Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 4:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Muntie AWURADE asɛm, Israel mma, na AWURADE ne asase no sofo anya ɔham; na nokware ne adɔe ne Onyankopɔn ho nimdeɛ bi nni asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Montie AWURADE asɛm, Israel mma, na AWURADE ne asase sofoɔ anya ɔham. Na nokorɛ ne adɔeɛ ne Nyankopɔn ho nimdeɛ biara nni asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Muntie Awurade asɛm, mo Israelfo efisɛ Awurade wɔ kwaadu de bɔ mo a mote asase no so: “Nokware, ɔdɔ, anaa Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Montie AWURADE asɛm, Israel mma, na AWURADE ne asase sofoɔ anya ɔham. Na nokorɛ ne adɔeɛ ne Nyankopɔn ho nimdeɛ biara nni asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Montie Awurade asɛm, mo Israelfoɔ ɛfiri sɛ Awurade wɔ kwaadu de bɔ mo a mote asase no so: “Nokorɛ, ɔdɔ, anaa Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Muntie AWURADE asɛm, Israel mma, na AWURADE ne asase no sofo anya ɔham; na nokware ne adɔe ne Onyankopɔn ho nimdeɛ bi nni asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 4:1
44 Iomraidhean Croise  

Ɛnna ɔkae sɛ: Enti tie AWURADE asɛm: Mahu AWURADE sɛ ɔte n’agua so, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne ho, ne nifa ne ne benkum.


Mma Onyame nanani bi nntena wo mu, na nsɔre onyame nanani biara.


Muntie AWURADE asɛm, Sodom atitiriw, monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn kyerɛkyerɛ Gomorafo.


Mommra mma yensusuw ho ɛ, AWURADE na ose; sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛhoa ayɛ sɛ nwera, sɛ ɛbere kɔɔ sɛ mogya a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ akado.


Enti muntie AWURADE asɛm, mo afɛwdifo a mudi ɔman a ɛwɔ Yerusalem yi so.


O, Amanaman, muntwiw mmɛn mmetie, na mo nkurɔfo, monwɛn mo aso. Asase ne ne mayɛ ntie, ne wiase ne nea efi mu ba nyinaa.


Na AWURADE wɔ aweredi da ne ananmuhyɛ afe a obedi ama Sion.


Na afei, mo a mowɔ Yerusalem ne nnipa a mowɔ Yuda mummu me ne me bobeturo ntam atɛn.


Obiara nsamena asɛntrenee so, na obiara nni asɛm nokware so; wɔde wɔn ho to nsɛnhunu so, na wɔka nsɛnhuhuw; wonyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusu.


Asomdwoe kwan de, wonnim, na atɛntrenee nni wɔn akwan mu; wɔayɛ wɔn akwan akɔntɔnkye, obiara a ɔfa so nnim asomdwoe.


Muntie AWURADE asɛm, mo a n’asɛm nti mo ho popo: Mo nuanom a wɔtan mo a me din nti wotu mo no ka sɛ: AWURADE nnya anuonyam na yenhu mo anigye; nanso wɔn ani bewu.


Efisɛ mehyɛɛ mo agyanom da a miyii wɔn fii Misraim asase so bae, na ɛde besi nnɛ, mitua ahema mehyɛ wɔn daa sɛ: Muntie me!


Na ka sɛ: Muntie AWURADE asɛm, Yuda ahemfo ne Yerusalemfo. Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede adebɔne reba ɛha yi a obiara a ɔbɛte no, n’asom bɛyɛ no yɔnn.


Muntie AWURADE asɛm, Yakob fi ne Israel fi mmusua nyinaa.


Enti me ne mo da so ham, AWURADE asɛm ni, na me ne mo mma mma bɛham.


Hooyɛ no bedu asase ano noho, na AWURADE ne amanaman reham; ɔrebu ɔhonam nyinaa atɛn; ɔde abɔnefo ato afoa ano, AWURADE asɛm ni.


Nanso tie AWURADE asɛm, ɔhene Sedekia! Sɛ AWURADE ka wo ho ni: Worenwu afoa ano.


Efisɛ me man agyimi, wonnim me; wɔyɛ mma nkwasea, na wonni nhumu. Wɔyɛ bɔne ho anyansafo, na papayɛ de, wonnim.


Ɛno nti na asase di nkɔmmɔ, na ɔsoro biri tumm wɔ so, efisɛ maka, mabɔ me tirim, na merennu me ho, na merensan mimfi ho.


Ɛnna mise: Eyinom yɛ mmɔborɔfo, nkwaseafo ne wɔn, efisɛ wonnim AWURADE kwan ne wɔn Nyankopɔn mmara.


Na Israel ne Yuda Nyankopɔn no, asafo AWURADE no, ne ne nkurɔfo wɔ hɔ, ɛwom sɛ asase no afom, Israel kronkronni no anim.


Na efi wɔn mu akumaa so kosi wɔn mu ɔkɛse so, wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo, na efi odiyifo so kosi ɔsɔfo so, wɔn nyinaa yɛ nkontompofo.


Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Eyi ne ɔman a wontie AWURADE wɔn Nyankopɔn na wontie nteɛso no; nokware asa, na atu afi wɔn anom.


Na mo mmea, muntie AWURADE asɛm, na n’anom asɛm nkɔ mo asom, na monkyerɛ mo mmabea osu na monkyerɛkyerɛ mo ho kwadwom.


Na wɔdannan wɔn tɛkrɛma de yɛ wɔn ta di atoro, na wodi asase so tumi a wonni mma nokware, na wofi bɔne mu kɔ bɔne mu, na me de, wonnim me, AWURADE asɛm ni.


Enti sɛ asafo AWURADE se ni: Hwɛ, mɛnan wɔn na masɔ wɔn mahwɛ, na menyɛ dɛn, me man babea no ho?


Ɛno nti, aguaman, tie AWURADE asɛm!


Na AWURADE ne Yuda anya asɛm, na ɔreba abɛtwe Yakob aso sɛ n’akwan te; sɛ ne nsɛnnii te no na obetua no ka.


Ɔyafunum na osoo ne nua nantin, na n’ahoɔden mu na ɔne Onyankopɔn koe;


Muntie eyi, O, asɔfo, na monwɛn aso, Israel fi, na ɔhene fi nso, monyɛ aso; na mo so na atemmu aba; na moadan afiri Mispa, ne asawu a wɔatrɛw mu Tabor so;


Wɔn nsɛnnii mma wɔnsan mma wɔn Nyankopɔn nkyɛn, na aguamammɔ honhom wɔ wɔn mu, na wonnim AWURADE.


Muntie eyi, mo mpanyimfo, na monyɛ aso, mo asase sofo nyinaa. So saa ade yi aba mo bere so anaasɛ mo agyanom bere so pɛn?


Muntie asɛm yi a AWURADE aka wɔ mo, Israelfo ho, mo a moyɛ mmusua a miyii mo fii Misraim asase so bae no nyinaa ho sɛ:


Na afei tie AWURADE asɛm: Wo de, woka sɛ: Nhyɛ nkɔm ntia Israel, na nsosɔ ngu Isak fi so.


Mmepɔw, muntie AWURADE nkurobɔ, ne mo a mowɔ, asase nnyinaso daa no! Na AWURADE ne ne man anya ɔham, na ɔne Israel beyi ntɛn.


Nso moanhu no, na me de, minim no; na sɛ meka sɛ minnim no a, mɛyɛ ɔtorofo sɛ mo. Nanso minim no, na midi n’asɛm so.


Na sɛnea wɔammu sɛ wobekura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ nea ɛmfata:


Momma mo ani nna hɔ, tenenee mu, na monnyɛ bɔne, efisɛ ebinom nni Nyankopɔn ho nimdeɛ. Meka eyi mehyɛ mo aniwu.


Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no: Nea odi nkunim no, owuprenu renka no.


Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan