Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 3:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ bio na kɔdɔ ɔbea guamammɔni a ɔyɛ ɔwaresɛefo, sɛ AWURADE dɔ Israel mma na wɔn de, wɔdan kɔ anyame foforo nkyɛn na wɔdɔ bobe aba tetare no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ bio na kɔdɔ ɔbaa dwamammɔni a ɔyɛ ɔwaresɛefoɔ, sɛ AWURADE dɔ Israel mma na wɔn deɛ, wɔdane kɔ anyame foforɔ nkyɛn na wɔdɔ bobe aba taterɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Kɔ na kɔfa wo yere no bio. Fa no san bra wo nkyɛn, na dɔ no. Ɛmfa ho sɛ ɔfoforo bi dɔ no anaa sɛ ɔyɛ ɔwaresɛefo. Dɔ no, sɛnea Awurade da so dɔ Israel, a mpo, nnipa no dan wɔn ho kɔ anyame afoforo nkyɛn, na wɔma wɔn bobe aba tetare no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ bio na kɔdɔ ɔbaa dwamammɔni a ɔyɛ ɔwaresɛefoɔ, sɛ AWURADE dɔ Israel mma na wɔn deɛ, wɔdane kɔ anyame foforɔ nkyɛn na wɔdɔ bobe aba taterɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ na kɔfa wo yere no bio. Fa no sane bra wo nkyɛn, na dɔ no. Ɛmfa ho sɛ ɔfoforɔ bi dɔ no anaa sɛ ɔyɛ ɔwaresɛefoɔ. Dɔ no, sɛdeɛ Awurade da so dɔ Israel a, mpo, nnipa no adane wɔn ho kɔ anyame foforɔ nkyɛn, na wɔma wɔn bobe aba taterɛ no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ bio na kɔdɔ ɔbea guamammɔni a ɔyɛ ɔwaresɛefo, sɛ AWURADE dɔ Israel mma na wɔn de, wɔdan kɔ anyame foforo nkyɛn na wɔdɔ bobe aba tetare no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 3:1
34 Iomraidhean Croise  

Na ɔkyɛɛ ade maa ɔman no nyinaa, Israel man mu no nyinaa, mmarima ne mmea; ɔmaa wɔn mu biara abodoo sebɔw biako ne nankum ne bobe aba tetare. Ɛnna ɔman no nyinaa siim kokɔɔ wɔn afi.


Nanso AWURADE dom wɔn, na ne yam hyehyee no maa wɔn, na ɔdan ne ho kyerɛɛ wɔn, n’apam a ɔne Abraham, Isak ne Yakob pamee no nti, na wampɛ sɛ ɔsɛe wɔn, na wantow wɔn ankyene amfi n’anim de besi nnɛ.


Na ɔkyekyɛɛ Israelfo nyinaa, mmarima ne mmea, obiara abodoo sebɔw ne nankum ne bobe aba tetare.


Nanso wo mmɔborohunu bebree nti, woanwie wɔn ase tɔre, na woannyaw wɔn, efisɛ Onyankopɔn domfo ne mmɔborohunufo ne wo.


Hwɛ, sɛnea nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa ano, sɛ afenaa ani hwɛ n’awuraa nsa ano no, sɛ yɛn ani hwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ne no, kosi sɛ ɔbɛdom yɛn.


Na wotuaa ahema bobɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre; na ɔman no tenaa ase didi nomee, na wɔsɔre gorui.


Momfa bobe aba tetare nwowaw me, momfa akutu aba nnwudwo me, efisɛ meyare ɔdɔ.


Monnan mo ho mmra me nkyɛn na wonnye mo nkwa, mo asase ano nyinaa Na mene Nyankopɔn, na obi nni hɔ bio.


Ampa, sɛ ɔbea twa ne dɔfo nkontompo no, sɛ mo, Israel fi, moatwa me nkontompo ne no, AWURADE asɛm ni.


So Efraim yɛ me dɔ ba? Anaa abotɔyam ba? Dodow ara a mekasa mekyerɛ no yi, nkae ara na meda so mekae no? Ɛno nti na me nsono mu twitwa me, ɔno ho, enti me yam hyehye me ma no, AWURADE asɛm ni.


Anka meyi wo mama sɛ dɛn, O! Efraim, na magyaa wo mu dɛn ara, A! Israel! Anka meyi wo mama sɛ Adma, na mayɛ wo sɛ Seboim! Me koma adan wɔ me mu, Yiw! Mmɔborohunu agye me yam nyinaa.


Na aguaman na wɔn na bɔe, na nea onyinsɛn wɔn no yɛɛ aniwude; na ɔkae sɛ: Medi m’adɔfo akyi; wɔn na wɔma me m’aduan ne me nsu, me guannwi ne m’asaawa, me ngo ne me nsa.


Aguamammɔ ne nsa ne mmorosa sɛe ntease.


Yɛn hene afahyɛ da no, asabow bɔɔ mmapɔmma yare; ɔne afɛwdifo dii nsawɔso.


na wɔda awowa ntama so, afɔremuka nyinaa nkyɛn mu, na wɔnonnom wɔn a wɔadi wɔn kasa nsa, wɔn anyame fi.


wɔnom nsa nkora mu, na wɔde ngohuam sra wɔn ho, nanso Yosef sɛe de ɛnyɛ wɔn yaw.


Na me de, AWURADE na mehwɛ no kwan, mɛtwɛn me nkwagye Nyankopɔn no; me Nyankopɔn betie me.


Enti sɛ Awurade se ni: Mede ayamhyehye madan m’ani makyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wobesi me fi nso, asafo Awurade asɛm ni, na wɔbɛtwe susuhama mu Yerusalem so.


Na Yesu see no sɛ: Damfo, wobaa ha bɛyɛɛ dɛn? Ɛnna wɔbae besusoo Yesu mu kyeree no.


Muntumi nnom Awurade kuruwa ano ne ahonhommɔne kuruwa ano; muntumi nnidi Awurade pon so ne ahonhommɔne pon so.


Afei monnyɛ abosonsomfo sɛnea wɔn mu binom yɛe no, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nkurɔfo no tenaa ase didii, nomee, na wɔsɔre gorui.


Yɛn asetena bere a atwam no, yɛsɛee bere yɛɛ nea amanaman mufo no pɛ, sɛ yɛnantew ahohwi, akɔnnɔ, asabow, agobɔne, didimee ne abosonsom a wokyi mu.


Na woyiyii anyame ananafo no fii wɔn mu, na wɔsom AWURADE; na Israel amanehunu no yɛɛ ne kra ahometew.


Na wofii adi kɔɔ mfuw mu kɔtetew wɔn bobe nturo mu aba na wokyikyii nsa, na wɔtoo anigye nnwom, na wɔkɔɔ wɔn nyame fi, na wodidi nomee, na wɔdomee Abimelek.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan