Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 2:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na aguaman na wɔn na bɔe, na nea onyinsɛn wɔn no yɛɛ aniwude; na ɔkae sɛ: Medi m’adɔfo akyi; wɔn na wɔma me m’aduan ne me nsu, me guannwi ne m’asaawa, me ngo ne me nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na adwaman na wɔn na bɔeɛ, na deɛ ɔnyinsɛnee wɔn no yɛɛ aniwudeɛ; na ɔkaa sɛ: Mɛdi m’adɔfo akyi; wɔn na wɔma me m’aduane ne me nsuo, me dwannwi ne m’asaawa, me ngo ne me nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔn na anyɛ ɔnokwafo na onyinsɛnee wɔn wɔ animguase mu. Ɔkae se, ‘Medi mʼadɔfo akyi, wɔn a wɔma me aduan ne nsu, ne kuntu ne nwera, ngo ne nsa.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Na adwaman na wɔn na bɔeɛ, na deɛ ɔnyinsɛnee wɔn no yɛɛ aniwudeɛ; na ɔkaa sɛ: Mɛdi m’adɔfo akyi; wɔn na wɔma me m’aduane ne me nsuo, me dwannwi ne m’asaawa, me ngo ne me nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔn maame anyɛ ɔnokwafoɔ na ɔnyinsɛnee wɔn wɔ animguaseɛ mu. Ɔkaa sɛ, ‘Mɛdi mʼadɔfoɔ akyi, wɔn a wɔma me aduane ne nsuo, ne kuntu ne nwera, ngo ne nsã.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na aguaman na wɔn na bɔe, na nea onyinsɛn wɔn no yɛɛ aniwude; na ɔkae sɛ: Medi m’adɔfo akyi; wɔn na wɔma me m’aduan ne me nsu, me guannwi ne m’asaawa, me ngo ne me nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 2:5
33 Iomraidhean Croise  

Ɛdɛn na kurow nokwafo adan aguaman yi? Nea anka kan atemmu ayɛ no ma, na trenee nso te mu, na afei de, awudifo nko!


Sɛ AWURADE se ni: Ɛhe ara na mo maame awaregyae nhoma a mede mekoo no no wɔ? Anaasɛ m’akafo mu hena na metɔn mo memaa no? Hwɛ, mo amumɔyɛ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔako mo maame.


Na sɛ wo nkurow dodow te no, sɛ w’anyame nso dodow te nen, O Yuda; na sɛ Yerusalem mmorɔn dodow te no, saa ara na moasisi afɔremuka ama aniwude, afɔremuka a wɔhyew so aduhuam ma Baal.


Na sɛ woka wo koma mu sɛ: Ɛdɛn nti na eyinom ato me yi a, w’amumɔyɛ bebree nti na wɔayi w’atade nhyɛase adi, wɔahyɛ wo nantin yaw.


Na wufi teteete na wububuu wo kɔndua tetew wo nkyehama mu, na wokae sɛ: Merensom. Efisɛ nkoko a ɛkorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase na woda bɔ aguaman.


Yerusalem, ma wɔnteɛ wo so, na me kra antwe amfi wo ho, na mamma woannan amamfo, asase a obiara nte so.


Ɛno nti, aguaman, tie AWURADE asɛm!


na mede wo mahyɛ wɔn nsa, na wɔadwiriw wo dampan, na wɔaburu wo mpampa, na wɔaworɔw wo ho ntade, na wɔafa wo nnwinne fɛfɛ no, na wɔagyaw wo adagyaw ne kwaterekwa mu,


Na w’awo mu de, da a wɔwoo wo no, wɔantwa wo funuma, na wɔamfa nsu anguare wo amma wo ho amfi, nkyene nso wɔamfa ansra wo, na wɔamfa ntamawa ankyekyere wo;


Mfiase a AWURADE ne Hosea kasae no, AWURADE ka kyerɛɛ Hosea sɛ: Kɔ na kɔfa ɔbaa aguaman ne aguamammɔ mma, na aguaman na asase no afi AWURADE akyi rebɔ.


Mo ne mo na nham, monham; na ɔno de, ɔnyɛ me yere, na me nso menyɛ ne kunu, na onyi n’aguamammɔ no mfi n’anim ne n’awaresɛe no mfi ne nufu ntam,


Na ɔno de, onnim sɛ me na memaa no awi ne nsa ne ngo, na memaa ne dwetɛ dɔe, ne ne sika a wɔhwere maa Baal no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ bio na kɔdɔ ɔbea guamammɔni a ɔyɛ ɔwaresɛefo, sɛ AWURADE dɔ Israel mma na wɔn de, wɔdan kɔ anyame foforo nkyɛn na wɔdɔ bobe aba tetare no.


Enti wubehintiw awia, na odiyifo nso ne wo behintiw anadwo, na metwa wo nna akyene.


Na wɔn de, wɔaforo kɔ Asiria; wuram afurum a ne nko atew ne ho; Efraim abobɔ adɔfo paa.


Mihuu Israel sɛ sare so bobe aba, mihuu mo agyanom sɛ borɔdɔmakan, ne bere a edi kan mu; nanso wɔkɔɔ Baal-peor nkyɛn, na wodwiraa wɔn ho de maa aniwude, na wɔn ho yɛɛ nwini sɛ nneɛma a wɔpɛe no ara.


Ɛda no, osukɔm nti mmabaa a wɔn ho yɛ fɛ ne mmerante bɛtotɔ piti,


Na Filistifo asafohene no hyiae sɛ wɔbɛbɔ afɔre kɛse ama wɔn nyame Dagon na wɔagye wɔn ani; na wose: Yɛn nyame de yɛn tamfo Samson ahyɛ yɛn nsa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan