Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 3:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Akyiri no Israel mma bɛsan abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n'adɔe ho, nna a edi akyiri no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Akyire yi no Israel mma bɛsane abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n’adɔeɛ ho, nna a ɛdi akyire no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Akyiri yi, Israelfo bɛsan akɔhwehwɛ Awurade, wɔn Nyankopɔn, ne Dawid a ɔyɛ wɔn hene no. Wɔde ahopopo bɛba Awurade nkyɛn na wobenya ne nhyira wɔ nna a edi akyiri no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Akyire yi no Israel mma bɛsane abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n’adɔeɛ ho, nna a ɛdi akyire no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Akyire yi, Israelfoɔ bɛsane akɔhwehwɛ Awurade, wɔn Onyankopɔn, ne Dawid a ɔyɛ wɔn ɔhene no. Wɔde ahopopoɔ bɛba Awurade nkyɛn na wɔbɛnya ne nhyira wɔ nna a ɛdi akyire no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Akyiri no Israel mma bɛsan abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n'adɔe ho, nna a edi akyiri no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 3:5
36 Iomraidhean Croise  

Na Israel nyinaa hui sɛ ɔhene antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene sɛ: Kyɛfa bɛn na yɛwɔ Dawid mu? Nanso yenni agyapade bi Yese ba no mu, monkokɔ mo afi mu, Israel, afei, Dawid, hwɛ w’ankasa wo fi. Ɛnna Israel siim kokɔɔ wɔn afi.


Ɛda no na onipa ani begyina ne yɛfo, na n’aniwa bɛhwɛ Israel kronkronni no;


Na nna a ɛreba no mu no, AWURADE fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na amanaman nyinaa asen yuu aba ho.


Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔw so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so: Na Sion na mmara befi, na AWURADE asɛm afi Yerusalem.


Ɛno na wubehu, na w’anim atew, wo koma de ahosɛpɛw bedi ahurusi, efisɛ ɛpo ahonyade dodow redan abɛyɛ wo de, amanaman ahode reba wo nkyɛn.


Na ɔman no ansan amma nea ɔhwee wɔn no nkyɛn, na asafo AWURADE akyi kwan nso, wɔnhwehwɛe ɛ.


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ mɛma trenee Dubaa bi so mama Dawid, na ɔhene bi abedi hene nimdeɛ so, na wabu atɛntrenee ayɛ adetrenee asase so.


AWURADE abufuw hyewhyew rensan, gye sɛ ayɛ ne komam nsusuwii ama atim ansa; nna a edi akyiri no mu na mobɛte eyi ase.


Na wɔbɛsom AWURADE, wɔn Nyankopɔn, ne wɔn hene Dawid a mɛma no so mama wɔn no.


Na sɛ AWURADE se ni: Ɔbarima a ɔbɛtena Israel fi agua so remmɔ Dawid da.


Na [kurow no] bɛyɛ me ahosan din, ayeyi ne anuonyam, asase so amanaman a wɔbɛte yiye a mereyɛ wɔn no nyinaa no nyinaa mu, na wɔn koma betu, na wɔn ho apopo papa nyinaa ne asomdwoede nyinaa a mɛyɛ mama no no ho.


nea ɛbɛyɛ na woakae, na w’ani awu, na w’aniwu nti woammue w’ano bio, sɛ makata nea woyɛe no nyinaa so mama wo, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


na wubetu aba me man Israel so sɛ omununkum abɛkata asase no so? Nna a edi akyiri no mede wo mɛba m’asase so, na amanaman ahu me, bere a meyi me kronkronyɛ adi wɔ wo ho, wɔn anim no, oo, Gog!


Nna pii akyi no wɔbɛba abɛhwɛ wo; mfe a edi akyiri no mu, wobɛba asase a wɔadan ɛsofo afi nkrante ano de wɔn abesi hɔ na wɔaboa wɔn ano afi aman bebree mu no so, Israel mmepɔw a ɛdedaa mpan daa no so: Na afei wɔayi ɔman no afi aman no mu, na wɔn nyinaa te hɔ dwoodwoo;


Na maba sɛ merebɛma woate nea ɛbɛyɛ wo man, nna a edi akyiri no mu; na nna no ho anisoadehu da so wɔ hɔ.


nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a oyi ahintasɛm adi, na wakyerɛ ɔhene Nebukadnesar nea ɛbɛba daakye. Wo dae ne w’anisoade a woda wo mpa so no wuhui no ni:


Na Yuda mma ne Israel mma bɛbom ahyia, na wɔasi ti biako afa, na wɔaforo afi asase no so aba; na Yesreel da no bɛyɛ da kɛse.


Wobedi AWURADE a ɔbɛbobom sɛ gyata akyi; na Yiw! Ɔbɛbobom, na mma de ahopopo afi po akyi aba.


Mɛkɔ, mɛsan makɔ me baabi, akosi sɛ ɛbɛka wɔn ani na wɔabɛhwehwɛ m’anim; wɔn ho hia wɔn a, wɔbɛhwehwɛ me ntɛm.


Wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi bɛkɔ akɔhwehwɛ AWURADE, na wɔrenhu no efisɛ watwe ne ho afi wɔn ho.


Mommra mma yɛnsan nkɔ AWURADE nkyɛn, na ɔno na watetew yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yare, ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.


Ɛda no, mɛma Dawid sese a ahwe ase no agyina, na mapompam wɔn mpaepae no, na magyina n’afasusin, na mato no sɛ tete nna no.


Na nna a edi akyiri no mu no, AWURADE fi bepɔw no betim hɔ mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na aman asen yuu aba so.


Na afei, hwɛ, merekɔ me man mu: Bra na menkasa nkyerɛ wo nea ɔman yi bɛyɛ wo man nna a edi akyiri no mu.


Na, anuanom, mempɛ sɛ mekora mo ahintasɛm yi so, na moammu mo ho anyansafo. Ɛne sɛ komapirim aba Israel afaafa mu, de kosi sɛ amanaman mufo bewie mayɛ;


Anaasɛ wotew n’ayamye ne ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre mapa no ho tua a, wunnim sɛ Onyankopɔn ayamye de wo rekɔ adwensakra mu?


Sɛ ehia wo na nneɛma yi nyinaa to wo nna a edi akyiri no mu a, wobɛsan aba AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn abetie ne nne;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan