Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 7:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na wɔnka wɔn komam sɛ mekaa wɔn bɔneyɛ nyinaa; afei wɔn nsɛnnii atwa wɔn ho ahyia, egu m’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na wɔnka no wɔn akoma mu sɛ mekaa wɔn bɔneyɛ nyinaa; afei wɔn nneyɛɛ atwa wɔn ho ahyia, ɛgu m’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Na wonhu sɛ mekae wɔn nnebɔne nyinaa. Wɔn bɔne bunkam wɔn so; egu mʼanim bere biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na wɔnka no wɔn akoma mu sɛ mekaa wɔn bɔneyɛ nyinaa; afei wɔn nneyɛɛ atwa wɔn ho ahyia, ɛgu m’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Na wɔnhunu sɛ mekae wɔn nnebɔne nyinaa. Wɔn bɔne bunkam fa wɔn so; ɛgu mʼanim ɛberɛ biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na wɔnka wɔn komam sɛ mekaa wɔn bɔneyɛ nyinaa; afei wɔn nsɛnnii atwa wɔn ho ahyia, egu m’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 7:2
33 Iomraidhean Croise  

Na n’ani wɔ onipa akwan so, na ohu n’akwan nyinaa.


Ose ne komam sɛ: Onyankopɔn werɛ afi, ɔde n’ani ahintaw, ɔrenhu ara da.


Nkae me mmofraase bɔne ne me mfomso, na mmom kae me sɛ w’adɔe te no, AWURADE, w’ayamye nti.


Mo a mo werɛ fi Nyankopɔn no, munnwen eyi ho ɛ, na mantetew mo asinasin a ogyefo bi nni hɔ.


AWURADE ayi ne ho adi, wabu atɛn, ɔde ɔbɔnefo nsam nneyɛe atoatoa no.


Wode yɛn amumɔyɛ asi w’anim, wode yɛn kokoam bɔne aba w’anim hann no mu.


Nantwi nim ne wura, na afurum nim ne wura adididaka, na Israel de, onnim, me man nni ntease.


AWURADE, ahohia mu wɔhwehwɛɛ wo, wosii wo nteɛso ano apini.


na obiara nnwen ho, na nimdeɛ bi nni hɔ, na nhumu bi nni hɔ na waka sɛ: Mahyew ɔfa ogya mu, na mato ne nsramma so abodoo, na makyew nam madi; na nkae no, memfa menyɛ akyide? Dua sin na menkotow no anaa?


na ɔsankuten ne bɛnta sanku ne mpintin ne bɔtɔwa ne nsa wɔ wɔn apontow ase, na AWURADE nneyɛe de, wɔnhwɛ, na ne nsa ano adwuma nso, wonhu.


Sɛ AWURADE ka kyerɛ ɔman yi ni: Saa ara na wɔpɛ sɛ wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ, wɔansiw wɔn anan kwan; enti AWURADE nso ani nsɔ wɔn; afei na ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ na watua wɔn bɔne so ka.


Na m’aniwa hwɛ wɔn akwan nyinaa, enhintaw me ɛ, na wɔn amumɔyɛ nso, ɛso nkatae m’anim ɛ.


Yuda bɔne no, wɔde dade kyerɛwdua ne adɛnkyemmo hwɛti na akyerɛw, wɔakurukyerɛw wɔn koma apon so ne wɔn afɔremuka mmɛn so,


Wo bɔne bɛtwe w’aso, na wo nsanakyiri atwiw w’anim, na hu na hwɛ ogyaw a wugyaw AWURADE wo Nyankopɔn, ne me ho hu a wunni no mu bɔne ne awerɛhow, AWURADE, asafo AWURADE asɛm ni.


Wo a woso, agyinatu mu na w’adeyɛ dɔɔso; wo a w’aniwa bue hwɛ nnipa mma akwan nyinaa, sɛ wobɛma obiara sɛ n’akwan ne ne nsɛnnii aba te no;


W’akwan ne wo nsɛnnii na ama eyinom aba wo so, eyi ne w’atemmu, na ɛyɛ nwene; edu wo koma ho pɛɛ.


Aduhuam a mo ne mo agyanom, mo ahene ne mo mmapɔmma ne asase no so nkurɔfo no hyewee, Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmorɔn so no, ɛnonom na AWURADE akae, na aforo ahyɛn ne komam.


Ɛbere a wohu ade huhuw ma wo na wɔrehyɛ wo nkɔntoro no, wɔde wo bɛto abɔnefo atɔfo a wɔn da adu, awiei amumɔyɛ bere mu no kɔn ho.


Na AWURADE ne Yuda anya asɛm, na ɔreba abɛtwe Yakob aso sɛ n’akwan te; sɛ ne nsɛnnii te no na obetua no ka.


Na wɔbɛyɛ ɔman no sɛ wɔbɛyɛ ɔsɔfo no, na mɛba mabɛtwe wɔn aso wɔn bɔne ho, na mama wɔn nneyɛe asan abebua wɔn atifi;


Nnanu akyi no, ɔbɛkanyan yɛn, da a ɛto so abiɛsa no, ɔbɛma yɛasɔre na yɛanya n’anim nkwa.


M’ayɛyɛde afɔre a wɔbɔ no, nam nko na wokum; AWURADE ani nsɔ; afei ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ na wabɛtwe wɔn bɔne so aso; Misraim na wɔbɛsan akɔ.


Wɔn bɔne nyinaa wɔ Gilgal, na ɛhɔ na mifi metan wɔn; wɔn nneyɛe bɔne nti, mɛpam wɔn afi me fi, merenna so mennɔ wɔn; wɔn mmapɔmma nyinaa yɛ atuatewfo nko.


Wɔama ɔsɛe a wɔasɛe no mu adɔ sɛ Gibea nna no mu, ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ, ɔbɛtwe wɔn bɔne so aso.


AWURADE aka Yakob ahokyerɛ ntam sɛ: Me werɛ remfi wɔn nneyɛe nyinaa da biara da!


Sɔre kɔ Niniwe kurow kɛse no mu, na pae mu ma wonhu sɛ wɔn bɔne aforo aba m’anim.


Na sɛ moanyɛ saa a, hwɛ, na moayɛ AWURADE bɔne, na munhu yiye sɛ mo bɔne beyi mo ama.


Na biribiara nni hɔ a ɛso akata a wɔrenyi so, ana ahintaw a wɔrenhu.


Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn, kosi sɛ bere no bedu ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde nea ahintaw sum mu bɛba hann mu, na wayi komam agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyi bɛma no.


Sɛ wɔyɛ anyansafo a, anka wɔbɛte eyi ase, na wɔahu wɔn awiekyiri.


Na abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, nea yɛne no wɔ asɛm no anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan