Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 3:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wonni hene na wonni bapɔmma, na wonni afɔre na wonni ɔbosom dum, na wonni asɔfotade ne abusua ahoni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wɔnni hene na wɔnni bapɔmma, na wɔnni afɔdeɛ na wɔnni ɔbosom dum, na wɔnni asɔfotadeɛ ne abusua ahoni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na ɔman Israel bɛwɔ hɔ nna tenten bi a ɔhene anaa ɔheneba nni mu, na wɔremmɔ afɔre. Wɔrenhu ɔbosom dum anaa asɔfotade anaa ahoni nso wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wɔnni hene na wɔnni bapɔmma, na wɔnni afɔdeɛ na wɔnni ɔbosom dum, na wɔnni asɔfotadeɛ ne abusua ahoni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na ɔman Israel bɛwɔ hɔ nna tenten bi a ɔhene anaa ɔheneba nni mu, na wɔmmɔ afɔdeɛ. Wɔrenhunu ɔbosom dum anaa asɔfotadeɛ anaa ahoni nso wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wonni hene na wonni bapɔmma, na wonni afɔre na wonni ɔbosom dum, na wonni asɔfotade ne abusua ahoni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 3:4
44 Iomraidhean Croise  

Na Laban kɔe sɛ, ɔrekotwitwa ne nguan ho nwi. Na Rahel wiaa n'agya abusua honi.


Na Rahel afa abusua honi no de ahyehyɛ yoma so agua mu atena so. Na Laban de ne nsa kekaa ntamadan mu hɔ nyinaa, nanso wanhu.


Ahempoma remfi Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfi n'anan ntam, kosi sɛ ɛsodifo a aman bɛyɛ osetie ama no no bɛba.


Na Dawid de n’ahoɔden nyinaa sawee AWURADE anim; nso Dawid hyɛ nwera asɔfotade.


Nanso asamanfrɛfo ne asumanfo ne ofie ahoni ne abosom ahoni ne akyide a wohui Yuda asase so ne Yerusalem no nyinaa, Yosia yi gui, sɛ ɔbɛma mmara nsɛm a wɔakyerɛw nhoma a ɔsɔfo Hilkia kohuu AWURADE fi no mu no atim.


na ofii adi kohyiaa Asa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asa ne Yuda ne Benyamin nyinaa, muntie me. AWURADE ne mo te, sɛ mo ne no te yi. Na sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mugyaw no a, obegyaw mo.


Na ntade a wɔmpam ni: Adɛbo ne asɔfotade ne batakari ne atade yuu a wɔanwene no adamadam ne abotiri ne abɔso; na wɔmpam kronkronyɛ ntade mma wo nua Aaron ne ne mmabanin, na wɔnhyɛ nni me sɔfo.


Na wɔmfa ntamanwene mu anyansadwuma so mfa sika ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira nyɛ asɔfotade no.


N’aponkɛse amem kɔ fam, akyiri adaban asɛe, na abubu. Ne hene ne ne mmapɔmma wɔ amanaman no mu, akwankyerɛ nni hɔ bio, n’adiyifo nhu AWURADE hɔ ani so ade.


na ogya refi n’abaa hama bi mu ahyew n’aba, na hama a ɛyɛ den a ɛbɛyɛ ahenni poma bi nni hɔ bio. Kwadwom ni, na ɛbɛyɛ adwuma sɛ kwadwom.


Na nea ɛba mo adwene mu no, ɛrenyɛ oo! Nea moka sɛ: Yɛbɛyɛ sɛ amanaman no, sɛ nsaase so mmusua no, na yɛasom dua ne ɔbo no.


Na Babel hene gyina ɔtempɔn nkwanta so, akwan abien no ti, sɛ wɔnhyɛ nkɔm mma no; ɔwosow agyan bisa abusua honi adehwɛ mmerɛbo mu.


na mehwie m’abufuhyew magu wo so, mefita m’anibere gya no mu mahyɛ wo, na meyi wo mahyɛ mmarima atirimmɔdenfo a wonim ɔsɛe ho nyansa no nsa.


Na ɔde dɔm besisi hɔ, na wɔahura kronkronbea ne aban no ho, na wɔayi daa afɔre no, na wɔde amamfoyɛ akyide no asi hɔ.


Na efi bere a wobeyi daa afɔre na wɔde amamfoyɛ akyide asi hɔ no yɛ nna apem ahanu aduakron.


Na ɔne bebree bɛyɛ apam a emu yɛ den dapɛn biako; na dapɛn no fa mu, ɔbɛma afɔrebɔ ne ayɛyɛdema agyae, na amamfoyɛ akyide no atifi na ɔsɛefo bɛba, na ɛbɛkɔ so akosi sɛ ɔsɛe pasaa a wɔahyɛ no pintinn behwie agu amamfoyɛfo no so.


Ɛhefa na wo hene no wɔ afei, na onnye wo wo nkurow nyinaa mu, ne w’atemmufo a wokae sɛ: Ma me ɔhene ne mmapɔmma no?


Memaa wo ɔhene m’abufuw mu, na miyii no hɔ m’anibere mu.


Na mɛma n’ahosɛpɛw nyinaa to atwa, ne nnapɔnna, ne sram foforo ne ne homeda ne n’afahyɛ nyinaa.


na ɔde atade yuu no hyɛɛ no, na ɔde abɔmu no bɔɔ n'asen, na ɔde batakari no hyɛɛ no, na ɔde asɔfotade no hyɛɛ no, na ɔde asɔfotade no nkyekyeremu no bɔɔ no so;


Na abusua honi no kaa ahuhusɛm, na nkɔmhyɛfo no huu atosɛm na wɔkaa dae hunu, wɔde ade huhuw kyekyee onipa werɛ. Ɛno nti ɔman no tu kɔe sɛ nguan, wɔrebrɛ, efisɛ ɔhwɛfo bi nni hɔ.


Na ɛda no, asafo Awurade asɛm ni, metwitwa abosonhuhuw din afi asase no so, na wɔrenkae bio; nanso mɛma adiyifo no ne efi honhom no afi asase no so akɔ.


Na wɔbɛtotɔ nkrante ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so. Na wiase amanaman betiatia Yerusalem so de akosi sɛ amanaman no bere bewie du.


Na wɔteɛɛm sɛ: Fa no kɔ, fa no kɔ! Bɔ no asɛnnua mu! Pilato see wɔn sɛ: Memmɔ mo hene asɛnnua anaa? Asɔfo mpanyin no buae sɛ: Yenni hene bi sɛ Kaesare.


Na sɛ yenya nya nokware no mu nimdeɛ, na akyiri yi yɛboapa kɔyɛ bɔne a, na bɔne ho afɔre biara nni hɔ bio,


Nso na ɔbarima Mika no wɔ abosomfi, na ɔyɛɛ asɔfotade ne abusua ahoni, na ɔhyɛɛ ne mma mu biako sɔfo, na odii no sɔfo.


Ɛnna mmarima baanum a wɔkɔsraa asase no bua see wɔn nuanom no sɛ: So munim sɛ asɔfotade ne abusua ahoni a wɔasen ne agude wɔ adan yi mu? Na afei monhwɛ nea mobɛyɛ.


Na Gideon de yɛɛ asɔfotade sɛso sɛ ohoni a, ɔde too ne kurow Ofra mu. Ɛhɔ na Israel nyinaa dii akyiri aguamammɔ mu, na ɛdan Gideon ne ne fi afiri.


Na Ahiya a ɔyɛ AWURADE sɔfo Eli a ɔtenaa Silo no ba Pinehas ba Ikabod ne nua Ahitub ba hyɛ asɔfotade no. Na ɔman no nnim sɛ Yonatan kɔ.


Na atuatew te sɛ woakɔ abisa, na asoɔden te sɛ amumɔyɛ ne ahonisom! Esiane sɛ woapo AWURADE asɛm nti, ɔno nso apa wo afi ahenni no so.


Na Samuel de, ɔsomee AWURADE anim; ɔyɛ abofra a wɔde nwera asɔfotade abɔ ne mu.


Na ɔsɔfo no kae sɛ: Filistini Goliat a wukum no Ela bon mu no nkrante, hwɛ, ɛno na wɔabobɔw no ntama mu da asɔfotade no akyi no, ɛno na wobɛfa a, fa, na foforo bi nni ha sɛ ɛno. Na Dawid kae sɛ: Ebi nte sɛ ɛno, fa ma me!


Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Doeg sɛ: Wo de, dan wo ho ka asɔfo no. Na Edomni Doeg dan ne ho na ɔkaa asɔfo no kum mmarima aduɔwɔtwe anum a wɔhyɛ nwera asɔfotade no da no ara.


Na Ahimelek ba Abiatar reguan akɔ Dawid nkyɛn Keila no, na okura asɔfotade, na ɔde sian kɔe.


Na Dawid huu sɛ Saul rebɔ ne ho pɔw bɔne no, ɔka kyerɛɛ ɔsɔfo Abiatar sɛ: Fa asɔfotade no bra.


Na Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfo Ahimelek ba Abiatar sɛ: Fa asɔfotade no brɛ me. Na Abiatar de asɔfotade no brɛɛ Dawid.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan