Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 5:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Me de, minim Efraim, na Israel nso nhintaw me; na afei, Efraim, woabɔ aguaman, na Israel ho agu fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Me deɛ, menim Efraim, na Israel nso nhunta me; na afei, Efraim, woabɔ adwaman, na Israel ho agu fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Minim Efraim ho nsɛm nyinaa; wɔmfaa Israel nhintaw me ɛ. Efraim, mprempren de wobɔ aguaman; na Israel aporɔw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Me deɛ, menim Efraim, na Israel nso nhunta me; na afei, Efraim, woabɔ adwaman, na Israel ho agu fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Menim Efraim ho nsɛm nyinaa; wɔmfaa Israel nhintaa me. Efraim, seesei deɛ wobɔ adwaman; na Israel aprɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Me de, minim Efraim, na Israel nso nhintaw me; na afei, Efraim, woabɔ aguaman, na Israel ho agu fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 5:3
24 Iomraidhean Croise  

na abarimaa no nnya nhuu bɔne kyi, ne papa fa no, wobegyaw asase a wusuro n’ahene baanu anim no.


AWURADE de nna bi bɛba wo ne wo man ne w’agya fi so, nna a ɛmmae da fi bere a Efraim tew fii Yuda ho no: Ɛne Asaria hene.


Esiane sɛ Siria ne Efraim ne Remalia ba no apam wo tiri so apammɔne sɛ:


Mfiase a AWURADE ne Hosea kasae no, AWURADE ka kyerɛɛ Hosea sɛ: Kɔ na kɔfa ɔbaa aguaman ne aguamammɔ mma, na aguaman na asase no afi AWURADE akyi rebɔ.


Efraim hwew mframa, na odi apuei ahum akyi; daa nyinaa ɔma atoro ne ɔsɛe dɔɔso, na ɔne Aseria kɔ apam, na ɔsoa ngo kɔ Misraim.


Efraim rekasa a, ɛyɛ hu; ɔmaa ne ho so Israel mu, ɛnna Baal nti, odii so, na owui.


Me na mihuu wo sare no so, osukɔm asase no so.


Wɔhyɛ Efraim so, wɔapɛtɛw no atemmu mu, efisɛ waboapa adi ade hunu akyi.


Bere a Efraim huu ne yare, na Yuda huu ne kuru; na Efraim siim kɔɔ Asiria, na ɔsoma kɔɔ ɔhene Yareb nkyɛn; na ɔno nso, ɔrentumi nsa mo yare, na ɔrenkum mo ho kuru.


Efraim bɛdan amamfo, asotwe da no; mama wɔahu Israel mmusuakuw ho asɛm a ebetim no.


Mahu ahodwiriwde Israel fi, ɛhɔ na Efraim bɔ aguaman, Israel ho agu fi.


Dɛn na menyɛ wo, Efraim? Dɛn na menyɛ wo, Yuda? Na mo adɔe te sɛ anɔpa mununkum, na ɛte sɛ obosu a ɛpɛ ntɛm akɔ.


Na Efraim ama afɔremuka adɔɔso de ayɛ bɔne, afɔremuka no adan wɔn bɔneyɛ.


Mo nko na mahu mo, asase so mmusua nyinaa mu, enti nso, mo na metua mo, mo amumɔyɛ nyinaa so ka.


Na minim sɛ mo mmarato dɔɔso na mo bɔne mu yɛ den; muhiahia ɔtreneeni ho na mugyigye mpata, na mokyea ahiafo asɛm kurow pon mu.


Ne nantwinini abakan, anuonyam wɔ no, na n’abɛn yɛ ɛkoɔ abɛn; ɛno na ɔde besunsum aman nyinaa agu akodu asase ano. Efraim dodow ne no, na Manase mpem ne no.


Na abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, nea yɛne no wɔ asɛm no anim.


Minim wo nnwuma sɛ wonyɛ nwini na wonyɛ hyew. Sɛ woyɛ nwini anaa hyew a, anka eye.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan