Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 8:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Wɔn de, wɔasisi ahemfo, na emfi me, wɔasisi mmapɔmma nso, na minnim; wɔn dwetɛ ne wɔn sika, wɔde ayeyɛ ahoni a ɛbɛsɛe wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Wɔn deɛ, wɔasisi ahene, na ɛmfiri me, wɔasisi mmapɔmma, nso mennim. Wɔn dwetɛ ne wɔn sika, wɔde ayeyɛ ahoni a ɛbɛsɛe wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Wosisi ahemfo a minnim ho hwee, wɔpaw ahenemma wɔ bere a mempenee so ɛ. Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ yɛ ahoni ma wɔn ho de sɛe wɔn ankasa ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Wɔn deɛ, wɔasisi ahene, na ɛmfiri me, wɔasisi mmapɔmma, nso mennim. Wɔn dwetɛ ne wɔn sika, wɔde ayeyɛ ahoni a ɛbɛsɛe wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔsisi ahemfo a mennim ho hwee wɔpa ahenemma wɔ ɛberɛ a mempenee so. Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ yɛ ahoni ma wɔn ho de sɛeɛ wɔn ankasa ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Wɔn de, wɔasisi ahemfo, na emfi me, wɔasisi mmapɔmma nso, na minnim; wɔn dwetɛ ne wɔn sika, wɔde ayeyɛ ahoni a ɛbɛsɛe wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 8:4
20 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene no tuu agyina, na ɔyɛɛ sika nantwi mma abien, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moaforo akɔ Yerusalem bi ara! Israel, hwɛ, wo anyame a ɔde wo fi Misraim bae ni.


Na asɛm yi dan Yeroboam fi bɔne a ɛma wɔdwerɛw wɔn na wɔsɛee wɔn fii asase ani.


Na wammu no hwee sɛ ɔbɛnantew Nebat ba Yeroboam bɔne mu, na ɔkɔfaa Sidonfo hene Etbaal babea Yesebel waree, na ɔkɔe kɔsom Baal na ɔsɔree no.


So onipa bɛyɛ anyame a wɔnyɛ anyame afa?


Montotow mo mmaratode a mode too mmara no nyinaa mfi mo so ngu, na monyɛ koma foforo ne honhom foforo mfa. Na ɛdɛn nti na morewu yi, Israel fi?


Ɔhene Nebukadnesar yɛɛ sika honi a ne tenten si basafa dunum na ne tɛtrɛtɛ si basafa biako ne fa, ɔde sii Dura asasetaw so wɔ Babel asase so.


Efraim rekasa a, ɛyɛ hu; ɔmaa ne ho so Israel mu, ɛnna Baal nti, odii so, na owui.


Memaa wo ɔhene m’abufuw mu, na miyii no hɔ m’anibere mu.


Na afei wɔkɔ so yɛ bɔne, na wɔde wɔn dwetɛ yɛ ogu ahoni ne wɔn nhumu ano adwinhoni; ɛyɛ odwumfo adwuma ara nko. Nnipa a wɔbɔ afɔre kasa kyerɛ wɔn. Wofew anantwi mma ano.


Na ɔno de, onnim sɛ me na memaa no awi ne nsa ne ngo, na memaa ne dwetɛ dɔe, ne ne sika a wɔhwere maa Baal no.


Papa ayɛ Israel nwini; ma ɔtamfo ntiw wɔn ɛ!


Na obuae sɛ: Nokware mise mo sɛ, minnim mo.


Efi bere a ofiwura no bɛsɔre ato pon mu no ara na mubefi ase agyina akyiri, na moabɔ ɔpon akyi sɛ: Owura, hiɛ yɛn! Na obebua mo sɛ: Mo de, minnim nea mufi.


Na obese mo sɛ: Mo de, minnim nea mufi. Mumfi me so, mo a moyɛ nea ɛnteɛ nyinaa!


Mene guanhwɛfo pa no; na minim me de, na me de nso nim me,


Na afei a moahu Nyankopɔn, anaasɛ Onyankopɔn mmom ahu mo yi, adɛn na mosan mo akyi bio kɔ honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ mmerɛw, na edi hia no ho, na mopɛ sɛ mufi ase foforo som bio?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan