrenee, na wɔn a wɔnam ahantan so no, otumi brɛ wɔn ase.


efisɛ wonim Nyankopɔn de, nso wɔanhyɛ no anuonyam sɛ Onyankopɔn, na wɔanna no ase, na mmom wɔn adwene yɛ nkwasea adwene na sum ahyɛ wɔn koma a ntease nni mu no ma.


ne biribiara a ɛkorɔn a wɔma so de ne Nyankopɔn nimdeɛ di asi, na yɛafa adwene nyinaa nnommum de ayɛ setie ama Kristo,


Anaasɛ onyame bi asɔ ahwɛ sɛ ɔbɛkɔ akoyi ɔman bi afi ɔman bi mu afa, sɔhwɛ horow, nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne akodi ne nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛ ne ahodwiriwde akɛse mu, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn yɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no anaa?


Saa ara na mo mmabun nso, momfa mo ho nhyɛ mpanyimfo ase. Na mo nyinaa mumfura ahobrɛase, na monsonsom mo ho mo ho, efisɛ Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.


Eyi nti na ne haw bɛba da koro pɛ, owu ne awerɛhow ne ɔkɔm, na wɔde gya bɛhyew no, efisɛ Awurade Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan