Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 9:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Wɔrentena AWURADE asase so, na Efraim bɛsan akɔ Misraim, na wobedi nea ɛho ntew wɔ Asiria.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Wɔrentena AWURADE asase so, na Efraim bɛsane akɔ Misraim, na wɔbɛdi deɛ ɛho nteɛ wɔ Asiria.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔrentena Awurade asase no so bio; Efraim bɛsan akɔ Misraim na wadi aduan a ɛho ntew wɔ Asiria.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Wɔrentena AWURADE asase so, na Efraim bɛsane akɔ Misraim, na wɔbɛdi deɛ ɛho nteɛ wɔ Asiria.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔrentena Awurade asase no so bio; Efraim bɛsane akɔ Misraim na wadi aduane a ɛho nteɛ wɔ Asiria.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Wɔrentena AWURADE asase so, na Efraim bɛsan akɔ Misraim, na wobedi nea ɛho ntew wɔ Asiria.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 9:3
24 Iomraidhean Croise  

ɛnne metwa Israel afi asase a mede mama wɔn no ani, na ofi a mayɛ no kronkron mama me din no, mɛtow afi m’anim akyene, na Israel bɛdan bɛ ne nkasaguaa aman nyinaa mu.


Hosea afe a ɛto so akron mu na Asaria hene faa Samaria, na otuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn koduaa Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkurow mu.


Na metua wɔn amumɔyɛ ne wɔn bɔne ka mmɔho, sɛ wɔagu m’asase ho fi, wɔde wɔn atantanne ne wɔn akyide afunu ahyɛ m’agyapade no ma.


Na mede mo mebaa asasebere so, sɛ munni ɛso aba ne ɛso nnepa; nanso mobae no, na mubeguu m’asase ho fi, na mode m’agyapade yɛɛ akyide.


Yɛde yɛn ho ma Misraim ne Asiria, na yɛanya aduan adi amee.


Na AWURADE kae sɛ: Saa ara na Israelfo bedi wɔn aduan a ɛho akum, amanaman a mesum wɔn makɔ hɔ no mu.


Na Daniel bɔɔ ne tirim sɛ ɔremfa ɔhene nnuan ne nsa a ɔnom no ngu ne ho fi, enti ɔsrɛɛ apiafohene no, na wangu ne ho fi.


Wɔde ahopere befi Misraim aba sɛ nnomaa, na wɔafi Aseria asase so aba sɛ mmorɔnoma, na mede wɔn madua wɔn afi mu, AWURADE asɛm ni.


Wɔbɛsan wɔn akyi akɔ Misraim asase so bio, na Aseria na ɔbɛyɛ wɔn hene, efisɛ wɔampene sɛ wɔsan wɔn akyi.


Na Efraim adan sɛ aborɔnoma ayemfo, onni ti; wɔrepɛ mmoa afi Misraim no na wɔdan Asaria nso.


Wɔsan wɔn akyi, kɔ nea ɛho nni mfaso ho, wɔayɛ sɛ ɔta a agow. Afoa ano na wɔn mmapɔmma bɛtotɔ, keka a wɔn tɛkrɛma yɛ nti; eyi bɛma wɔadi wɔn ho fɛw Misraim asase so.


M’ayɛyɛde afɔre a wɔbɔ no, nam nko na wokum; AWURADE ani nsɔ; afei ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ na wabɛtwe wɔn bɔne so aso; Misraim na wɔbɛsan akɔ.


Na hwɛ, ɔsɛe nti wɔatu kɔ; Misraim bɛboa wɔn ano, Memfis besie wɔn; wɔn dwetɛ nnwinne ananmu na nnɛnkyɛnse besi, na nsɔe befuw nea wɔn ntamadan sii no.


na asase no amfe mo sɛ moagu ho fi, sɛnea ɛfee amanaman a wodii mo anim no.


Enti munni m'ahyɛde nyinaa ne m'atemmude nyinaa so na monyɛ, na asase a mede mo rekɔ hɔ akɔtena so no amfe mo angu.


Na wɔnntɔn asase no korakora, efisɛ asase no yɛ me dea na moyɛ me nkyɛn ahɔho ne atubrafo.


Enti sɛ AWURADE se ni: Wo yere bɛdan aguaman kurow no mu, na wo mmabanin ne wo mmabea bɛtotɔ afoa ano, na w’asase no, wɔde hama bɛkyɛ mu, na wo de, wubewu asase a ɛso akum so, na Israel betu afi n’asase so akɔ.


Monsɔre na monkɔ! Na ɛha nyɛ mo homebea, esiane efigu a ɔsɛe a ɛso ba no nti.


Na Petro se: Dabida, Awurade, efisɛ minnii biribi a wokyi anaasɛ ɛho ntew da.


Na sɛnea AWURADE ani gyee mo ho sɛ ɔbɛyɛ mo yiye na wama moadɔ no, saa ara nso na AWURADE ani begye mo ho sɛ ɔbɛsɛe mo na wadwerɛw mo; na wobetutu mo afi asase a morekɔ hɔ akodi so no so.


Na AWURADE de wo bɛsan afa ahyɛn mu akɔ Misraim, ɔkwan a mekaa wo ɛho asɛm sɛ worenhu bio no so; na ɛhɔ na mobɛtontɔn mo ho ama mo atamfo sɛ nkoa ne mfenaa, na obiara rentɔ mo po.


ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ emmedi mo adanse sɛ ɔyera na mobɛyera ntɛm so afi asase a moretwa Yordan akɔfa no so; morentena so nkyɛ, na mmom ɔsɛe na mobɛsɛe pasaa.


Na sɛnea asɛmpa a AWURADE kaa mo no nyinaa aba mo so no, saa ara na AWURADE bɛma asɛmmɔne nyinaa nso aba mo so akosi sɛ ɔbɛsɛe mo afi asase pa yi a AWURADE mo Nyankopɔn de ama mo yi so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan