Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 7:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefo, te sɛ ɔfononoo a abodootofo ahyɛ mu gya, na ogyae mu pia fi mmɔre fɔtɔw so kosi ne kaw so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ, te sɛ ɔfononoo a paanootoni ahyɛ mu gya na ɔgyae mu pia firi mmɔre feteɛ so kɔsi ne ka soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔn nyinaa yɛ aguamammɔfo a akɔnnɔ redɛw wɔ wɔn mu. Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu gya bere a brodotofo ahyɛ ase refɔtɔw nʼasikresiam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ, te sɛ ɔfononoo a paanootoni ahyɛ mu gya na ɔgyae mu pia firi mmɔre feteɛ so kɔsi ne ka soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ a akɔnnɔ redɛre wɔ wɔn mu. Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu ogya ɛberɛ a burodotofoɔ ahyɛ aseɛ refotɔ nʼasikyiresiam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefo, te sɛ ɔfononoo a abodootofo ahyɛ mu gya, na ogyae mu pia fi mmɔre fɔtɔw so kosi ne kaw so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 7:4
10 Iomraidhean Croise  

Na awaresɛefo ahyɛ asase no so ma; na nnome nti asase no di nkɔmmɔ, sare so adidibea akisa; na wɔn mmirikatu yɛ bɔne, na wɔn mmaninyɛ nso nteɛ.


O Sɛ me ti yɛ nsu na m’aniwa yɛ nusu abura ɛ! Anka mesu me man mu ahiafo atɔfo no awia ne anadwo.


Sɛ minya akwantemfo asoɛe anwea so ɛ! Anka megyaw me man, na mafi wɔn nkyɛn makɔ! Efisɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefo, nkɔnkɔnsafo asafo.


wobedidi, na wɔremmee; wɔbɛbɔ aguaman na wɔn ase remfɛe, efisɛ wɔagyaw obu a anka ɛsɛ sɛ wobu AWURADE no.


Me man bisa dua hɔ ade, na wɔn poma ka asɛm kyerɛ wɔn, efisɛ aguamammɔ honhom adaadaa wɔn, na wɔafi wɔn Nyankopɔn ase akɔbɔ aguaman.


Ntanka ne nkontompo ne awudi ne awi ne awaresɛe na ɛwɔ hɔ; wodi akakabensɛm na mogyahwiegu toa mogyahwiegu so.


Mo ahohoahoa nyɛ fɛ. Munnim sɛ mmɔkaw kakra na ɛkaw mmɔre nyinaa?


Awaresɛefo, munnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan