Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 2:3 - KYERƐW KRONKRON

3 na mampa ne ho ntama mamma wanna adagyaw, na mamfa no mansi hɔ sɛ da a wɔwoo no, na manyɛ no sɛ sare so, na mamfa no mansi hɔ sɛ asase kesee, na mamfa osukɔm mankum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 na mampa ne ho ntoma mamma no anna adagya, na mamfa no mansi hɔ sɛ da a wɔwoo no, na manyɛ no sɛ ɛserɛ so, na mamfa no mansi hɔ sɛ asase pɛsɛɛ, na mamfa sukɔm anku no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Anyɛ saa a mɛpa ne ho ntama na wada adagyaw te sɛ da a wɔwoo no no; mɛma wayɛ sɛ nweatam, mɛdan no asase a awo wosee na mama osukɔm akum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 na mampa ne ho ntoma mamma no anna adagya, na mamfa no mansi hɔ sɛ da a wɔwoo no, na manyɛ no sɛ ɛserɛ so, na mamfa no mansi hɔ sɛ asase pɛsɛɛ, na mamfa sukɔm anku no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Anyɛ saa a mɛpa ne ho ntoma na wada adagya te sɛ ɛda a wɔwoo no; mɛma wayɛ sɛ anweatam, mɛdane no asase a awo wesee na mama osukɔm akum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 na mampa ne ho ntama mamma wanna adagyaw, na mamfa no mansi hɔ sɛ da a wɔwoo no, na manyɛ no sɛ sare so, na mamfa no mansi hɔ sɛ asase kesee, na mamfa osukɔm mankum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 2:3
27 Iomraidhean Croise  

Nanso osukɔm dee ɔman no wɔ hɔ; na ɔman no nwiinwii hyɛɛ Mose kae sɛ: Ɛdɛn nti na wuyii yɛn fii Misraim sɛ wode osukɔm rebekum yɛn ne yɛn mma ne yɛn mmoa yi?


Asase redi nkɔmmɔ, akisa; Lebanon ani awu, na aguan koraa; Saron adan anweatam, Basan ne Karmel so nhaban apo.


W’adagyaw bɛda adi, na wɔahu w’ahohora. Metɔ were, na merenkyɛe onipa so.


Wo kronkronyɛ nkurow adan sare so, Sion adan sare so, Yerusalem ayɛ akurofo.


Mmoahwɛfo pii asɛe me bobeturo atiatia me kyɛfa so, wɔadan me kyɛfa fɛfɛ no ayɛ no sare pradada;


Na sɛ woka wo koma mu sɛ: Ɛdɛn nti na eyinom ato me yi a, w’amumɔyɛ bebree nti na wɔayi w’atade nhyɛase adi, wɔahyɛ wo nantin yaw.


Na m’ankasa nso meyi w’atade nhyɛase mabua w’ani so, na wɔahu w’ahohora no.


Na wɔn mu atitiriw soma nkumaa no nsusaw; wɔba nsubon ano, wonnya nsu; wɔde wɔn nhina hunu san ba, wɔn ani awuwu, wɔn anim agu ase, wɔkatakata wɔn ti.


Na ɔbɛyɛ sɛ dua kwatikwati anwea pradada so, na ɔrenhu sɛ papa reba, na ɔbɛtena sare so nkyerekyerewa so ne nkyene asase a obi nte so so.


Mo nnɛ mma, monhwɛ AWURADE asɛm. So madan Israel sare so anaa asase a aduru sum kabii? Ɛdɛn nti na me man ka sɛ: Yɛato yɛn ho sraha, yɛremma wo nkyɛn bio?


Na wɔanka sɛ: AWURADE wɔ he? Nea oyii yɛn fii Misraim asase so no, na ɔma yɛfaa sare so, na ɔma yɛfaa anwea ne abon asase so, keseeyɛ ne sum kabii asase so, asase a obi mfa so na onipa bi nte hɔ so no!


Na sɛ AWURADE ka Yuda hene fi ho ni: Anka mote sɛ Gilead ma me, ne Lebanon nkoko atifi, nanso mɛdan wo anwea pradada so, ne nkurow a wɔnte mu!


Mehwɛe, na hwɛ, mfuw adannan anwea pradada, na ɛso nkurow nyinaa abubu, AWURADE anim n’abufuw a emu yɛ hyew no anim.


Ne nkurow adannan amamfo, asase kesee ne nkyerekyerewa, asase a obiara nte so na onipa ba biara mfa so.


Na Israel ne Yuda Nyankopɔn no, asafo AWURADE no, ne ne nkurɔfo wɔ hɔ, ɛwom sɛ asase no afom, Israel kronkronni no anim.


Na w’akyide ne w’aguamanneyɛe nyinaa mu no woankae wo mmabaabere nna no a wonam adagyaw ne kwaterekwa bɔ wo ho adapaa, wo mogya mu no.


Na afei wɔatɛw no sare so, asase kesee a edi sukɔm so;


Na ɔbɛsow aba ne nuanom mu. Apuei ahum betu, AWURADE mframa fi sare so bɛbɔ, na n’asubura mu ayow, na ne nsuaniwa to atwa; ɔno na ɔbɛfom adekoradan mu mfɛfɛwade nyinaa.


Na afei meyi n’agyimisɛm adi, n’adɔfo anim, na obiara renyi no mfi me nsam.


Na mmɛn du a wuhui no, ne aboa no, wɔn na wɔbɛtan oguamammɔfo no, na wɔayɛ no pasaa, na wada adagyaw, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahyew no.


Na osukɔm dee no sɛ, na osu frɛɛ AWURADE sɛ: Wo na wode ogye kɛse yi ahyɛ w’akoa nsa, na afei osukɔm rekum me, na mahwe momonotofo nsam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan