Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Kolosefo 2:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ɔno mu na wɔde nyansa ne nimdeɛ agyapade nyinaa akora.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ɔno mu na wɔde nyansa ne nimdeɛ agyapadeɛ nyinaa akora.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔno so na wɔnam hu Onyankopɔn nyansa ne nʼadwene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɔno mu na wɔde nyansa ne nimdeɛ agyapadeɛ nyinaa akora.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔno so na wɔnam hunu Onyankopɔn nyansa ne nʼadwene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ɔno mu na wɔde nyansa ne nimdeɛ agyapade nyinaa akora.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Kolosefo 2:3
21 Iomraidhean Croise  

Na Israel nyinaa tee atɛn a ɔhene bui no, wosuroo ɔhene anim, efisɛ wohui sɛ Onyankopɔn nyansa wɔ no mu a ɔde bu atɛn.


Wɔde ahintaw ateasefo nyinaa aniwa, wɔakata so ɔsoro nnomaa anim.


sɛ wohwehwɛ n’akyi kwan sɛ dwetɛ, na wobɔre hwehwɛ no sɛ akorade a ahintaw a,


Na AWURADE honhom besi no so, nyansa ne nhumu honhom, afotu ne mmaninyɛ honhom, nimdeɛ ne AWURADE suro honhom.


Ɔne hena na atu agyina, na wama wahu biribi, na wakyerɛ no atemmu kwan, na wakyerɛ no nimdeɛ, na wama wahu nhumu kwan?


Enti munnsuro wɔn; na biribiara nni hɔ a ɛso akata a ɛrenna adi, anaa ahintaw a wɔrenhu.


Eyi nti nso na Onyankopɔn nyansa no se: Mɛsoma adiyifo ne asomafo akɔ wɔn mu, na wɔakum na wɔataa wɔn mu binom,


O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ! Wɔrenhu n’atemmu mu pɛɛpɛe, na wɔrenhu n’akwan akyi hwehwɛ nwie da.


Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no de, Yudafo oo, Helafo oo, saa Kristo yi yɛ Onyankopɔn tumi ne Nyankopɔn nyansa.


Na ne mu na efi na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno mu na efi, na Nyankopɔn ayɛ nyansa ne trenee ne ahotew ne ogye ama yɛn.


Ɔmaa no boroo so maa yɛn, nyansa ne nimdeɛ nyinaa mu.


Efisɛ ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ne mayɛ nyinaa bɛtena ne mu,


Ɔno na yɛbɔ dawuru, yɛkasa kyerɛ onipa biara, na yɛkyerɛkyerɛ nkorowankorowa biara nyansa nyinaa mu, sɛ yɛde onipa biara besi hɔ pɛpɛɛpɛ Kristo mu.


Ne saa nti, yɛn nso, efi da a yɛtee no, yennyaee mo ti so mpaebɔ ne nkotosrɛ, sɛ ne pɛ mu nimdeɛ nhyɛ mo ma, honhom, nyansa ne ntease nyinaa mu,


Momma Kristo asɛm no ntena mo mu bebree; monkyerɛkyerɛ na monkasa nkyerɛ mo ho nyansa nyinaa mu, momfa sanku so nnwom ne ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom nto dwom ɔdɛw so wɔ mo koma mu mma Onyankopɔn.


Na moawu, na wɔde mo nkwa aka Kristo ho ahintaw Onyankopɔn mu;


Eyi ara nti na mo nso mommɔ mmɔden nyinaa mfa nka ho, na monkyerɛ mo papayɛ nka gyidi ho, na nimdeɛ nka papayɛ ho,


Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no reka kyerɛ asafo no: Nea odi nkunim no, mɛma no mana a ahintaw no bi adi, na mɛma no ɔbo fitaa, na ɔbo no so na wɔakyerɛw din foforo a obiara nnim, sɛ nea onya no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan