Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 2:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na ɔno de, onnim sɛ me na memaa no awi ne nsa ne ngo, na memaa ne dwetɛ dɔe, ne ne sika a wɔhwere maa Baal no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na ɔno deɛ, na ɔnnim sɛ me na memaa no ayuo ne nsa ne ngo, na memaa ne dwetɛ dɔreeɛ, ne ne sika a wɔhwere maa Baal no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔnkae sɛ me na memaa no aduan, nsa foforo ne ngo, nea ɔmaa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ buu no so ma wɔde kɔsom Baal no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɔno deɛ, na ɔnnim sɛ me na memaa no ayuo ne nsa ne ngo, na memaa ne dwetɛ dɔreeɛ, ne ne sika a wɔhwere maa Baal no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔnnkae sɛ me na memaa no aduane, nsã foforɔ ne ngo, deɛ ɔmaa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ buu no so ma wɔde kɔsom Baal no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na ɔno de, onnim sɛ me na memaa no awi ne nsa ne ngo, na memaa ne dwetɛ dɔe, ne ne sika a wɔhwere maa Baal no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 2:8
27 Iomraidhean Croise  

AWURADE yɛn Nyankopɔn, adekuw yi a yɛasiesie sɛ yɛde rebesi ofi ama wo din kronkron yi nyinaa, wo nsam na efi, na wo na ne nyinaa wɔ wo.


Ɔde ban atwa me kwan mu, na mintumi mensen, na me kwan so aduru sum.


Nantwi nim ne wura, na afurum nim ne wura adididaka, na Israel de, onnim, me man nni ntease.


Wɔn a, wohwie sika fi fotow mu, na wɔde nsenia kari dwetɛ; wɔbɔ sikadwumfo paa sɛ ɔnyɛ no onyame, wɔkotow, na wɔsɔre no.


Mma tase nnyina, na agyanom sɔ ogya, na mmea fɔtɔw mmɔre sɛ wɔreyɛ tetare ama ɔsoro hemmaa no na wɔagu anyame foforo ahwiesa, de yi me abufuw.


na wotenaa nnae a anim yɛ duru so, na ɔpon a wɔatow si w’anim, na wode m’aduhuam ne me ngo sisii so.


Ɔhene Nebukadnesar yɛɛ sika honi a ne tenten si basafa dunum na ne tɛtrɛtɛ si basafa biako ne fa, ɔde sii Dura asasetaw so wɔ Babel asase so.


na woama wo ho so ahyɛ ɔsoro wura, na wɔde ne fi nnwinne aba w’anim, na wo ne w’aberɛmpɔn, wo yerenom ne wo mpenafo anom mu nsa, na woakamfo dwetɛ ne sika, kɔbere, dade, dua ne abo anyame a wonhu na wɔnte na wonnim hwee no, na Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam a w’akwan nyinaa wɔ no de, woanni no ni.


Israel yɛ obobe pa a ɛsow n’aba nso; dodow a n’aba dɔɔso no, dodow no ara na wama afɔremuka nso adɔɔso; n’asase yiye a ɛyɛ nti no, wɔanya ahoni adum asiye nso.


Efraim rekasa a, ɛyɛ hu; ɔmaa ne ho so Israel mu, ɛnna Baal nti, odii so, na owui.


Na afei wɔkɔ so yɛ bɔne, na wɔde wɔn dwetɛ yɛ ogu ahoni ne wɔn nhumu ano adwinhoni; ɛyɛ odwumfo adwuma ara nko. Nnipa a wɔbɔ afɔre kasa kyerɛ wɔn. Wofew anantwi mma ano.


Na aguaman na wɔn na bɔe, na nea onyinsɛn wɔn no yɛɛ aniwude; na ɔkae sɛ: Medi m’adɔfo akyi; wɔn na wɔma me m’aduan ne me nsu, me guannwi ne m’asaawa, me ngo ne me nsa.


Aguamammɔ ne nsa ne mmorosa sɛe ntease.


Wɔn de, wɔasisi ahemfo, na emfi me, wɔasisi mmapɔmma nso, na minnim; wɔn dwetɛ ne wɔn sika, wɔde ayeyɛ ahoni a ɛbɛsɛe wɔn.


Saa nti ɔbɔ n’asawu no afɔre na ɔhyew aduhuam ma ne kyerɛnkyɛ no, efisɛ ɛno na ɛma ne kyɛfa dɔ srade, na n’aduan dɔɔso.


Na anni da bi na ɔba akumaa no boaboaa ne nyinaa ano, na otuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so; ɛhɔ na ɔkɔbɔɔ ahohwi bra sɛee n’ahode nyinaa.


Na sɛnea wɔammu sɛ wobekura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ nea ɛmfata:


na mmom kae AWURADE wo Nyankopɔn, na ɔno na ɔma wo ahoɔden a wode nya wo ho, na wama n’apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no atim sɛ ɛte nnɛ yi.


Na wofii adi kɔɔ mfuw mu kɔtetew wɔn bobe nturo mu aba na wokyikyii nsa, na wɔtoo anigye nnwom, na wɔkɔɔ wɔn nyame fi, na wodidi nomee, na wɔdomee Abimelek.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan