Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 6:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na momma yenhu na yentiw AWURADE nimdeɛ no; wɔasiesie n’adifi sɛ adekyee, na ɔbɛba ama yɛn sɛ obosu, sɛ adonsu a ɛtɔ gu asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na momma yɛnhunu na yɛnti AWURADE nimdeɛ no. Wɔasiesie n’adifire sɛ adekyeeɛ, na ɔbɛba ama yɛn sɛ osutorɔ, sɛ bereamporɔsuo a ɛtɔ gu asase soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Momma yennye Awurade nto mu; momma yɛnkɔ so nnye no nto mu. Sɛnea owia pue da biara no, obepue; ɔbɛba yɛn nkyɛn te sɛ osu a ɛtɔ awɔwbere mu anaa asusow bere mu su a ɛfɔw asase.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na momma yɛnhunu na yɛnti AWURADE nimdeɛ no. Wɔasiesie n’adifire sɛ adekyeeɛ, na ɔbɛba ama yɛn sɛ osutorɔ, sɛ bereamporɔsuo a ɛtɔ gu asase soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Momma yɛnnye Awurade nto mu; momma yɛn nkɔ so nnye no nto mu. Sɛdeɛ awia pue da biara no, ɔbɛpue; ɔbɛba yɛn nkyɛn te sɛ osuo a ɛtɔ awɔberɛ mu anaa osutɔberɛ mu nsuo a ɛfɔ asase.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na momma yenhu na yentiw AWURADE nimdeɛ no; wɔasiesie n’adifi sɛ adekyee, na ɔbɛba ama yɛn sɛ obosu, sɛ adonsu a ɛtɔ gu asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 6:3
36 Iomraidhean Croise  

Na ɔbɛyɛ sɛ anɔpa hann, bere a owia repue, sɛ anɔpa a amununkum nni hɔ, sɛ owia gyigye ne osutɔ nti wura fifi fam.


Na wɔtwɛn me sɛ wɔtwɛn osutɔ, na wɔtɛɛ wɔn anom sɛnea wɔde regye adonsu.


Ɔsoro susuhama du, asase nyinaa so na ne nsɛm du wiase ano; wasi ntamadan ama owia ɔsoro hɔ.


N’adifi wɔ ɔsoro ano, na ne kyini kodu ano hɔ, na biribiara nkora ne ho mfi ne hyew ano.


Me kra bata wo ho di w’akyi, wo nsa nifa so me mu.


Woabɛhwɛ asase agugu so nsu, woama ɛso aduan abu so bebree. Onyankopɔn asubɔnten no, nsu ayɛ mu ma, womaa wɔn aburow gyinae, woma esii so sɛ ɛsɛ.


Ɔbɛba sɛ osu a ɛtɔ gu sare a wɔahuw so so, sɛ osu kɛse a ɛtɔ dwudwo asase mu.


Na treneefo kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kodu awia ketee.


Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔw so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so: Na Sion na mmara befi, na AWURADE asɛm afi Yerusalem.


Ɛde rekosi sɛ wobefi soro ahwie honhom no agu yɛn so, na sare so adan asasebere a ɛma nnɔbae, na wɔabu asasebere a ɛma nnɔbae sɛ kwae;


Na mehwie nsu magu nea osukɔm de no so, ne nsuwansuwa magu asase kesee so; mehwie me honhom magu w’asefo so, ne me nhyira magu wɔn a wofi wo mu so,


mɛma adan ntuw, wɔrentwitwa ho, na wɔrennɔw mu, na afuw nsɔe ne nnɛnkyɛnse ara nko, na mɛhyɛ osu sɛ ɛnntɔ nngu so.


Na wo mma nyinaa bɛyɛ AWURADE asuafo, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.


Na mɛma wɔn koma a wɔde behu me sɛ mene AWURADE, na wɔadan me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn; na wɔde wɔn koma nyinaa bɛsan aba me nkyɛn.


Na mede nsu kurunnyen mɛpete mo so na mo ho atew. Mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuw nyinaa mu na mɛtew mo ho afi,


Mungu aba mma trenee mfifi mma mo, muntwa adɔe so ade; monnɔw kwaebirentuw mfa, na adu bere a wɔde hwehwɛ AWURADE akyi kwan, kosi sɛ ɔbɛba abɛtɔ trenee su ama mo.


Mɛdan sɛ obosu mama Israel, ne nhwiren bɛhan sɛ sukooko, na wagye ntini sɛ Lebanon;


n’abaa bɛdannan, na n’ahoɔfɛ ayɛ sɛ ngodua, na ayi hua sɛ Lebanon.


na megye wo aware mafa, gyidi so, na woahu AWURADE.


Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so; na Sion na mmara befi, na AWURADE asɛm afi Yerusalem.


Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a woka mmusuakuw a wosua wɔ Yuda no ho, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel so difo no; nea n’ase fi tete nteredee, fi tete nna no mu.


Na Yakob nkae no a amanaman bebree atwa ho ahyia no bɛyɛ sɛ obosu a efi AWURADE nkyɛn, sɛ nsu a ɛpete nhabamma so ɛnhwɛ nkurɔfo bi kwan na ɛntwɛn adasamma nso.


Mummisa Awurade hɔ osu wɔ adommere mu! Mfi Awurade a ɔma ahum omununkum no nkyɛn, na ɔbɛma osu atɔ pii ama mo, na nnɔbae aba ama nnipa nyinaa.


Na mo a musuro me din no, trenee wia bepue ama mo, na ayaresa wɔ ne ntaban ase, na mubefi adi ahuruhuruw sɛ anantwiforo a wɔadi adɔ,


Na obua see wɔn sɛ: Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu ɔsoro ahenni mu ahintasɛm no, na wɔn de, wɔmfa mmaa wɔn.


efi yɛn Nyankopɔn mmɔborohunu a ɛmaa ne yam hyehyee no no mu. Ɛno nti na adekyee a efi soro abepue yɛn so,


Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.


Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛde a, obehu sɛ kyerɛ no fi Nyankopɔn anaasɛ efi m’ankasa me tirim na meka.


Nso Yudafo a ɛwɔ ha no yɛ animdefo sen wɔn a wɔwɔ Tesalonika no, efisɛ woyii wɔn yam pefee gyee asɛm no, na daa wɔhwehwɛ kyerɛwsɛm no mu sɛ nneɛma no te saa anaa.


Me kyerɛ nsosɔ sɛ nsu, na me kasa ngu sɛ obosu, sɛ wura so mfetema ne nhaban so hasu.


Nanso sɛnea yɛfii ase de yɛn ho too so no, yɛso mu pintinn kosi awiei a, yɛne Kristo bɛyɛ biako


Nanso yɛwɔ adiyifo asɛm a egyina hɔ pintinn kyɛn sa, ɛno na sɛ mohwɛ no yiye sɛ ɔkanea a ɛharan baabi a ɛhɔ yɛ kusuu, de kosi sɛ ade bɛkye na adekyee nsoromma no apue mo koma mu a, moyɛ no yiye.


Me, Yesu, na masoma me bɔfo sɛ ommedi mo nneɛma yi ho adanse asafo no mu. Mene Dawid ntini ne n’aseni, adekyee nsoromma a ɛharan no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan