Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 8:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Fa torobɛnto tua w’ano. Ɛbɛba AWURADE fi so sɛ ɔkɔre, efisɛ wɔafomfom m’apam na wɔato me mmara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Fa totorobɛnto tua w’ano; ɛbɛba AWURADE fie so sɛ ɔkɔdeɛ; ɛfiri sɛ wɔafomfom m’apam na wɔato me mmara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 “Monhyɛn torobɛnto! Ɔkɔre bi wɔ Awurade fifo so efisɛ nnipa no abu mʼapam so na wɔasɔre atia me mmara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Fa totorobɛnto tua w’ano; ɛbɛba AWURADE fie so sɛ ɔkɔdeɛ; ɛfiri sɛ wɔafomfom m’apam na wɔato me mmara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 “Monhyɛn totorobɛnto! Ɔkɔdeɛ bi wɔ Awurade fiefoɔ so ɛfiri sɛ nnipa no abu mʼapam so na wɔasɔre atia me mmara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Fa torobɛnto tua w’ano. Ɛbɛba AWURADE fi so sɛ ɔkɔre, efisɛ wɔafomfom m’apam na wɔato me mmara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 8:1
34 Iomraidhean Croise  

Na Rabsake ka kyerɛɛ wɔn sɛ: So wo wura, nni wo nkyɛn, na me wura somaa me sɛ memmɛka nsɛm yi? So ɛnyɛ mmarima a wɔtete ɔfasu so yi nkyɛn, sɛ wonni wɔn ankasa sɛbew na wɔnnom wɔn dwensɔ sɛ mo ara?


Mo wiasefo ne asase sotefo nyinaa, sɛ wosi mmepɔw so frankaa sɛ nsɛnkyerɛnne a, monhwɛ, na sɛ wɔhyɛn torobɛnto a, muntie.


Asase ho akum wɔ ɛsotefo ase, efisɛ wɔatiatia mmara no so, wɔasakra ahyɛde no na wɔato daa apam no.


Ma wo nne so teɛm, nnyae, kɔ so; ma wo nne so sɛ torobɛnto, na ka me man mmarato ne Yakob fi bɔne kyerɛ wɔn.


Ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pamee da a misusoo wɔn nsa miyii wɔn fii Misraim asase so a wɔn de, wobubuu m’apam bere a meyɛ wɔn wura no, AWURADE asɛm ni.


Na mmarima a wɔato m’apam, na wɔamma apam a wɔpamee m’anim no nsɛm no antim no, mɛyɛ wɔn sɛ nantwi ba a wɔpaee mu abien na wɔfaa n’afaafa no ntam no,


Hwɛ, ɔreforo aba sɛ amununkum, na ne nteaseɛnam te sɛ mframa a edi kyinhyia. N’apɔnkɔ ho yɛ hare sen akɔre. Yennue! Na yɛawie ɔsɛe.


Monka wɔ Yuda, momma wɔnte Yerusalem, mommɔ din nka sɛ, monhyɛn torobɛnto asase no so, monteɛm mma ɛnyɛ den, na monka sɛ: Mommoaboa mo ho ano mma yɛnkɔ nkurow a ɛyɛ den no mu.


Na sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, ɔretu sɛ ɔkɔre, na ɔtrɛw ne ntaban mu ba Moab so.


Hwɛ, ɔforo sɛ ɔkɔre, retu aba, na ɔtrɛw ne ntaban mu Bosra so; na ɛda no, Edom nnɔmmarima koma bɛyɛ sɛ ɔbea a ɔda ahohia mu koma.


Munsi asase no so frankaa, monhyɛn ntorobɛnto amanaman mu; momma amanaman nnoa no so sa, munhyia Ararat, Mini ne Askenas ahenni nhyɛ no; munsi sahene nhyɛ no, momfa apɔnkɔ mmra sɛ mmɛbɛw manyamanya.


O Benyamin mma, mommɔ mo ho aguaa mfi Yerusalem, na monhyɛn torobɛnto Tekoa, na munsi frankaa Bet-hakerem! Na adebɔne bi ne ɔsɛe kɛse repue afi atifi fam.


Ɛno nti hyɛ wɔn ho nkɔm, hyɛ nkɔm, onipa ba!


Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛyɛ wo sɛnea woyɛe no a wubuu ntanka animtiaa sɛ worebu apam so no.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɔkɔre kɛse bi, ne ntaban akɛseakɛse, ne ntakra atenten-atenten, ntakra nworannworan ayɛ ne ho ma, ɔbaa Lebanon bebuu kyeneduru nkoa;


Wɔhyɛn torobɛnto na wosiesie ade nyinaa de, nanso nea ɔkɔ ɔsa nni hɔ; na m’anibere ba n’asafo yuu nyinaa so.


Nimdeɛ a me man nni nti, wobetwa wɔn agu; na wo nso, wopoo nimdeɛ nti, mɛpo wo sɛ: Nni me sɔfo; na wo werɛ afi wo Nyankopɔn mmara nti, me nso, me werɛ befi wo mma.


Monhyɛn abɛn Gibea, monhyɛn torobɛnto Rama. Mommɔ ose Bet-awen, hwɛ w’akyi, Benyamin.


Na wɔn de, wɔafom apam so sɛ Adam, ɛhɔ na wɔatwa me nkontompo.


Wɔn bɔne nyinaa wɔ Gilgal, na ɛhɔ na mifi metan wɔn; wɔn nneyɛe bɔne nti, mɛpam wɔn afi me fi, merenna so mennɔ wɔn; wɔn mmapɔmma nyinaa yɛ atuatewfo nko.


Monhyɛn torobɛnto Sion, na mommɔ ose me bepɔw kronkron no so. Ma asase sofo nyinaa ho mpopo, efisɛ AWURADE da no redu, na abɛn,


Monhyɛn torobɛnto Sion, monhyɛ abuadadi kronkron, momfrɛ asɔfo nhyiam kronkron.


Anaasɛ wɔhyɛn torobɛnto kurow mu a ɔman mmɔ piriw? Anaasɛ bɔne bi ba kurow bi mu a ɛnyɛ AWURADE na ɔma ɛbae?


Na asɔrefi nnwom bɛdan adwotwa ɛda no, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, afunu no bɛdɔɔso na wɔde kommyɛ bɛtotow wɔn agugu mmaa nyinaa.


Mihuu AWURADE sɛ ogyina afɔremuka no ho, na ɔkae sɛ: Bɔ atifi pɔw no ma apongua nwosow, na buruw gu wɔn nyinaa atifi! Na akyirikafo no, mede afoa mekunkum wɔn; oguanfo renguan mma wɔn, na mfimufo remfi mu mma wɔn.


Wɔn apɔnkɔ ho yɛ hare sen asebɔ, na wɔn ho yɛ hu yiye sen anadwofa mpataku, na wɔn apɔnkɔ tew praka, na wofi akyirikyiri reba, wotu sɛ ɔkɔre a ɔrepɛ ntɛm akɔ adidi.


torobɛnto ne osebɔ da a ɛreba afasu mu nkurow ne aban atenten ano sorɔnsorɔn so.


Lebanon, hiɛhiɛ w’apon, na ogya nhyew wo nkyeneduru no.


Na Awurade beyi ne ho adi wɔn so, na n’agyan afi adi sɛ ɔsraman; na Awurade Nyankopɔn bɛhyɛn torobɛnto, na wanantew ahum a etutu anafo fam mu.


Na faako a afunu wɔ no, ɛhɔ na apete bɛboaboa wɔn ho ano.


ntɛm so, mpofirim, torobɛnto a edi akyiri no hyɛn mu; na wɔbɛhyɛn torobɛnto na awufo no anyan sɛ wɔn a wɔmporɔwee da, na yɛn de, yɛbɛsakra.


AWURADE de ɔman bi befi akyirikyiri afi asase ano aba wo so ɔhareso, sɛnea ɔkɔre tu: Ɔman a wonte wɔn kasa,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan