Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 4:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Enti asase no di nkɔmmɔ, na ɛsotefo nyinaa anyinnyam, wuram mmoadoma ne wim nnomaa; na ɛpo mu mpataa po reyɛ asa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Enti asase no di abooboo, na ɛsotefoɔ nyinaa anyinnyam, ewiram mmoadoma ne ewiem nnomaa; na ɛpo mu mpataa mpo reyɛ asa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Eyi nti asase no di awerɛhow na wɔn a wɔte so nyinaa wuwu; wuram mmoa, wim nnomaa ne po mu nam rewuwu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Enti asase no di abooboo, na ɛsotefoɔ nyinaa anyinnyam, ewiram mmoadoma ne ewiem nnomaa; na ɛpo mu mpataa mpo reyɛ asa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Yei enti asase no di awerɛhoɔ na wɔn a ɛte so nyinaa wuwu; ewiram mmoa, ewiem nnomaa ne ɛpo mu nam rewuwu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Enti asase no di nkɔmmɔ, na ɛsotefo nyinaa anyinnyam, wuram mmoadoma ne wim nnomaa; na ɛpo mu mpataa po reyɛ asa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 4:3
17 Iomraidhean Croise  

Asase redi nkɔmmɔ, akisa; Lebanon ani awu, na aguan koraa; Saron adan anweatam, Basan ne Karmel so nhaban apo.


Enkosi da bɛn na asase no nni nkɔmmɔ, na afum ahaban ntwintam? Ɛsofo bɔne no nti mmoa ne nnomaa awie sa, efisɛ wɔka sɛ: Ɔrenhu yɛn awiei.


Na awaresɛefo ahyɛ asase no so ma; na nnome nti asase no di nkɔmmɔ, sare so adidibea akisa; na wɔn mmirikatu yɛ bɔne, na wɔn mmaninyɛ nso nteɛ.


Mehwɛe, na hwɛ, onipa bi nni hɔ, na wim nnomaa nyinaa atutu kɔ.


Mmepɔw no nti mitue osu ne nkɔmmɔdi, na sare so adidibea no nti meto osu dwom, efisɛ ahyew na obi mfa hɔ, na wɔnte mmoakuw nne bio; wim nnomaa ne afieboa nyinaa atutu kɔ.


So meremmɛtwe wɔn aso eyi nti? AWURADE asɛm ni, anaasɛ me kra rentɔ ɔman a wɔte sɛɛ yi so were?


na ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa bɛwosow m’anim, ne wuram mmoa ne wɔn a wɔwea asase so nyinaa, ne nnipa a wɔwɔ asase ani nyinaa, na mmepɔw bedwiriw agu, na abotan atenten ahwehwe ase, na afasu nyinaa ahwehwe ase.


Hwɛ sɛ mmoadoma penepene, anantwikuw rebrɛ, efisɛ wonni adidibea. Nguankuw nso ti ato.


Na ose: AWURADE fi Sion bobom, na ofi Yerusalem ma ne nne so; na nguanhwɛfo adidibea no atwintwam, na Karmel atifi akisa.


Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, AWURADE no, se ni: Adwotwa wɔ mmɔnten nyinaa so, na wɔka mmorɔn nyinaa so sɛ: Buei, buei! Na wɔfrɛ okuafo ma obesu, ne wɔn a wonim osu ma wobetwa agyaadwo.


So eyi nti asase renwosow na ɛsofo nyinaa renni nkɔmmɔ anaa? Na asase mu nyinaa bepuduw sɛ Nil, na wɔbɛfono no na atwe sɛ Misraim asu no.


Ɔteɛteɛ ɛpo ma ɛyow, na ɔma nsuten nyinaa mem; Basan ne Karmel twintwam, Lebanon nhwiren nso twintwam;


Mɛpra onipa ne aboa akɔ, mɛpra wim nnomaa ne ɛpo mu mpataa akɔ, ne hintidua ɛne abɔnefo, na matwitwa nnipa afi asase ani agu, Awurade asɛm ni.


mama afi adi, asafo Awurade asɛm ni, na abɛhyɛn owifo fi ne nea ɔde me din keka ntanhunu fi, na asoɛ ne fi mfinimfini, na ahyew ɛno ne emu nnua ne abo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan