Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 1:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na Awurade bɔfo bi beyii ne ho adi kyerɛɛ no, na obegyinaa ohuam afɔremuka no nifa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na Awurade bɔfoɔ bi bɛyii ne ho kyerɛɛ no, na ɔbɛgyinaa ohwam afɔrebukyia no nifa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Sakaria gu so rehyew aduhuam no, prɛko pɛ, Awurade bɔfo begyinaa afɔremuka no nkyɛn mu wɔ nifa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Na Awurade bɔfoɔ bi bɛyii ne ho kyerɛɛ no, na ɔbɛgyinaa ohwam afɔrebukyia no nifa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Sakaria gu so rehye aduhwam no, prɛko pɛ, Awurade ɔbɔfoɔ bɛgyinaa afɔrebukyia no nkyɛn mu wɔ nifa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na Awurade bɔfo bi beyii ne ho adi kyerɛɛ no, na obegyinaa ohuam afɔremuka no nifa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 1:11
15 Iomraidhean Croise  

na ɔmfa aduhuam no ngu ogya no so, AWURADE anim, na aduhuam no wusiw nkata mpata agua a ɛwɔ Adanse no so no ho, na wanwu.


Ɛnna ɔbɔfo no bua see no sɛ: Mene Gabriel a migyina Onyankopɔn anim, na wɔasoma me sɛ memmɛkasa menkyerɛ wo, na menka wo nsɛm pa yi.


Na ɔbɔfo no baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Ei, ma w’ani nnye, wo a wɔadom wo! Awurade ka wo ho.


Na ɔbɔfo no see wɔn sɛ: Munnsuro, na hwɛ, mede asɛmpa a ɛyɛ anigye pii na ɛbɛyɛ aman nyinaa dea merebrɛ mo,


Na Awurade bɔfo begyinaa wɔn nkyɛn, na Awurade anuonyam haran twaa wɔn ho hyiae, na ehu kɛse kaa wɔn.


Na Awurade bɔfo behiɛɛ afiase no apon anadwo, na ɔde wɔn fii adi kae sɛ:


Wɔn nyinaa nyɛ ahonhom asomfo a, wɔn a wɔbɛyɛ nkwagye no difo no nti, wɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔsom no anaa?


Na ɔbɔfo a ɔto so asia no hyɛnn ne torobɛnto. Na metee nne biako a efi sika afɔremuka a esi Nyankopɔn anim no mmɛn anan no mu


Na AWURADE bɔfo yii ne ho kyerɛɛ ɔbea no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woyɛ obonin na wonwo, nanso wobenyinsɛn awo babarima.


Na Onyankopɔn tiee Manoa, na Onyankopɔn bɔfo no baa ɔbea no nkyɛn bio, na ɔwɔ afum a ne kunu Manoa nka ne ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan