Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 1:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Esiane sɛ nnipa pii afa ato wɔn ho so sɛ wɔbɛkyerɛ nsɛm a aba mu wɔ yɛn ntam no nnidiso nnidiso,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Ɛsiane sɛ nnipa pii afa ato wɔn ho so sɛ wɔbɛkyerɛ nsɛm a aba mu wɔ yɛn ntɛm no nnidisoɔ nnidisoɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Adamfo pa Teofilo, nnipa pii abɔ mmɔden akyerɛw Yesu ho nsɛm a akɔ so wɔ yɛn mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Ɛsiane sɛ nnipa pii afa ato wɔn ho so sɛ wɔbɛkyerɛ nsɛm a aba mu wɔ yɛn ntam no nnidisoɔ nnidisoɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Adamfo pa Teofilo, nnipa pii abɔ mmɔden atwerɛ Yesu ho nsɛm a akɔ so wɔ yɛn mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Esiane sɛ nnipa pii afa ato wɔn ho so sɛ wɔbɛkyerɛ nsɛm a aba mu wɔ yɛn ntam no nnidiso nnidiso,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 1:1
13 Iomraidhean Croise  

Na wɔn de, wofii hɔ kɔe kɔkaa asɛm no mmaa nyinaa, na Awurade ne wɔn yɛɛ adwuma nam nsɛnkyerɛnne a ɛka ho no so hyɛɛ asɛm no den.


Na eyinom na wɔakyerɛw sɛ munnye nni sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn Ba, na mugye di a, moanya nkwa ne din mu.


Obi bu da bi sen bi, na obi nso bu nna nyinaa pɛ. Momma obiara adwene nsi no pi.


na onim ampa sɛ, nea wahyɛ ho bɔ no, obetumi ayɛ nso.


sɛ wonnya nea ɛka wɔn koma to wɔn yam, ɛne sɛ wɔnyɛ biako ɔdɔ mu nnya ntease a wɔasi so dua ahonya nyinaa, na wɔahu Onyankopɔn ahintasɛm a ɛne Kristo no mu.


Kristo Yesu akoa Epafra a ofi mo mu no kyia mo. Daa odi ma mo dennennen wɔ mpaebɔ mu, sɛ munnyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na moayɛ ma Onyankopɔn apɛde nyinaa mu.


efisɛ yɛn asɛmpa no amma mo nkyɛn sɛ ɔkasa ara kwa, na mmom ɛbae ahoɔden ne Honhom Kronkron ne ntease bebree mu nso, sɛnea munim sɛ mo nti yɛbɔɔ yɛn bra fae wɔ mo mu no.


Na ade a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahintasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi ɔhonam mu, wobuu no bem honhom mu, oyii ne ho kyerɛɛ abɔfo, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wogyee no dii ewiase, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, anuonyam mu.


Na Awurade gyinaa m’akyi, na ɔhyɛɛ me den, na wɔafa me so awie asɛnka no, na amanaman nyinaa ate; na woyii me gyata anom.


momma yɛmfa nokware koma wɔ gyidi a akyinnye nnim koraa mu mmɛn sɛ nnipa a wɔapete wɔn koma ho afi ahonim bɔne mu, na wɔde nsu krogyenn aguare wɔn nipadua.


Na yeyi yɛn yam pɛ sɛ mo nyinaa mmiako mmiako yi saa mmɔdemmɔ yi adi kyerɛ wɔ anidaso a akyinnye nni mu koraa mu de kodu awiei,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan