Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 2:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Ne saa nti mɛsan mabegye m’awi, ne bere mu, ne me nsa, ne bere mu, na mayi me guannwi ne m’asaawa a ɔde kataa n’adagyaw so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Saa nti mɛsane mabɛgye m’ayuo, ne berɛ mu, ne me nsa, ne hyɛberɛ mu, na mayi me dwannwi ne m’asaawa a ɔde kataa n’adagya soɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Enti sɛ mʼaduan no du twabere a mɛfa mʼade, ne me nsa foforo no nso saa ara. Megye me kuntu ne me nwera, a anka mepɛ sɛ ɔde kata nʼadagyaw so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Saa nti mɛsane mabɛgye m’ayuo, ne berɛ mu, ne me nsa, ne hyɛberɛ mu, na mayi me dwannwi ne m’asaawa a ɔde kataa n’adagya soɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Enti, sɛ mʼaduane no duru twaberɛ a mɛfa mʼadeɛ, ne me nsã foforɔ no nso saa ara. Mɛgye me kuntu ne me nwera, a anka mepɛ sɛ ɔde kata nʼadagya so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Ne saa nti mɛsan mabegye m’awi, ne bere mu, ne me nsa, ne bere mu, na mayi me guannwi ne m’asaawa a ɔde kataa n’adagyaw so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 2:9
15 Iomraidhean Croise  

Na hwɛ, wo so na meteɛɛ me nsa, na metew w’aduan a mehyɛe so, na miyii wo memae sɛ w’atamfo, Filistifo mmabea a wɔn ani wuu w’ahohwibɔ ho no pɛ no.


na mede wo mahyɛ wɔn nsa, na wɔadwiriw wo dampan, na wɔaburu wo mpampa, na wɔaworɔw wo ho ntade, na wɔafa wo nnwinne fɛfɛ no, na wɔagyaw wo adagyaw ne kwaterekwa mu,


na wɔbɛworɔw wo ho ntade, na wɔatase wo nnwinne afɛfɛ no.


Na atifi fam hene no bɛsan de asafo yuu a ɛso sen kan de no abegyina hɔ, na mfe bi akyi no, ɔde dɔm kɛse ne ade pii bɛba no so.


na mampa ne ho ntama mamma wanna adagyaw, na mamfa no mansi hɔ sɛ da a wɔwoo no, na manyɛ no sɛ sare so, na mamfa no mansi hɔ sɛ asase kesee, na mamfa osukɔm mankum no.


Na mframa na wogu, na ahum nso na wobetwa; awi a egyina hɔ nni mu; nea efifi no, wɔyam a, wonnya mu siam; sɛ ebi wɔ mu po a, ahɔho na wobedi.


Awiporowbea ne nsa-kyi-amoa renyɛn wɔn, na nsamono no bedi wɔn huammɔ.


Ebia, obi nnim, ɔbɛsakra n’adwene, na wagyaw n’akyi nhyira, a ɛyɛ aduan ayɛyɛde ne ahwiesa a wɔde bɛkyɛ AWURADE mo Nyankopɔn.


Na wɔn ahonyade bɛdan afow ade, na wɔn afi adeda ntuw; wobesisi adan, na wɔrentena mu, na wɔbɛyɛ bobe nturo, na wɔrennom mu nsa.


Sɛ Edom ka se: Wɔapɛtɛw yɛn, nanso yɛbɛsan akɔ akosisi agowagow no a, sɛ asafo Awurade se ni: Wɔn de, wobesisi, na me nso, medwiriw, na wɔafrɛ wɔn sɛ: Abɔnefosɛm hye, ne: Ɔman a Awurade afa wɔn abufuw de akosi daa.


Ɛnna mobɛsan ahu nsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no, no ntam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan