Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 1:41 - KYERƐW KRONKRON

41 Na ɛbae sɛ Elisabet tee Maria nkyia no, akokoaa no huruwii ne yam; na Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

41 Na ɛbaa sɛ Elisabet tee Maria nkyea no, akɔkoaa no hurii ne yam; na Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Elisabet tee Maria nkyia no, ɔba a ɔda ne yam no kekaa ne ho; amono mu hɔ ara na Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

41 Na ɛbaa sɛ Elisabet tee Maria nkyea no, akɔkoaa no hurii ne yam; na Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Elisabet tee Maria nkyea no, ɔba a ɔda ne yam no kekaa ne ho; amonom hɔ ara, Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

41 Na ɛbae sɛ Elisabet tee Maria nkyia no, akokoaa no huruwii ne yam; na Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 1:41
15 Iomraidhean Croise  

Na nkokoaa no pempem wɔn ho wɔ ne yam. Na ose: Sɛ ɛte saa a, na mete hɔ yɛ dɛn? Na okobisaa AWURADE.


Mifi yafunum ara na wɔde me too wo so, wone me Nyankopɔn fi me na yam.


Efisɛ ɔbɛyɛ kɛse Awurade anim, na ɔrennom bobesa anaa nsa biara, na Honhom Kronkron bɛhyɛ no ma afi ne na yam po.


na ɔkɔɔ Sakaria fi kokyiaa Elisabet.


na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Wɔahyira wo mmea mu, na wɔahyira wo yam ade!


Na hwɛ, wo nkyia twaa m’asom ara pɛ, akokoaa no de ahosan huruwii me yam.


Na n’agya Sakaria de, Honhom Kronkron ahyɛ no ma, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ:


Na Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no san fii Yordan ho, na Honhom no de no kɔɔ sare so.


Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wofii ase kasaa kasa foforo, sɛnea Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka.


Ɛnna Petro a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔman atitiriw ne mpanyimfo!


Enti, anuanom, mompɛ mo mu mmarima baasɔn a wɔwɔ din pa a Honhom ne nyansa ayɛ wɔn ma, na yɛmfa wɔn nsi adwuma yi so;


Nanso ɔno de, na Honhom Kronkron ayɛ no ma, na ɔhwɛɛ ɔsoro dinn huu Onyankopɔn anuonyam ne Yesu sɛ ogyina Onyankopɔn nifa,


Na Anania kɔe kɔhyɛn dan no mu, na ɔde ne nsa koguu no so kae sɛ: Onua Saulo, Awurade Yesu a oyii ne ho kyerɛɛ wo ɔkwan a wonam so reba no mu no na asoma me sɛ: Hu ade, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma.


Na mommmow nsa, efisɛ ɛno na ɛde sakasaka ba, na mmom monyɛ ma wɔ Honhom mu.


Mewɔ honhom mu, Awurade da no, na metee nne kɛse bi wɔ m’akyi sɛ torobɛnto


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan