Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 7:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Wɔn nyinaa mu adodɔ sɛ ɔfononoo, na wokum wɔn akannifo; wɔn ahene nyinaa atotɔ; obi nni wɔn mu a ɔfrɛ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Wɔn nyinaa mu ayɛ hye sɛ fononoo, na wɔdi wɔn atemmufoɔ nam; wɔn ahemfo nyinaa totɔ. Obi nni wɔn mu a ɔfrɛ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔn nyinaa ayɛ hyew sɛ fononoo. Wokunkum wɔn sodifo. Wɔn ahemfo nyinaa hwehwe ase na wɔn mu biara nsu mfrɛ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Wɔn nyinaa mu ayɛ hye sɛ fononoo, na wɔdi wɔn atemmufoɔ nam; wɔn ahemfo nyinaa totɔ. Obi nni wɔn mu a ɔfrɛ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔn nyinaa ayɛ hye sɛ fononoo. Wɔkunkumm wɔn sodifoɔ. Wɔn ahemfo nyinaa hwehwe ase na wɔn mu biara nnsu mfrɛ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Wɔn nyinaa mu adodɔ sɛ ɔfononoo, na wokum wɔn akannifo; wɔn ahene nyinaa atotɔ; obi nni wɔn mu a ɔfrɛ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 7:7
27 Iomraidhean Croise  

Na Baasa kum no, Yuda hene Asa afe a ɛto so abiɛsa so, na odii n’ade.


Na Simri hui sɛ wɔagye kurow no no, ɔkɔɔ ahemfi aban no mu, na ɔde ogya hyew ahemfi no guu ne ho so, na owui,


Na ɔman a wodii Omri akyi no yɛ den sen ɔman a wodii Ginat ba Tibni akyi, na wokum Tibni, na Omri dii hene.


Na ɔkaa sɛ: Monkyere wɔn anikan! Na wɔkyekyeree wɔn anikan, na wokunkum wɔn nguansesa dan no ho amoa no ho, nnipa aduanan abien, na wannyaw wɔn mu biara.


Na nhoma no kaa wɔn nsa no, wɔfaa ɔhene mma no kunkum nnipa aduɔsɔn no, na wɔde wɔn ti guguu nkyerɛnkyɛ mu, na wɔsoma ma wɔde kɔmaa no Yesreel.


Na Yabes ba Salum bɔɔ ne ho pɔw, na ɔbɔɔ no ɔman no anim kum no, na obedii n’ade.


Na Gadi ba Menahem fii Tirsa foro baa Samaria, na ɔbɛbɔɔ Yabes ba Salum Samaria kum no, na obedii n’ade.


Na ne kunini Peka a ɔyɛ Remalia ba pam ne tiri so, na ɔbɔɔ no Samaria ahemfi aban mu, ɔne Argob ne Arie, na Gileadfo mma mu mmarima aduonum ka ne ho; na okum no, na obedii n’ade.


Na Ela ba Hosea pam Remalia ba Peka tiri so, na ɔbɔɔ no kum no, na obedii n’ade Usia ba Yotam afe a ɛto so aduonu mu.


Na Yehu de ne nsa soo bɛmma mu tow bɔɔ Yoram abasa ntam, na agyan no hwirew ne koma mu, na ɔhwee ne teaseɛnam mu.


Na ɔkae sɛ: Montow no nhwe fam! Ɛnna wɔtow no hwee fam, na ne mogya bi petee ɔfasu ho ne apɔnkɔ no ho, na ɔde ne teaseɛnam faa no so.


Na koma mu ansuronyamefo kora abufuw, sɛ ɔkyekyere wɔn a, wɔnkotɔ nsrɛ.


Enti omumɔyɛfo biara nni nimdeɛ, wɔn a wodi me man sɛnea wodi aduan, na wɔnsɔre AWURADE?


Nanso ɛnyɛ me na wofrɛɛ me, O Yakob, na me ho ayɛ wo mfonee, o Israel!


Na efi tete bemee wɔntee, ɛnkɔɔ obi asom, aniwa nso nhui Onyankopɔn bi a odi ma nea n’ani da no so, gye wo nko.


Na yɛn nyinaa ayɛ sɛ nea ne ho ntew, na yɛn adetrenee nyinaa te sɛ ntamagow afiafi; na yɛn nyinaa kisa sɛ ahaban, na yɛn amumɔyɛ soa yɛn kɔ sɛ mframa;


na obi nni hɔ a ɔbɔ wo din anaasɛ ɔkanyan ne ho so wo mu; na woayi w’ani ahintaw yɛn, na yɛn amumɔyɛ nti woama yɛayera.


Na ɔman no ansan amma nea ɔhwee wɔn no nkyɛn, na asafo AWURADE akyi kwan nso, wɔnhwehwɛe ɛ.


Na mehwehwɛɛ wɔn mu bi a obegye ban anaasɛ obegyina tokuru no mu, m’anim, ama asase no na mansɛe no, nanso manhu obi.


Sɛnea wɔakyerɛw Mose mmara no mu no, saa bɔne yi nyinaa aba yɛn so; nanso yɛanhwehwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛ yɛbɛsan afi yɛn amumɔyɛ ho, na yɛatiw wo nokware.


Ɛhefa na wo hene no wɔ afei, na onnye wo wo nkurow nyinaa mu, ne w’atemmufo a wokae sɛ: Ma me ɔhene ne mmapɔmma no?


Mɛkɔ, mɛsan makɔ me baabi, akosi sɛ ɛbɛka wɔn ani na wɔabɛhwehwɛ m’anim; wɔn ho hia wɔn a, wɔbɛhwehwɛ me ntɛm.


Na Israel ahantan di n’anim adanse, na wɔnsan mmaa AWURADE wɔn Nyankopɔn nkyɛn, na wɔnhwehwɛ no eyi nyinaa mu.


Na wonsu mfrɛɛ me wɔn komam, na wɔbobom wɔn nnae so; awi ne nsa nti na wodi nkyereso, wɔtew m’anim atua.


Wɔn de, wɔasisi ahemfo, na emfi me, wɔasisi mmapɔmma nso, na minnim; wɔn dwetɛ ne wɔn sika, wɔde ayeyɛ ahoni a ɛbɛsɛe wɔn.


Wonnue wɔn a wodwen amumɔyɛsɛm ne wɔn a wosiesie bɔne, wɔn nnae so; anɔpa hann mu wɔyɛ, efisɛ ɛwɔ wɔn nsam tumi mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan