Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 4:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Ntanka ne nkontompo ne awudi ne awi ne awaresɛe na ɛwɔ hɔ; wodi akakabensɛm na mogyahwiegu toa mogyahwiegu so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Ntanka, nkontompo, awudie, korɔno ne awaresɛeɛ na ɛwɔ hɔ. Wɔdi akakabensɛm na mogyahwieguo toa mogyahwieguo so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Nnome nko ara, atorotwa ne awudi, akrɔmmɔ, ne aguamammɔ na moyɛ ma ɛtra so, na mogyahwiegu ba ntoatoaso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Ntanka, nkontompo, awudie, korɔno ne awaresɛeɛ na ɛwɔ hɔ. Wɔdi akakabensɛm na mogyahwieguo toa mogyahwieguo so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Nnome nko ara, atorɔtwa ne awudie, korɔnobɔ, ne awaresɛeɛ na moyɛ ma ɛtra so, na mogyahwiegu ba ntoasoɔ ntoasoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Ntanka ne nkontompo ne awudi ne awi ne awaresɛe na ɛwɔ hɔ; wodi akakabensɛm na mogyahwiegu toa mogyahwiegu so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 4:2
42 Iomraidhean Croise  

Na Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel sɛ ɔmma wɔnkɔ afum, na ɛbae sɛ wɔwɔ afum no, Kain sɔre hyɛɛ ne nua Habel, na okum no.


Asase ho akum wɔ ɛsotefo ase, efisɛ wɔatiatia mmara no so, wɔasakra ahyɛde no na wɔato daa apam no.


Muntie eyi, Yakob fi, mo a wɔde Israel din afrɛ mo na mufi Yuda asen mu no, mo a mode AWURADE din ka ntam na mobɔ Israel Nyankopɔn din, na ɛnyɛ nokware anaa trenee mu no.


Na Israel ne Yuda Nyankopɔn no, asafo AWURADE no, ne ne nkurɔfo wɔ hɔ, ɛwom sɛ asase no afom, Israel kronkronni no anim.


Sɛ asubura mu nsu tue no, sɛ ne bɔne nso tue ne no; wɔte atirimmɔden ne nhyɛso nka wɔ mu, ɔyare ne akuru wɔ m’anim daa yi.


N’adiyifo bɔne, n’asɔfo amumɔyɛ nti na ɛbae saa; emu na wohwiee treneefo mogya gui.


Yɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn no: Na mogya ho atemmu ayɛ asase no ma, na atirimmɔden ahyɛ kurow no ma;


Moafɛntɛm abɔnefosɛm, mmusu na moatwa, moadi atoro aba; na wode wo ho too wo kwan ne, wo nnɔmmarima dodow no so.


Wɔakeka nsɛm, wɔakeka ntanhunu de apam apam, na atemmu fuw sɛ nkonnyabi, afuw mu akofi so.


Efraim de atoro na Israel fi de nsisi atwa me ho asi, nanso Yuda de, ɔbɔ Onyankopɔn kronkronni nokwafo no ho anworaman.


Efraim yi abufuw sɛ, enti ɔbɛma mogya a odi ho so no abua n’atifi, na n'ahohora nso, ne wura bɛdan agu no so.


na mansotwefo ama wɔn ahohwisɛnni mu adɔ; nanso mɛtwe wɔn nyinaa aso.


Gilead yɛ mmusubɔfo kurow a mogya akeka mu.


Na asɔfo asafokuw no te sɛ akwamukafo asafo a wɔtɛw nnipa, wodi awu ɔkwan mu de rekɔ Sekem; yiw, abusude na wɔyɛ.


Meresa Israel yare yi, na Efraim amumɔyɛ ne Samaria nnebɔne reda adi; wodi atoro, na owifo bubu ba mu, akwamukafo asafo nso fow mmorɔn so.


Wɔde wɔn bɔneyɛ ma ɔhene ani gye, na wɔde wɔn atosɛm yɛ mmapɔmma saa ara.


Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefo, te sɛ ɔfononoo a abodootofo ahyɛ mu gya, na ogyae mu pia fi mmɔre fɔtɔw so kosi ne kaw so.


Mo na motan papa na modɔ bɔne, mugua wɔn were fi wɔn ho, ne wɔn nam fi wɔn nnompe ho,


Muntie eyi ɛ, Yakob fi atitiriw ne Israel fi akannifo, mo a mukyi atemmu na mokyea nea ɛteɛ nyinaa,


So amumɔyɛ mu adenya da so wɔ omumɔyɛfo fi, ne olonka a wɔahuan so a wɔadome no?


Nnipa pa ayera afi asase so; teefo nni nnipa mu, wɔn nyinaa tetɛw mogya, wosunsum wɔn nuanom afiri.


Due, atuatew kurow a wɔahura ho, nhyɛsofo kurow.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Eyi ne nnome a efi adi fa asase nyinaa ani; na wɔnam so pra awifo nyinaa ne ntanhunukafo nyinaa fi ha;


Sɛ asafo Awurade se ni: Mummu nokwatɛn, na onipa ne ne nua nni no adɔe ne mmɔborohunu so;


na mogya trenee a wɔahwie agu asase so nyinaa, efi Habel trenee mogya so de besi Barakia ba Sakaria a mukum no asɔredan ne afɔremuka ntam no mogya so aba mo so.


Adiyifo no mu hena na mo agyanom antaa no? Na wokum wɔn a wɔkaa Ɔtreneeni no ba no ho asɛm kan no; ɔno na afei moayi no ama akum no,


Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din ahuhude mu, na AWURADE remma nea ɔbɔ ne din ahuhude mu ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ.


Wɔn na wokum Awurade Yesu ne adiyifo no, na wɔtaa yɛn pam yɛn, nso wɔnsɔ Onyankopɔn ani, na wɔne nnipa nyinaa di asi.


Na mihui sɛ ahotefo mogya ne Yesu adansefo mogya abow ɔbea no, na mihuu no no, ɛyɛɛ me nwonwa kɛse.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan