Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 2:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Mo ne mo na nham, monham; na ɔno de, ɔnyɛ me yere, na me nso menyɛ ne kunu, na onyi n’aguamammɔ no mfi n’anim ne n’awaresɛe no mfi ne nufu ntam,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Mo ne mo na nkasa, monkasa, na ɔno deɛ, ɔnyɛ me yere, na me nso menyɛ ne kunu, na ɔnyi n’adwamammɔ no mfiri n’anim ne n’awaresɛeɛ no mfiri ne nufoɔ ntam,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Ka wo na anim, ka nʼanim, na ɔnyɛ me yere na menyɛ ne kunu. Ma ɔnsesa nʼanim a ayɛ aguaman anim no na onnyae awaresɛe a ɔde ne nufu yɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Mo ne mo na nkasa, monkasa, na ɔno deɛ, ɔnyɛ me yere, na me nso menyɛ ne kunu, na ɔnyi n’adwamammɔ no mfiri n’anim ne n’awaresɛeɛ no mfiri ne nufoɔ ntam,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Ka wo maame anim, ka nʼanim, na ɔnnyɛ me yere na mennyɛ ne kunu. Ma ɔnsesa nʼanim a ayɛ adwaman anim no na ɔnnyae awaresɛeɛ a ɔde ne nufu yɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Mo ne mo na nham, monham; na ɔno de, ɔnyɛ me yere, na me nso menyɛ ne kunu, na onyi n’aguamammɔ no mfi n’anim ne n’awaresɛe no mfi ne nufu ntam,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 2:2
22 Iomraidhean Croise  

Na wama amanaman no nsɛnkyerɛnne, na wapɔn Israel asesafo aboa ano, na wama Yuda nnipa a wɔapete no afi wiase afanan so abehyia.


Sɛ AWURADE se ni: Ɛhe ara na mo maame awaregyae nhoma a mede mekoo no no wɔ? Anaasɛ m’akafo mu hena na metɔn mo memaa no? Hwɛ, mo amumɔyɛ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔako mo maame.


Ma wo nne so teɛm, nnyae, kɔ so; ma wo nne so sɛ torobɛnto, na ka me man mmarato ne Yakob fi bɔne kyerɛ wɔn.


Na ka sɛ: Muntie AWURADE asɛm, Yuda ahemfo ne Yerusalemfo. Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede adebɔne reba ɛha yi a obiara a ɔbɛte no, n’asom bɛyɛ no yɔnn.


Kɔ na kɔpae mu gu Yerusalem asom sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Mekae wo mmabaabere mu adɔe, w’ayeforobere mu dɔ no, m’akyi a wudii wɔ sare so, wɔ asase a wonnua so ade no so,


Wose: Sɛ ɔbarima bi ko ne yere, na ofi ne nkyɛn kɔyɛ ɔbarima foforo de a, so ɔbɛsan aba ne nkyɛn bio anaa? Anka ɛnyɛ efi na ɛbɛka asase no anaa? Na wo de wo ne adɔfo pii abɔ aguaman de, nanso san bra me nkyɛn! AWURADE asɛm ni.


Hu w’amumɔyɛ no nko, sɛ AWURADE wo Nyankopɔn na woafom no, na woabɔ anworaman akɔ ananafo nkyɛn, dua biara a esi frɔmm ase, na me nne de, muntiei, AWURADE asɛm ni.


Nna no mu na Yuda fi ne Israel fi bɛbom anantew, na wɔafi atifi fam asase so aba asase a mede memaa wɔn agyanom dii so no so.


Na wofaa wo mmabanin ne wo mmabea a wowo maa me no de wɔn bobɔɔ afɔre maa wɔn sɛ wonni. So w’aguamammɔ yɛ ade ketewaa,


Akwan nyinaa tia na wotoo wo pampa, na wuhuraa w’ahoɔfɛ no ho, na wobaee w’anan mu maa obiara a ɔsen, na womaa w’aguamammɔ dɔɔso.


So wubebu wɔn atɛn? So wubebu atɛn, onipa ba? Wɔn agyanom akyide na ma wonhu.


Ɛnna mekae nea awaresɛe agurow no no ho sɛ: Afei wɔde n’aguamammɔ no ara bɛbɔ aguaman,


Na mmarima atreneefo na wɔde awaresɛefo atemmu ne mogyakagufo atemmu bebu wɔn atɛn, efisɛ wɔyɛ awaresɛefo, na mogya wɔ wɔn nsam.


Mfiase a AWURADE ne Hosea kasae no, AWURADE ka kyerɛɛ Hosea sɛ: Kɔ na kɔfa ɔbaa aguaman ne aguamammɔ mma, na aguaman na asase no afi AWURADE akyi rebɔ.


Monka nkyerɛ mo nuammarimanom sɛ: Ami ase ne sɛ: Me man! Ne mo nuammeanom sɛ: Ruhama ase ne sɛ: Nea wɔahu no mmɔbɔ!


Na aguaman na wɔn na bɔe, na nea onyinsɛn wɔn no yɛɛ aniwude; na ɔkae sɛ: Medi m’adɔfo akyi; wɔn na wɔma me m’aduan ne me nsu, me guannwi ne m’asaawa, me ngo ne me nsa.


Enti wubehintiw awia, na odiyifo nso ne wo behintiw anadwo, na metwa wo nna akyene.


Otwafo di wɔn anim reforo aba; wɔbɔ kirididi sen fa kurow pon mu, na wɔfa mu fi adi bio; na wɔn hene sen di wɔn anim, na AWURADE di wɔn kan.


Enti afei nnɛ yi, yennim obiara ɔhonam fam; na sɛ yehuu Kristo ɔhonam fam mpo a, afei de, yennim no saa bio.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan