Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 2:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na obetiw n’adɔfo, na ne nsa renka wɔn, na ɔbɛhwehwɛ wɔn akyi kwan, na ɔrenhu; na ɔbɛka sɛ: Mɛsan m’akyi makɔ me kan kunu no nkyɛn; na ɛno mu na eye ma me sen nnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na ɔbɛti n’adɔfo, na ne nsa renka wɔn, na ɔbɛhwehwɛ wɔn akyiri kwan, na ɔrenhunu; na ɔbɛka sɛ: Mɛsane m’akyiri makɔ me kane kunu no nkyɛn; na ɛno mu na ɛyɛ ma me sene afei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Obetiw nʼadɔfo, nanso ɔrento wɔn; ɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso ɔrenhu wɔn. Afei, ɔbɛka se, ‘Mɛsan akɔ me kunu nkyɛn, te sɛ kan no, efisɛ, saa bere no na eye ma me sen mprempren.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na ɔbɛti n’adɔfo, na ne nsa renka wɔn, na ɔbɛhwehwɛ wɔn akyiri kwan, na ɔrenhunu; na ɔbɛka sɛ: Mɛsane m’akyiri makɔ me kane kunu no nkyɛn; na ɛno mu na ɛyɛ ma me sene afei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔbɛti nʼadɔfoɔ nanso ɔrento wɔn; ɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso ɔrenhunu wɔn. Afei, ɔbɛka sɛ, ‘Mɛsane akɔ me kunu nkyɛn, te sɛ kane no, ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na ɛyɛ ma me sene seesei.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na obetiw n’adɔfo, na ne nsa renka wɔn, na ɔbɛhwehwɛ wɔn akyi kwan, na ɔrenhu; na ɔbɛka sɛ: Mɛsan m’akyi makɔ me kan kunu no nkyɛn; na ɛno mu na eye ma me sen nnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 2:7
41 Iomraidhean Croise  

na ɔbɔɔ afɔre maa Damasko anyame a wɔkaa no gui no, na ɔkae sɛ: Siria ahene no anyame na wɔboa wɔn nti, wɔn na mɛbɔ wɔn afɔre na wɔaboa me. Nso wɔn na wɔyeyɛɛ ɔno ne Israel nyinaa hintidua.


Me kra, san kɔ wo home mu, na AWURADE ne wo adi no yiye.


na mokae sɛ: Daabi, na apɔnkɔ so na yɛbɛtena aguan. Enti aguan na mubeguan! Na mmoa ahoɔharefo so na yɛbɛtena akɔ. Enti wɔn a wotiw mo no ho bɛyɛ hare!


So amanaman ahuhude no mu bi wɔ hɔ a wɔma osu tɔ? Anaasɛ ɔsoro betumi ama obosu apete? So ɛnyɛ wo, AWURADE, yɛn Nyankopɔn? Wo na yɛhwɛ wo kwan ara, efisɛ wo ara na woayɛ eyinom nyinaa.


Kɔ na kɔpae mu gu Yerusalem asom sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Mekae wo mmabaabere mu adɔe, w’ayeforobere mu dɔ no, m’akyi a wudii wɔ sare so, wɔ asase a wonnua so ade no so,


Na ɛhe na w’anyame a woyɛ fae no wɔ? Ma wɔnsɔre, sɛ wobegye wo w’amanehunu bere mu anaa? Na sɛ wo nkurow dodow te no, saa ara na w’anyame nso dodow te, o Yuda!


Hwɛ sɛnea wonennam kwa dannan wo kwan! Misraim ho nso w’ani bewu, sɛnea w’ani wui Asaria ho no.


Wose: Sɛ ɔbarima bi ko ne yere, na ofi ne nkyɛn kɔyɛ ɔbarima foforo de a, so ɔbɛsan aba ne nkyɛn bio anaa? Anka ɛnyɛ efi na ɛbɛka asase no anaa? Na wo de wo ne adɔfo pii abɔ aguaman de, nanso san bra me nkyɛn! AWURADE asɛm ni.


Ɔte na mate mmom, sɛ Efraim redi nkɔmmɔ sɛ: Woatwe m’aso, na m’aso asotwe mu, na mete sɛ nantwi ba a onnim hwee: Dan me bra, ma mensan mmra, na wo, AWURADE, ne me Nyankopɔn.


Ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pamee da a misusoo wɔn nsa miyii wɔn fii Misraim asase so a wɔn de, wobubuu m’apam bere a meyɛ wɔn wura no, AWURADE asɛm ni.


na mmom yɛbɛyɛ biribiara a efi yɛn anom, sɛ yɛbɛhyew aduhuam ama ɔsoro hemmaa no, na yɛahwie ahwiesa ama no sɛnea yɛn ne yɛn agyanom, yɛn ahene ne yɛn asafohene yɛe, Yuda nkurow ne Yerusalem mmorɔn so a aduan meemee yɛn na yedii yiye na yɛanhu bɔne bi no.


na wode wo nkyeremu ntade kataa wɔn ho, na wode me ngo ne m’aduhuam sisii wɔn anim;


Na mebetwaa wo ho na mihuu wo, na hwɛ, ɛyɛ wo bere, ɔdɔ bere; na mede me ntaban metrɛw wo so, na mekataa w’adagyaw so, na mekaa wo ntam, na me ne wo yɛɛ apam, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, na woyɛɛ me de.


Na nea ɛba mo adwene mu no, ɛrenyɛ oo! Nea moka sɛ: Yɛbɛyɛ sɛ amanaman no, sɛ nsaase so mmusua no, na yɛasom dua ne ɔbo no.


N’ani beree Asiriafo, amradofo ne mmakoma a wɔbae bɛbɛn no no, wɔhyehyɛ ntade a eye, wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, mmerante a wɔn ho yɛ fɛ ara nko.


Ɛno nti, Oholiba, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merehwanyan w’adɔfo mahyɛ wo, wɔn a wo kra atew ne ho afi wɔn ho no, na mahyia wɔn afi mmaa nyinaa aba wo so.


Na wɔn din ne: Ɔpanyin no, Ohola, ase ne: Ne ntamadan, ne ne nua Oholiba, ase ne: Me ntamadan wɔ ne mu; na wɔyeyɛɛ me de, na wɔwoo mmabanin ne mmabea. Na wɔn din no: Samaria ne Ohola, na Yerusalem ne Oholiba.


Awɛmfo agyina so na asɛm yi gyinae, na akronkronfo asɛm so na ade yi si, nea ɛbɛyɛ na ateasefo ahu sɛ: Nea ɔwɔ ɔsorosoro na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na ɔde nnipa mu hobrɛasefo si so.


Wobetu wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa atena, na wɔama woawe wura sɛ anantwi, na ɔsoro bosu afɔw wo, na mmere nson atwa wo ti so, akosi sɛ wubehu sɛ ɔsorosoroni no di nnipa ne ahenni so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.


na wɔbɛpam wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa akɔtena, na wɔama woawe wura sɛ anantwi na mmere nson atwa wo ti so, de akosi sɛ wubehu sɛ ɔsorosoroni no na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma nea ɔpɛ no.


na wɔpam no fii nnipa mma mu, na ne koma yɛe sɛ mmoa de, na ɔne sare so mfurum tenae, wɔma ɔwee wura sɛ anantwi, na ɔsoro bosu fɔw ne honam, kosii sɛ ohui sɛ ɔsorosoro Nyankopɔn na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde obiara a ɔpɛ si so.


Mfiase a AWURADE ne Hosea kasae no, AWURADE ka kyerɛɛ Hosea sɛ: Kɔ na kɔfa ɔbaa aguaman ne aguamammɔ mma, na aguaman na asase no afi AWURADE akyi rebɔ.


Bere a wonyaa adidibea pa no, wɔmee, wɔmee nti wɔn koma maa ne ho so, enti wɔn werɛ fii me.


Israel, san bra AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn; na w’amumɔyɛ nti woahwe ase.


Na ɛda no, AWURADE asɛm ni, wobɛfrɛ me sɛ: Ishi ase ne sɛ: Me kunu! Na woremfrɛ me sɛ: Balim a ase ne sɛ: Me Baal bio.


Bere a Efraim huu ne yare, na Yuda huu ne kuru; na Efraim siim kɔɔ Asiria, na ɔsoma kɔɔ ɔhene Yareb nkyɛn; na ɔno nso, ɔrentumi nsa mo yare, na ɔrenkum mo ho kuru.


Mɛkɔ, mɛsan makɔ me baabi, akosi sɛ ɛbɛka wɔn ani na wɔabɛhwehwɛ m’anim; wɔn ho hia wɔn a, wɔbɛhwehwɛ me ntɛm.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan