Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 4:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Enti wubehintiw awia, na odiyifo nso ne wo behintiw anadwo, na metwa wo nna akyene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Enti wobɛsunti awia, na odiyifoɔ nso ne wo bɛsunti anadwo, na mɛtwa wo na atwene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Muhintiw awia ne anadwo, na adiyifo no ne mo hintiw. Ɛno nti mɛsɛe mo man.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Enti wobɛsunti awia, na odiyifoɔ nso ne wo bɛsunti anadwo, na mɛtwa wo na atwene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Mosunti awia ne anadwo, na adiyifoɔ no ne mo sunti. Ɛno enti mɛsɛe mo ɔman.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Enti wubehintiw awia, na odiyifo nso ne wo behintiw anadwo, na metwa wo nna akyene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 4:5
21 Iomraidhean Croise  

Sɛ AWURADE se ni: Ɛhe ara na mo maame awaregyae nhoma a mede mekoo no no wɔ? Anaasɛ m’akafo mu hena na metɔn mo memaa no? Hwɛ, mo amumɔyɛ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔako mo maame.


Wɔn akunafo dɔɔso sen mpoano anwea, mede ɔsɛefo maba mmerante no awofo so na awia ketee nso, mama piriwbɔ ne nketenkete agu no so mpofirim;


Adiyifo no ho asɛm ni: Me koma abubu me yam, me nnompe nyinaa saw biribiri; mayɛ sɛ ɔsabofo ne ɔbarima a nsa afa no so, esiane AWURADE ne ne nsɛm kronkron no nti.


mo na ani bewu pa ara, mo wofo anim begu ase: Hwɛ, ɔbɛyɛ amanaman mu kyirikafo, sare nkyerekyerewa ne sare pradada.


Onipa ba, mmarima yi de wɔn abosonhunu ahyɛ wɔn komam, na wɔde wɔn amumɔyɛ hintidua asisi wɔn anim, sɛ obisa na mɛma wɔabisa me ase ama wɔn?


Mo ne mo na nham, monham; na ɔno de, ɔnyɛ me yere, na me nso menyɛ ne kunu, na onyi n’aguamammɔ no mfi n’anim ne n’awaresɛe no mfi ne nufu ntam,


Na aguaman na wɔn na bɔe, na nea onyinsɛn wɔn no yɛɛ aniwude; na ɔkae sɛ: Medi m’adɔfo akyi; wɔn na wɔma me m’aduan ne me nsu, me guannwi ne m’asaawa, me ngo ne me nsa.


Na Israel ahantan bedi n’anim adanse, na Israel ne Efraim behintiw wɔn amumɔyɛ mu; Yuda nso ne wɔn ahintiw.


Na mitwaa nguanhwɛfo no mu baasa kyenee ɔsram biako mu. Na wɔn ho yɛɛ me kra ahometew, na me ho nso yɛɛ wɔn kra nwini.


Na ɛda no, asafo Awurade asɛm ni, metwitwa abosonhuhuw din afi asase no so, na wɔrenkae bio; nanso mɛma adiyifo no ne efi honhom no afi asase no so akɔ.


Na ɔsoro Yerusalem no de, ɛde ne ho, ɛne yɛn na.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan