Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 1:2 - KYERƐW KRONKRON

2 sɛnea wɔn a wofi mfiase de wɔn aniwa hui na wɔyɛɛ asɛm no ho asomfo no de abrɛ yɛn no enti,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 sɛdeɛ wɔn a wɔfiri mfitiaseɛ de wɔn ani hunuiɛ na wɔyɛɛ asɛm no ho asomfoɔ no de abrɛ yɛn no nti,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔkyerɛw faa nsɛm a wɔaka akyerɛ yɛn a nnipa a wohuu saa nneɛma yi fi mfiase no nam so daa no adi no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 sɛdeɛ wɔn a wɔfiri mfitiaseɛ de wɔn ani hunuiɛ na wɔyɛɛ asɛm no ho asomfoɔ no de abrɛ yɛn no nti,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔtwerɛɛ sɛdeɛ nnipa a wɔhunuu saa nneɛma yi firi ahyɛaseɛ no daa no adi kyerɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 sɛnea wɔn a wofi mfiase de wɔn aniwa hui na wɔyɛɛ asɛm no ho asomfo no de abrɛ yɛn no enti,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 1:2
25 Iomraidhean Croise  

Yesu Kristo, [Onyankopɔn Ba] asɛmpa no mfiase.


Na wɔn de, wofii hɔ kɔe kɔkaa asɛm no mmaa nyinaa, na Awurade ne wɔn yɛɛ adwuma nam nsɛnkyerɛnne a ɛka ho no so hyɛɛ asɛm no den.


Ogufo no gu asɛm no.


Na mone eyinom ho adansefo.


na mo nso mubedi adanse, efisɛ moka me ho fi mfiase.


Na maka eyinom makyerɛ mo, na sɛ bere no du a, moakae sɛ maka makyerɛ mo. Na manka mo eyinom mamfi mfiase, efisɛ me ne mo wɔ hɔ.


Wɔn nso na n’amanehunu akyi no, ɔnam adanse bebree so yii ne ho kyerɛɛ wɔn sɛ ɔteasefo adaduanan mu ma wohuu no, na ɔkaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm.


na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano noho.


Na wɔkaa asɛm no wɔ Perga no, wobeduu Atalia.


Na wɔtwaa mu Frigia ne Galatia asase so, efisɛ Honhom Kronkron siw wɔn kwan sɛ wɔnnka asɛm no Asia.


Nso Yudafo a ɛwɔ ha no yɛ animdefo sen wɔn a wɔwɔ Tesalonika no, efisɛ woyii wɔn yam pefee gyee asɛm no, na daa wɔhwehwɛ kyerɛwsɛm no mu sɛ nneɛma no te saa anaa.


Na sɔre gyina wo nan so; na eyi nti na miyii me ho mekyerɛɛ wo, sɛ meyi wo mayɛ wo nneɛma a woahu me wom ne nea merebeyi me ho makyerɛ wo wom no ho somfo ne dansefo.


Na yɛn de, yentumi, gye sɛ yɛka nea yɛahu na yɛate.


Ɛnna wɔn a wɔhwetee no kyinkyin kɔkaa asɛmpa no.


sɛ menyɛ Yesu Kristo somfo amanaman no mu, menkɔyɛ Onyankopɔn asɛmpa no ho asɔfodwuma, na amanaman mufo nyɛ afɔre a ɛyɛ dɛ a wɔatew ho Honhom Kronkron mu.


Momma obiara mmu yɛn sɛ Kristo asomfo ne Nyankopɔn ahintasɛm so ahwɛfo.


yɛn nso sɛ yɛammu nkwagye kɛse a ɛte sɛɛ yi a, yebeguan afi mu dɛn? Ɛno na Awurade fii ase kae no, wɔn a wɔtee no hyɛɛ mu den de maa yɛn,


Me a meyɛ ɔpanyin bi ne Kristo amanehunu ho dansefo ne anuonyam a wɔrebeyi adi no fafafo nso, mitu mpanyimfo a ɛwɔ mo mu no fo sɛ:


Na ɛnyɛ anansesɛm a wɔtoo no nyansam akyi na yedi kaa mo yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ne ba no ho asɛm, na mmom yɛyɛɛ n’anuonyam kɛse no ho adansefo a na yɛn ani tuae.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan