Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 2:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na mɛsɛe ne bobe ne ne borɔdɔma a ɔkae sɛ: M’apɛde a m’adɔfo de maa me no ne no; na mɛyɛ no kwae ma wuram mmoadoma adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na mɛsɛe ne bobe ne ne borɔdɔma a ɔkaa sɛ: Yeinom ne m’apɛdeɛ a m’adɔfoɔ de maa me no ne no; na mɛyɛ no kwaeɛ ama wiram mmoadoma adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Mɛsɛe ne bobe ne borɔdɔma nnua, nea ɔka se nʼadɔfo de tuaa no ka no; mɛyɛ ne nyinaa nkyɛkyerɛ, ama wuram mmoa awe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Na mɛsɛe ne bobe ne ne borɔdɔma a ɔkaa sɛ: Yeinom ne m’apɛdeɛ a m’adɔfoɔ de maa me no ne no; na mɛyɛ no kwaeɛ ama wiram mmoadoma adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Mɛsɛe ne bobe ne borɔdɔma nnua, deɛ ɔka sɛ nʼadɔfoɔ de tuaa no ka no; mɛyɛ ne nyinaa nkyɛkyerɛ, ama wiram mmoa awe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na mɛsɛe ne bobe ne ne borɔdɔma a ɔkae sɛ: M’apɛde a m’adɔfo de maa me no ne no; na mɛyɛ no kwae ma wuram mmoadoma adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 2:12
14 Iomraidhean Croise  

Adɛn nti na woabubu ne ban, ma wɔn a wɔnam kwan so nyinaa tetew no yi?


So ɛnyɛ kakraa bi na aka na Lebanon adan nnuaba turo, na nnuaba turo nso, wɔabu no sɛ kwae?


Na afei merema moahu nea merebɛyɛ me bobeturo no. Meyi ɛho ban, na mmoa adi, mebubu ne fasu, na wɔatiatia so;


Na ɛda no, baabiara a bobe apem a edi nnwetɛbona apem kan wɔ no bɛdan nsɔe ne nnɛnkyɛnse ara nko.


Na m’ankasa nso meyi w’atade nhyɛase mabua w’ani so, na wɔahu w’ahohora no.


Mika a ofi Moreset hyɛɛ nkɔm Yuda hene Hesekia bere so, na ɔka kyerɛɛ Yuda man nyinaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE se ni: Wobefuntum Sion sɛ afuw, na Yerusalem adan afabo akuwakuw, na ofi no bepɔw no adan kwae mu sorɔnsorɔmmea.


Na wobedi wo nnɔbae ne w’aduan a anka wo mmammarima ne wo mmabea bedi, na wobedi wo nguan ne w’anantwi, wobedi wo bobe ne w’aborɔdɔma, na wɔde afoa abobɔ wo nkurow a ɛyɛ den a wode wo ho too so no.


Bere a mɛsesaw wɔn makɔ no, AWURADE asɛm ni, wɔrenhu aba bi obobe ho, anaa borɔdɔma aba bi wɔ borɔdɔma nnua so, na ahaban mpo bɛhyew, na nea mede mama wɔn no befi wɔn nsa.


mɛtow mahyɛ wɔn so sɛ osisi a wɔafa ne mma, na matetew wɔn koko a wɔn koma da mu, na mawe wɔn hɔ sɛ gyatabere; wuram mmoa besunsuane wɔn mu.


Na aguaman na wɔn na bɔe, na nea onyinsɛn wɔn no yɛɛ aniwude; na ɔkae sɛ: Medi m’adɔfo akyi; wɔn na wɔma me m’aduan ne me nsu, me guannwi ne m’asaawa, me ngo ne me nsa.


Na me de, mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim, ne gyataforo ama Yuda fi, m’ankasa na mɛtetew mu makɔ, mɛfa makɔ a ogyefo bi nni hɔ.


Israel, mma w’ani nnnye na nni ahurusi sɛ aman bi, efisɛ woafi wo Nyankopɔn akyi akɔbɔ aguaman, woapɛ apɛde awiporowbea nyinaa so.


Ne saa nti, mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afuw, na Yerusalem adan abo akuakuw, na ofi no bepɔw adan kwae sorɔnsorɔmmea.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan