Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 2:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na merenhu ne mma mmɔbɔ, na aguamammɔ mma ne wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na merenhu ne mma mmɔbɔ, na adwamammɔ mma ne wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Merennɔ ne mma, efisɛ wɔyɛ aguaman mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na merenhu ne mma mmɔbɔ, na adwamammɔ mma ne wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Merennɔ ne mma, ɛfiri sɛ wɔyɛ adwaman mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na merenhu ne mma mmɔbɔ, na aguamammɔ mma ne wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 2:4
17 Iomraidhean Croise  

Na Yoram huu Yehu no, ɔkae sɛ: Yehu, asomdwoe so anaa? Na ose: Asomdwoe bɛyɛ dɛn aba, bere a wo na Yesebel aguamammɔ ne n’abayigoru bebree no rekɔ so yi?


Sɛ ne mmobaa no guan a, wobubu, mmea bɛpɛ kɔsɔ gya; na wɔyɛ ɔman a wonni nhumu, enti wɔn yɛfo no yam nhyehye no mma wɔn, na nea ɔnwenee wɔn no nhu wɔn mmɔbɔ.


Sɛ AWURADE se ni: Ɛhe ara na mo maame awaregyae nhoma a mede mekoo no no wɔ? Anaasɛ m’akafo mu hena na metɔn mo memaa no? Hwɛ, mo amumɔyɛ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔako mo maame.


Na mo de, muntwiw mmra ha, ɔbeabayifo mma, ɔwaresɛefo ne aguaman asefo.


Na mede wɔn mɛbobɔ wɔn yɔnkonom, agyanom ne mma nyinaa, AWURADE asɛm ni; merenkyɛe wɔn so, na merenhu wɔn mmɔbɔ, na me yam renhyehye me a enti merensɛe wɔn.


Na sɛ AWURADE se ni: Nhyɛn ofi a wosu mu mu, na nkɔ ayi ase na nnyam wɔn, efisɛ mayi m’asomdwoe afi ɔman yi so, AWURADE asɛm ni, mayi adɔe ne mmɔborohunu.


Na mede me ninkuntwe mɛsa wo, na wɔne wo adi no anibere so, wobetwitwa wo hwene ne w’aso, na wo mu nkae bɛtotɔ nkrante ano; wɔn na wɔbɛfa wo mmabanin ne wo mmabea akɔ, na wɔde ogya ahyew w’ade a ɛbɛka akyiri,


Na me nso, medi no anibere so; m’aniwa renkyɛe so, na merenhu mmɔbɔ; na wɔde nne kɛse besu agu m’asom de, nanso merentie wɔn.


Enti me nso m’aniwa renkyɛe so, na merenhu mmɔbɔ; mede wɔn kwan mebua wɔn atifi.


Mfiase a AWURADE ne Hosea kasae no, AWURADE ka kyerɛɛ Hosea sɛ: Kɔ na kɔfa ɔbaa aguaman ne aguamammɔ mma, na aguaman na asase no afi AWURADE akyi rebɔ.


Na onyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabea; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Lo-ruhama ase ne: Nea wɔanhu no mmɔbɔ, na merenna so minhu Israel fi mmɔbɔ, na meremfa menkyɛ wɔn bio.


Wɔatwa AWURADE nkontompo, na wɔawowo ananafo mma; afei ɔsram foforo bɛmene wɔn ne wɔn nsase.


Ɛnna Awurade bɔfo no buae sɛ: Asafo Awurade, enkosi da bɛn na wo yam renhyehye wo mma Yerusalem ne Yuda nkurow a wo bo ahuru ahyɛ wɔn mfirihyia aduɔsɔn ni no?


Moyɛ mo agya nnwuma. Ɛnna wosee no sɛ: Wɔanwo yɛn aguamammɔ mu; Agya biako na yɛwɔ, ɔne Nyankopɔn.


Enti hwɛ Onyankopɔn ayamye ne ne denyɛ! Ɔne wɔn a wɔahwehwe ase no dii no dennennen so, na wo de, Onyankopɔn kyerɛ ne ayamye no wɔ wo so, nanso gye sɛ wotena saa ayamye no mu ara; anyɛ saa a, wobetwa wo nso akyene.


Ɛnne na nea ɔpɛ na ohu no mmɔbɔ, na nea ɔpɛ na ɔma ne koma yɛ den.


Na mmɔborohunu nni atemmu mu mma nea wanhu mmɔbɔ, na mmɔborohunu hoahoa ne ho di atemmu so nim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan